Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 11/1 kr. 4-5
  • Asɛmmisa 1: Dɛn Nti na Mebaa Wiase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa 1: Dɛn Nti na Mebaa Wiase?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Momma Yɛnyɛ Nneɛma A Mfaso Wɔ So Wɔ Yɛn Asetram
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Asetra Atirimpɔw Ankasa No
    Nyan!—1992
  • Adɛn Nti na Yɛwɔ Wiase?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Adɛn Nti Na Onyankopɔn Bɔɔ Yɛn Baa Wiase?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 11/1 kr. 4-5

Asɛmmisa 1: Dɛn Nti na Mebaa Wiase?

[Kratafa 4 mfonini]

WƆTETEE Rosalind wɔ England na na ɔpɛ adesua paa. Afei nso na ɔpɛ sɛ ɔboa nkurɔfo. Bere a owiee sukuu no, onyaa adwuma pa yɛe; ná ɔboa adedamfikyifo. Ɔsan boaa wɔn a wɔadi dɛm ne wɔn a ɛyɛ den sɛ wobesua ade ate ase. Adwuma pa ne asetena pa a na ɔwom nyinaa akyi no, n’anom asɛm ne sɛ: “Mibisaa me ho mfe pii sɛ, ‘Adɛn nti na yɛwɔ ha? Yɛbɛyɛɛ dɛn wɔ wiase?’”

Adɛn nti na ɛnyɛ mfomso sɛ yebebisa saa asɛm no?

Nnipa nim nyansa; wɔnte sɛ mmoa. Yetumi sua biribi fi nsɛm a atwam mu, yɛfa daakye ho adwene, na yɛhwehwɛ mu hu nea enti a yɛwɔ wiase.

Mmuae bɛn na ebinom ma?

Nnipa bebree adwene yɛ wɔn sɛ ade titiriw a enti wɔwɔ wiase ne sɛ wobenya agyapade anaa anuonyam, na wogye di sɛ ɛno na ɛbɛma wɔanya anigye.

Nea wɔreka no, dɛn na ɛkyerɛ?

Ɛkyerɛ sɛ obiara tumi yɛ nea ɔpɛ. Onyankopɔn apɛde de, ɛho nhia pii.

Dɛn na Bible no kyerɛkyerɛ?

Ɔhene Solomon nyaa ahonyade bebree na ɔyɛɛ nneɛma pii de gyee n’ani nso, nanso saa nneɛma no nyinaa ammoa no amma n’ani annye ahe biara. Ɔkyerɛɛ ade a ɛma obi tumi nya anigye ankasa. Ɔkae sɛ: “Asɛm no awiei, nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro nokware Nyankopɔn no na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne onipa asɛde.” (Ɔsɛnkafo 12:13) Dɛn na yɛyɛ a, ɛkyerɛ sɛ yɛredi Onyankopɔn mmara nsɛm so?

Nea enti a Onyankopɔn bɔɔ yɛn no, biako ne sɛ ɔpɛ sɛ yɛn ani gye wɔ wiase. Solomon kyerɛwee sɛ: “Onipa wɔ hɔ yi, biribi pa bi nni hɔ mma no sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa, ne brɛ mu. Eyi nso mahu, na minim sɛ efi Onyankopɔn nsam.”—Ɔsɛnkafo 2:24.

Ade foforo a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛhwɛ yɛn abusua na yɛadɔ wɔn. Wo de, hwɛ akwankyerɛ a emu da hɔ a ɔde ma obiara wɔ abusua no mu.

  • “Ɛsɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua.”—Efesofo 5:28.

  • “Ɔyere de, onnya obu kɛse mma ne kunu.”—Efesofo 5:33.

  • “Mma, muntie mo awofo asɛm.”—Efesofo 6:1.

Sɛ yɛde saa Bible afotu yi di dwuma a, yebetumi anya anigye ne akomatɔyam sɛnea ɛsɛ. Nanso ade a ɛho hia paa a yebetumi ayɛ ne sɛ yebesua yɛn Bɔfo no ho ade pii na yɛabɛn no sɛ yɛn Adamfo paa. Bible koraa ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛmmɛn Onyankopɔn.’ Ɛsan hyɛ bɔ sɛ: ‘Ɔbɛbɛn yɛn.’ (Yakobo 4:8) Sɛ woyɛ nea Bible aka no a, w’asetena bɛyɛ papa.

Rosalind a yɛafa n’asɛm aka dedaw no, seesei de ɔte nka sɛ n’asetena ayɛ papa. Sɛ wohwɛ nsɛmma nhoma yi kratafa 10 a, wubehu nea ɛboaa no ma ɔsesaa n’adwene.

Sɛ wopɛ sɛ wusua sɛnea wubetumi abɔ wo bra ama Onyankopɔn ani agye no ho ade pii a, hwɛ nhoma wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 12. Wubetumi atwe bi afi Intanɛt so wɔ www.jw.org

Dɛn na Yesu Kae a Ɛma Yehu Nea Enti a Yɛwɔ Wiase?

Ná Yesu nim nea enti a ɔbaa wiase. Ɔkae sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na eyi nti na mebaa wiase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:37) Yesu de ne bere dodow no ara kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo Onyankopɔn atirimpɔw ne ne ho nokwasɛm.

Sɛ yesuasua Yesu a, yɛn asetena bɛyɛ papa. Yesu ankasa mpo kae sɛ yensuasua no. (Mateo 11:29) Ma yɛnhwɛ akwan abien a yebetumi afa so asuasua Yesu.

Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, sɛ yɛn ani begye a, gye sɛ yehu yɛn “honhom mu ahiade.” (Mateo 5:3) Sɛ yehu “nokware Nyankopɔn koro pɛ no,” na yehu nea “[Onyankopɔn] somaa no, Yesu Kristo” nso yiye a, yebetumi anya yɛn honhom mu ahiade.—Yohane 17:3.

Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, nea wɔasua no, wɔn nso wɔnkɔka nkyerɛ nkurɔfo. Ɔkae sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo, mommɔ wɔn asu Agya ne Ɔba ne honhom kronkron din mu, monkyerɛkyerɛ wɔn mma wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ! me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de kosi wiase nhyehyɛe no awiei.”—Mateo 28:19, 20.

Nnipa a wosua Bible na wɔde nea wosua no yɛ adwuma no nya wɔn honhom mu ahiade, na wotumi sesa ma wɔn abrabɔ yɛ papa. Sɛ wofi ase boa nkurɔfo ma wɔn nso sua Onyankopɔn ho ade a, afei wobehu sɛ wɔn asetena ayɛ papa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena