Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 9/1 kr. 7
  • Dɛn Nti na Yɛka Asɛmpa No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Yɛka Asɛmpa No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmoa Foforo Ma Abusua No
    Nyan!—2018
  • Ɛhe na Yebenya Nsɛmmisa a Ɛho Hia Paa no ho Mmuae?
    Ɛhe na Yebenya Nsɛmmisa a Ɛho Hia Paa no ho Mmuae?
  • Ma Obi Mmoa Wo na Te Bible no Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛde JW.ORG Bedi Dwuma
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 9/1 kr. 7
Yehowa Adansefo mmienu reka asɛmpa no wɔ mpɔtam bi

ASƐM A ƐDA SO | HWANNOM NE YEHOWA ADANSEFO?

Dɛn Nti na Yɛka Asɛmpa No?

Ebia asɛmpaka adwuma a yɛyɛ no na ɛma yɛda nsow koraa wɔ ɔsom afoforo ho. Yɛka asɛm no wɔ afie afie, badwam, ne baabiara a yɛbɛhu nnipa. Dɛn nti na yɛka asɛm no?

Yehowa Adansefo ka asɛm no de hyɛ Onyankopɔn anuonyam, na yɛma nkurɔfo hu ne din no. (Hebrifoɔ 13:15) Afei nso, yɛpɛ sɛ yɛdi ahyɛde a Kristo Yesu de mae yi so: “Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafoɔ, . . . monkyerɛkyerɛ wɔn mma wɔnni deɛ mahyɛ mo nyinaa so.”—Mateo 28:19, 20.

Bio nso, yɛdɔ yɛn yɔnko nipa. (Mateo 22:39) Yɛnim pefee sɛ nnipa dodow no ara wɔ wɔn som ne nea wɔgye di, enti ɛnyɛ obiara na n’ani bɛgye asɛm a yɛka no ho. Nanso, yɛgye di paa sɛ nea Bible kyerɛkyerɛ no yɛ nkwagye asɛm. Ɛno nti, yɛsuasua Kristofo a wɔdii kan no, na ‘yɛkɔ so kyerɛkyerɛ, na yɛka Kristo ho asɛmpa daa a yɛnnyaeɛ.’—Asomafoɔ Nnwuma 5:41, 42.

Antonio Cova Maduro yɛ nnipa asetena ho nimdefo na ɔkaa sɛ, ‘Yehowa Adansefo bɔ mmɔden fa ɔhaw mu, na mpo wɔbrɛ wɔn ho yɛ nea wɔbɛtumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔwɔ asase so bɛte kyerɛw kronkron no mu asɛm.’​—El Universal atesɛm krataa, Venezuela

Nnipa a wɔkenkan yɛn nwoma no mu dodow no ara nyɛ Yehowa Adansefo. Nnipa mpempem pii a yɛne wɔn sua Bible no nso wɔ ɔsom afoforo mu. Nanso wɔn ani gye ho sɛ Yehowa Adansefo ba wɔn nkyɛn.

Ɛwom, ɛbɛtumi aba sɛ Yehowa Adansefo ho nsɛm bi wɔ hɔ a wonte ase. Sɛ wopɛ nsɛm a ɛte saa ho mmuaeɛ a, yɛsrɛ wo di akwankyerɛ yi so:

  • Bisa Yehowa Danseni bi.

  • Kɔ yɛn wɛbsaet, www.jw.org/tw.

  • Kɔ yɛn asafo nhyiam; obiara tumi ba bi, na worentua hwee.

Yesu resoma n’asuafo mmienu ma wɔakɔka asɛmpa no
Bepɔ a sukyerɛmma wɔ atifi

Sɛ wopɛ Yehowa Adansefo ho nsɛm foforo a, yɛsrɛ wo hwɛ video a wɔato din Yehowa Adansefo​—Wɔayɛ Nhyehyɛe De Reka Asɛm No, wɔ www.jw.org/tw. (Kɔ NHOMA > VIDEO afã hɔ)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena