Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w15 9/1 kr. 16
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuaeɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti A Bible Nkɔmhyɛ Ahorow Som Bo Ma Wo
    Nyan!—1989
  • Ahenni No Redi Tumi!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • The Bible—Accurate History, Reliable Prophecy
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Sua Bible Nkɔmhyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
w15 9/1 kr. 16

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAEƐ

Adɛn nti na nkɔmhyɛ wɔ Bible mu?

Yesu rekasa akyerɛ n’asuafo no bi wɔ Ngo Bepɔ no so

Adɛn nti na Bible kaa nsɛm a ɛresisi yɛn bere yi so ho asɛm?—Luka 21:10, 11.

Sɛ yɛhwɛ Bible mu a, nkɔmhyɛ pii ahyɛ mu ma. Onipa biara ntumi nka daakye ho asɛm pɛpɛɛpɛ da. Enti, Bible nkɔmhyɛ a anya mmamu no yɛ adanse a ɛdi mũ a ɛkyerɛ sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm.—Kenkan Yosua 23:14; 2 Petro 1:20, 21.

Bible nkɔmhyɛ a anya mmamu no ma yɛnya nea yɛbɛgyina so anya Onyankopɔn mu gyidi. (Hebrifoɔ 11:1) Ɛsan nso ma yɛnya awerɛhyem sɛ, ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ fa daakye a ɛyɛ anigye ho no bɛbam. Ɛno nti, Bible nkɔmhyɛ ma yɛnya anidaso a ɛdi mũ.—Kenkan Dwom 37:29; Romafoɔ 15:4.

Bible nkɔmhyɛ boa yɛn sɛn?

Nkɔmhyɛ no bi bɔ Onyankopɔn asomfo kɔkɔ ma wɔyɛ biribi. Nhwɛso baako ni, bere a Kristofo a wɔtenaa ase wɔ Yesu bere so no huu sɛ nkɔmhyɛ bi anya ne mmamu no, wɔdwane firii Yerusalem. Akyiri yi, wɔsɛee kuro no efisɛ nnipa dodow no ara annye Yesu anni; nanso saa bere no na Kristofo no wɔ akyirikyiri baabi, na na wɔwɔ ahobammɔ.—Kenkan Luka 21:20-22.

Ɛnnɛ, nkɔmhyɛ a anya mmamu ma yɛhu sɛ, ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛsɛe nnipa ahenni ne aban ahorow nyinaa. (Daniel 2:44; Luka 21:31) Enti ɛho hia sɛ obiara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ade a ɛbɛma wanya Yesu Kristo, Ɔhene a Onyankopɔn apaw no no anim dom.—Kenkan Luka 21:34-36.

Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ nwoma yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 2. Yehowa Adansefo na wɔtintimii

Ɛsan wɔ Intanɛt so wɔ www.jw.org/tw

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena