Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 6/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Ahyɛ Bɔ Sɛ Asaase Yi Bɛtena Hɔ Daa
    Nyan!—2023
  • Akyɛde A Ɛnsɛe Da A Efi Ɔbɔadeɛ No Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Nsɛm a Ɛwɔ Nyan! Yi Mu
    Nyan!—2023
  • Nnipa Bɛtetew Asase Apansam no Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 6/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Dɛn nti na wɔbɔɔ asase?

Aberante bi redwen abɔde ahorow ahorow a ɛyɛ fɛ ho

Wɔbɔɔ asase no sɛ nnipa ntena so na wɔn ani nnye

Sɛnea asase te nti, abɔde a nkwa wom tumi tena so. Nsu hia ma nkwa, na abu so wɔ asase so. Sɛnea wɔakyea asase no wɔ ahunmu, sɛnea etwa ne ho, ne sɛnea edi owia ho kyinhyia no da ne kwan mu pɛpɛɛpɛ. Ɛnyɛ saa na ɛte a, anka asase so bɛyɛ nwini ara ma ɛpo mpo adan nsukyenee, anaasɛ anka ɛso bɛyɛ hyew ara ma ɛpo awe. Afei nso, wɔayɛ asase no wɔ ɔkwan bi so a, nneɛma bi bɔ ho ban sɛnea akatawia bɔ nnipa ho ban no. Wohwɛ sɛnea nnua, afifide ne mmoa nyinaa, obiara dan ne yɔnko no a, ɛyɛ nwonwa paa. Eyinom nyinaa nti, nnipa pii gye tom sɛ wɔammɔ asase kwa.—Kenkan Yesaia 45:18.

Nanso ebia wubebisa sɛ: ‘Adwene a Onyankopɔn de bɔɔ asase no, amanehunu ne atɛnkyea ka ho bi anaa?’—Kenkan Deuteronomium 32:4, 5.

Nea enti a wɔbɔɔ asase no, ɛbɛba mu anaa?

Wɔyɛɛ asase no sɛ nnipa a wɔdɔ wɔn Bɔfo mfa anigye ntena so na obiara mmu ne yɔnko. Nnipa wɔ adwene; yɛnte sɛ mmoa. Enti yetumi hu nea ɔbɔɔ yɛn no yiye. Afei nso, yetumi hwɛ ne dɔ ne n’atɛntrenee sua no.—Kenkan Ɔsɛnkafo 12:13; Mika 6:8.

Nea yɛn Bɔfo no abɔ ne tirim biara, obetumi ayɛ. Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ, obeyi amanehunu ne atɛnkyea afi hɔ, na wama asase so ayɛ fɛfɛɛfɛ, na nnipa atena so ama wɔn ani agye.—Kenkan Dwom 37:11, 29; Yesaia 55:11.

Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma yi ti 3. Yehowa Adansefo na wotintimii.

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena