Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 1/1 kr. 10-11
  • Abraham—Ɔbarima A Ɔwɔ Ɔdɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abraham—Ɔbarima A Ɔwɔ Ɔdɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Frɛɛ No “M’adamfo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Hena Ne Abraham?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Onyankopɔn Sɔ Abraham Gyidi Hwɛ
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Gyidi Ho Sɔhwɛ
    Sua Biribi Fi Bible Mu
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 1/1 kr. 10-11

Abraham—Ɔbarima A Ɔwɔ Ɔdɔ

Awerɛhow hyɛɛ Abraham so, efisɛ na ne dɔfo Sara awu agyaw no. Bere a akora Abraham regyam ne yere no, ɛbɛyɛ sɛ ɔkaakaee nneɛma a ɔbea no te ase no ɔyɛe no bebree. Bere a awerɛhow hyɛɛ ne koma ma no, nusu guu no. (Genesis 23:1, 2) Ade a Abraham yɛe yi nyɛ aniwu koraa. Mmom no, ɛma yehu Abraham suban pa foforo; ɛno ne ɔdɔ.

DƐN NE ƆDƆ? Sɛ yɛka sɛ obi wɔ ɔdɔ a, ɛkyerɛ sɛ ɔne afoforo wɔ ayɔnkofa a emu yɛ den anaa ɔpɛ wɔn asɛm paa. Obi a ɔwɔ ɔdɔ de ne nneyɛe na ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ afoforo. Ɛtɔ mmere bi mpo a ɔde nneɛma pii bɔ afɔre boa afoforo.

DƐN NA ABRAHAM DE KYERƐE SƐ ƆWƆ ƆDƆ? Abraham kyerɛe sɛ ɔdɔ n’abusua. Akyinnye biara nni ho sɛ na Abraham yɛ obi a n’adwuma dɔɔso. Nanso Abraham boaa n’abusua ma wɔsom Onyankopɔn, na onyaa wɔn ho adagyew maa wɔn ani gyei. Yehowa ankasa hui sɛ Abraham yɛ abusua ti a obedi n’abusua anim ma wɔasom no. (Genesis 18:19) Nea ɛkyɛn saa no, Yehowa hyɛɛ da kaa Abraham dɔ ho asɛm. Bere a Onyankopɔn ne Abraham rekasa no, Ɔkaa Isak ho asɛm sɛ, “wo ba koro a wodɔ no.”—Genesis 22:2.

Nea Abraham yɛe wɔ ne dɔfo Sara wu ho no nso ma yehu Abraham dɔ. Abraham suu ne yere. Ɛwom sɛ na Abraham yɛ ɔbarima a ne bo yɛ duru de, nanso wamfɛre sɛ obesu. Abraham akokoduru nyinaa akyi no, ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ atenka nso.

Abraham kyerɛe sɛ ɔdɔ Onyankopɔn. Sɛnea ɔbɔɔ ne bra nyinaa kyerɛ sɛ na ɔdɔ Onyankopɔn ampa. Dɛn na ɛma yehu saa? Yɛbɛkae sɛ Bible ka wɔ 1 Yohane 5:3 sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so.” Yebetumi aka sɛ Abraham yɛɛ Onyankopɔn dɔ ho nhwɛso pa.

Bere biara a Yehowa de ahyɛde bɛma Abraham no, otie no ntɛm ara. (Genesis 12:4; 17:22, 23; 21:12-14; 22:1-3) Sɛ ahyɛde no yɛ den oo, ɛyɛ mmerɛw oo, na Abraham di so a ɔnhwehwɛ nea enti a Yehowa de ahyɛde no ama no. Ná ɛno ho nhia no. Nea ne Nyankopɔn bɛka sɛ ɔnyɛ biara no, na wayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ. Ahyɛde biara a Yehowa de bɛma Abraham no, na obu no sɛ hokwan a ɔde bɛkyerɛ sɛ ɔdɔ Yehowa.

DƐN NA YESUA FI MU? Nea yebetumi de asuasua Abraham ne sɛ yebenya atenka ama afoforo, ne titiriw no yɛn abusuafo. Yɛmpɛ sɛ asetena mu dadwen bɛhyɛ yɛn so ma enti yɛrennya adagyew mma yɛn ho nnipa.

Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn koma nyinaa nso dɔ Yehowa. Ɔdɔ a ɛte saa no betumi aka yɛn asetena paa. Ebetumi aboa yɛn ma yɛayɛ nsakrae wɔ yɛn adwene, yɛn kasa, ne yɛn nneyɛe mu na ama Onyankopɔn ani agye yɛn ho.—1 Petro 1:14-16.

Ɛwom, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebetie Yehowa ahyɛde. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Nea ɔboaa Abraham na ɔfrɛɛ no “m’adamfo” no bɛboa yɛn nso. (Yesaia 41:8) N’Asɛm Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛma moayɛ den.” (1 Petro 5:10) Hwɛ sɛnea Abraham Adamfo a ɔpɛ n’asɛm no bɔhyɛ yi ka koma!

[Adaka wɔ kratafa 11]

Ɛyɛ Ampa sɛ Ɔbarima Nsũ?

Nnipa pii bɛka sɛ yiw. Ebia ɛbɛyɛ wɔn nwonwa sɛ wobehu sɛ ɛnyɛ Abraham nkutoo ne ɔbarima kokodurufo nokwafo a Bible ka ne ho asɛm sɛ osui wɔ ahohia bere mu, na mmom wɔdɔɔso. Mmarima a wosui no bi ne Yosef, Dawid, ɔsomafo Petro, Efeso asafo no mu mpanyimfo, ne Yesu mpo. (Genesis 50:1; 2 Samuel 18:33; Luka 22:61, 62; Yohane 11:35; Asomafo Nnwuma 20:36-38) Bible ma ɛda adi pefee sɛ ɔbarima betumi asũ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena