Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 4/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 4/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAEƐ

Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma nnipa?

Abusua bi a wɔreda ɔdɔ adi akyerɛ maame panin bi a ɔfiri ɔman foforo so

Ɔkwan bɛn so na Yesu wuo no bɛtumi ama adesamma atena ase wɔ asomdwoe mu na obiara adwen ne yɔnko ho?

Nnipa bɛkɔ so ara anya nkɔanim wɔ nyansahu mu. Nanso, wohwɛ a bere bi bɛba a nnipa bɛtumi ama adesamma atena asomdwoe mu a obiara dwen ne yɔnko ho? Dabida. Ɛnnɛ, pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ abu so wɔ wiase baabiara. Nanso, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma nnipa anya asetena pa daakye.​—Kenkan 2 Petro 3:13.

Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, bere bi bɛba a nnipa nyinaa bɛdodɔ wɔn ho. Ehu renka obiara, na obiara nso renteetee ne yɔnko wɔ hɔ.​—Kenkan Mika 4:3, 4.

Ɛbɛyɛ dɛn na pɛsɛmenkominya afi hɔ?

Onyankopɔn bɔɔ onipa no, wamfa pɛsɛmenkominya anhyɛ ne mu. Nanso bere a onipa a ɔdi kan no hyɛɛ da yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden no, ɔbɛyɛɛ ɔbɔnefo. Enti ɔno na ɔde pɛsɛmenkominya woo yɛn. Nanso anigyesɛm ne sɛ, Onyankopɔn nam Yesu so bɛma nnipa asan ayɛ pɛ a bɔne biara nni wɔn ho.​—Kenkan Romafoɔ 7:21, 24, 25.

Onyankopɔn maa Yesu bɛwu gyee yɛn nkwa. Enti bɔne a yɛn nana a ɔdi kan no yɛe no renni yɛn so tumi bio. (Romafoɔ 5:19) Yesu wuo no ama nnipa anya daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye. Saa bere no, nnipa renyɛ pɛsɛmenkominya na wɔrenyɛ bɔne nso bio.​—Kenkan Dwom 37:9-11.

Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nwoma yi ti 5. Yehowa Adansefoɔ na wɔtintimiiɛ

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena