Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 11/1 kr. 7
  • Nokware no Bɛma Woade Wo Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nokware no Bɛma Woade Wo Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Nnipa Ntumi Nnɔ Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nokware—Ɛho Da So Hia Anaa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 11/1 kr. 7

ASƐM A ƐDA SO | ATOSƐM A ƐMMA NNIPA NTUMI MMƐN ONYANKOPƆN

Nokware no Bɛma Woade Wo Ho

Da koro, Yesu kaa n’Agya Yehowa ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo wɔ Yerusalem, na ɔma wohui sɛ nea nyamesom mpanyimfo a wɔwɔ hɔ no rekyerɛkyerɛ no nyɛ nokware. (Yohane 8:12-30) Onyankopɔn ho gyidi a ɛnnɛ nkurɔfo wɔ no, asɛm a ɔkae saa da no kyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so akari ahwɛ. Yesu kae sɛ: “Sɛ motena m’asɛm mu a, na moyɛ m’asuafo ampa, na mubehu nokware no, na nokware no bɛma moade mo ho.”​—Yohane 8:31, 32.

“Motena m’asɛm mu a . . . ” Yesu ama yɛn biribi a yɛde behu sɛ nyamesom nkyerɛkyerɛ bi yɛ “nokware” anaasɛ ɛnyɛ nokware. Sɛ wote Onyankopɔn ho asɛm bi a, bisa wo ho sɛ, ‘Nea mate yi, ɛne Yesu asɛm ne Kyerɛw Kronkron mu nsɛm a aka no hyia anaa?’ Suasua wɔn a wotiee ɔsomafo Paulo no; ná “wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye hwɛ sɛ nsɛm no [kyerɛ sɛ, nneɛma a wɔresua no] te saa anaa.”​—Asomafo Nnwuma 17:11.

Yɛadi kan aka Marco, Rosa, ne Raymonde nyinaa ho asɛm dedaw; wɔn nyinaa gyee bere ne Yehowa Adansefo suaa Bible na wɔhwehwɛɛ wɔn gyidi mu. Dɛn na wohui?

Marco: “Asɛm biara a me ne me yere bisae no, nea ɔne yɛn suaa ade no de Bible maa ne nyinaa ho mmuae. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu yɛɛ den, na me ne me yere ntam yɛɛ kama!”

Rosa: “Kan no, na ɛyɛ me sɛ Bible yɛ nhoma bi a nnipa de wɔn nyansa akyerɛw de rekyerɛ sɛnea Onyankopɔn te. Nanso nkakrankakra, Bible no ma minyaa me nsɛmmisa ho mmuae. Seesei mahu sɛ Yehowa wɔ hɔ paa, na ɔyɛ obi a metumi de me werɛ ahyɛ ne mu.”

Raymonde: “Mebɔɔ mpae srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa me mma minsua ne ho ade. Ankyɛ koraa na me ne me kunu fii ase suaa Bible, na ɛma yehuu Yehowa ho nokwasɛm! Bere a yehuu sɛnea Onyankopɔn te no, yɛn ani gye boroo so.”

Ɛnyɛ atosɛm a ɛfa Onyankopɔn ho nko na Bible ma yehu; ɛka nokwasɛm nso kyerɛ yɛn sɛ ɔwɔ suban pa pii. Bible yɛ n’Asɛm, na ɛboa yɛn ma yehu “nea Onyankopɔn ayi ne yam de ama yɛn.” (1 Korintofo 2:12) Bible tumi bua nsɛmmisa bi a ɛfa Onyankopɔn, n’atirimpɔw ne yɛn daakye ho. Enti adɛn na wo nso wonhwehwɛ mu nhu saa nsɛmmisa no ho mmuae? Kɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org, na hwɛ “Bible Teachings > Bible Questions Answered” ase hɔ, na wubenya nsɛmmisa yi bi ho mmuae. Intanɛt so dwumadibea hɔ ara nso, wubetumi akyerɛ sɛ obi ne wo mmesua Bible anaa wubetumi aka akyerɛ Yehowa Dansefo biara sɛ ɔne wo mmesua ade. Sɛ woyɛ nea yɛaka yi a, yɛwɔ awerɛhyem paa sɛ wubehu Onyankopɔn yiye, na ama woadɔ no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena