Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp16 nɔma 1 kr. 3
  • Wudi Nokware a, Ɛkyerɛ sɛ W’ani Mmuei Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wudi Nokware a, Ɛkyerɛ sɛ W’ani Mmuei Anaa?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokwaredi—Nea Enti a Mfaso wɔ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Dɛn na Ɛsom Bo Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nhoma a Ɛka Nsɛm a Nyansa Wom Kyerɛ Nnipa Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Di Nokware Wɔ Biribiara Mu
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
wp16 nɔma 1 kr. 3
Adwumawura bi a wateɛ ne nsateaa ahwɛ ne dwumayɛni so

ASƐM A ƐDA SO | ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ WUDI NOKWARE?

Wudi Nokware a, Ɛkyerɛ sɛ W’ani Mmuei?

Hitoshi ne adwumakuw bi a ɛwɔ Japan na ɛyɛ adwuma. Ná ɔboa ma wɔtoto adwuma no sikasɛm. Bere bi a na ɔne ne panyin rehwehwɛ adwuma no sikasɛm mu no, ɔpanyin no ka kyerɛɛ no sɛ, sɛ ɔrehyehyɛ sikasɛm ho nkrataa a, ɔnyɛ kata-so-muamua-so. Nanso, Hitoshi kae sɛ ɔyɛ saa a n’ahonim bebu no fɔ. Ohunahunaa no sɛ obeyi no adi, na ampa-ne-ampa ara oyii no adi.

Bere a woyii Hitoshi adi no, ɔyɛɛ sɛ ɔbɛpɛ adwuma foforo, nanso ɔtare a, na awae; eyi maa n’abam bui. Bere bi sɛɛ, adwumakuw bi frɛɛ no, na wɔmaa obi bisabisaa no nsɛm. Nkɔmmɔ no rekɔ so no, Hitoshi ka kyerɛɛ no sɛ n’ani nnye kɛtɛasehyɛ ho. Eyi maa nea ɔrebisabisa no nsɛm no kaa sɛ, “Wo ho yɛ me nwonwa paa!” Asɛm yi maa Hitoshi werɛ howee, nanso abusuafo ne nnamfo hyɛɛ no nkuran sɛ mma ɔmmpa abaw; ɔnkɔ so nni nokware. Nanso na ne tirim nteɛ no, enti da bi mpo de, ɔkaa sɛ, “Ei, enti obi di nokware a na eye anaasɛ odi atoro a na eye?”

Nea Hitoshi faa mu yi ma yehu sɛ ɛnyɛ obiara na nokwaredi ho hia no saa. Ɛba aguadi ne nnwuma mu koraa de a, na asɛm no asɛe; sɛ obi ka nokware a, wobu no sɛ wagyimi. Ɔbea bi a ɔwɔ South Africa kae sɛ, “Nokwaredi abɔ wɔn a me ne wɔn yɛ adwuma no, na ɛtɔ da mpo a ɛyɛ me sɛ menyɛ nea wɔreyɛ no bi.”

Nneɛma a obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ ɔnokwafo no mu baako ne atorodi, na abu so wɔ baabiara. Bere bi adwene ne nneyɛe ho nimdefo Robert S. Feldman a ɔwɔ University of Massachusetts Amherst yɛɛ nhwehwɛmu bi faa atorodi ho. Ohuu sɛ, sɛ nnipa 10 biara rebɔ nkɔmmɔ bɛyɛ simma du a, anyɛ hwee koraa no emu nsia bedi atoro. Feldman ka sɛ: “Nea mihui no, na ɛyɛ asefem paa. Yɛanna anso dae sɛ atorodi begye nsam saa.” Yɛreka yi, nnipa pii mpɛ sɛ wɔn yɔnko nnipa bedi atoro akyerɛ wɔn, nanso atorodi abu so. Wohwɛ a, ɛnyɛ nwonwa?

Adɛn nti na atorodi, korɔnbɔ, ne ɛho nkorɔneba abu so saa? Sɛ nkurɔfo anni nokware a, nsunsuanso bɛn na ɛde ba? Afei bisa wo ho sɛ, Dɛn na mɛyɛ na mantɔ saa afiri yi mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena