Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 7/1 kr. 15
  • So Wonim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wonim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Na Wɔyam Awi De Yɛ Paanoo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • So Wotwɛre Wo Se?
    Nyan!—1998
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 7/1 kr. 15

SO WONIM?

Tete no sɛn na na wɔde owiyammo di dwuma?

Ná wɔde owiyammo yam awi (ayuo) anaa atoko ma wɔde yɛ paanoo. Ná mmaa anaa nkoa de owiyammo di dwuma da biara da wɔ fie. Enti tete no, na owiyammo nnyigyei mpa ofie biara mu.—Exodus 11:5; Yeremia 25:10.

Egypt mfonini bi a obi de ne nsa reyam ade wɔ owiyammo so

Mfonini ne ahoni ahorow a efi tete Egypt no ma yɛhu sɛnea na wɔde owiyammo di dwuma no yie. Ná wɔde awi anaa atoko no gu ɛboɔ a ɛso trɛw na abɔ kɔ mu kakra so. Afei nea ɔreyam ade no bu nkotodwe, na ɔde ne nsa mmienu nyinaa sɔ ɛboɔ ketewaa bi a wɔde yam ade mu de yam awi anaa atoko no. Sɛnea nwoma bi kyerɛ no, na saa ɛboɔ no mu duru bɛyɛ sɛ kilogram mmienu anaa nnan. Sɛ na wɔde owiyammo di dwuma sɛ akode a, na ɛyɛ hu paa.—Atemmufoɔ 9:50-54.

Mpɛn pii no, sɛ na abusua bi bɛyɛ aduane a gye sɛ wɔyam, enti Bible baraa sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde owiyammo si awowa. Deuteronomium 24:6 ka sɛ: “Obiara nnnye oyuyammoɔ anaa ɛboɔ a ɛda soɔ no awowa. Sɛ ɔyɛ saa a, ɛyɛ ɔkra na wagye no awowa no.”

Dɛn na asɛm “ɔda no kokom” no kyerɛ?

Ɔsomafo Yohane twere Yesu kokom wɔ Twam a ɛtwa to no ase

Bible no ka sɛ Yesu ‘da Agya no kokom.’ (Yohane 1:18) Saa asɛm no ma yɛhu sɛ Yesu ne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ soronko bi na ɔwɔ n’anim dom. Saa asɛm no ma yɛkae ade a na Yudafo no taa yɛ bere a wɔredidi no.

Wɔ Yesu bere so no, sɛ na Yudafo rebɛdidi a, na wɔde nkonnwa twa didipon ho hyia. Afei wɔn mu biara tena ase de ne ti kyerɛ didipon no, na ɔtwe ne nan mu kɔ n’akyi. Ɛno akyi no, ɔde ne nsa benkum twere akonnwa no. Sɛ obi tena hɔ saa a, ɛma ne nsa nifa no da hɔ kwa. Esiane sɛ na wɔn a wɔrebɛdidi no nyinaa twere wɔn nsa benkum so, na wɔte hɔ nnidiso nnidiso nti, nwoma bi ka sɛ “na obiara ti bɛn nea ɔtoa no so no kokom. Ɛno nti, na wɔbɛtumi aka sɛ ‘ɔda ne yɔnko no kokom.’”

Sɛ obi to pon na ɔto nsa frɛ wo a, na ɛyɛ hokwan kɛse sɛ ɔde wo bɛtwere ne kokom anaa wobɛtwere abusua ti no kokom. Enti bere a na Yesu redi Twam a etwa to no, ɔsomafo Yohane, “osuani a na Yesu dɔ no no” na na ɔtwere Yesu kokom.’ Ɛno nti, na Yohane bɛtumi ‘atwere Yesu kokom’ abisa no asɛm.—Yohane 13:23-25; 21:20.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena