Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w14 11/1 kr. 3
  • Satan​—Ɔwɔ Hɔ Ankasa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Satan​—Ɔwɔ Hɔ Ankasa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Monwɛn—Satan Pɛ sɛ Ɔmene Mo!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Satan
    Nyan!—2013
  • Hu Wo Tamfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Sodifo a Wɔwɔ Ahonhom Atrae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
w14 11/1 kr. 3

ASƐM A ƐDA SO | SATAN ƆWƆ HƆ ANKASA?

Satan—Ɔwɔ Hɔ Ankasa?

Adwini bi; ɛyɛ Satan a wɔayɛ no sɛ ɔbɔfo bɔne a wɔabrɛ no ase

Adwini bi a ɛwɔ Spain kurow Madrid. Ɛyɛ Satan a wɔayɛ no sɛ ɔbɔfo bɔne a wɔabrɛ no ase

“El Salvador na menyinii. Saa bere no, sɛ meyɛ asoɔden a, na me maame ka sɛ, ‘Ɔbonsam reba abɛkyere wo!’ Sɛ ɔka saa a, na me nso maka sɛ, ‘Ɔpɛ a, ɔmmra!’ Ná megye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, nanso Satan deɛ, na mennye nni sɛ ɔwɔ hɔ.”​—ROGELIO.

Asɛm a Rogelio kae no, wo ne no yɛ adwene? Nsɛm a ɛdidi so yi, emu nea ɛwɔ he na wohwɛ a, ɛtɔ asom?

  • Yɛka Satan a, ɛnyɛ obi a ɔwɔ hɔ, na mmom nea ɛkyerɛ ara ne bɔne.

  • Satan yɛ obi a ɔwɔ hɔ, nanso nnipa ho asɛm nhia no.

  • Satan yɛ honhom abɔde a ɔwɔ tumi, na ɔwɔ nnipa so tumi paa.

Yɛfa nsɛm yi mu biara a, yɛbɛnya nnipa pii a wɔgye di. Nanso, adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ yɛhaw yɛn ho hwehwɛ nea ɛyɛ nokware? Asɛm no ne sɛ, sɛ obiara nni hɔ a wɔfrɛ no Satan a, ɛnde wɔn a wɔka sɛ ɔwɔ hɔ no redaadaa wɔn ho. Sɛ nso ɛyɛ ampa sɛ Satan wɔ hɔ, na mmom nnipa asɛm mfa ne ho a, ɛnde nnipa pii suro no kwa. Nanso sɛ Satan yɛ ɔdaadaafo a ɔpiapia nnipa ma wɔyɛ nea ɔpɛ a, ɛnde na ne ho yɛ hu sen sɛnea nkurɔfo pii de wɔn adwene bu no.

Ma yɛnhwɛ sɛnea Kyerɛw Kronkron no bua nsɛmmisa a ɛdidi so yi: Yɛka Satan a, nea ɛkyerɛ ne bɔne anaa honhom abɔde a ɔwɔ hɔ ankasa? Sɛ Satan yɛ obi a ɔwɔ hɔ a, ɔbɛtumi ayɛ wo bɔne anaa? Ɔbɛtumi adi wo bɔne a, ɛnde dɛn na wobɛtumi ayɛ abɔ wo ho ban?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena