Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 4/1 kr. 3-7
  • Nhoma a Ɛka Nsɛm a Nyansa Wom Kyerɛ Nnipa Nnɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nhoma a Ɛka Nsɛm a Nyansa Wom Kyerɛ Nnipa Nnɛ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Worehyia Adwenemhaw?
  • So Nsɛmnsɛm Wɔ W’aware Mu?
  • So Wopɛ sɛ Esi Wo Yiye Wɔ W’asetram?
  • So Wubebue Kotoku no So?
  • “Nhyira Ne Onipa a Ohu Nyansa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nyansa Reteɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • ‘Nyansa Ademude Nyinaa’
    “Bra Bedi M’akyi”
  • Wode “Nyansa a Efi Soro No” Rebɔ Wo Bra Anaa?
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 4/1 kr. 3-7

Nhoma a Ɛka Nsɛm a Nyansa Wom Kyerɛ Nnipa Nnɛ

TETE agya Hiob a akyinnye biara nni ho sɛ na ɔyɛ ne bere so asikafo amapa no mu biako no kae sɛ: “Nyansa kotoku som bo sen nhene pa de.” (Hiob 1:3; 28:18, NW; 42:12) Nokwarem no, nyansa som bo sen honam fam nneɛma koraa, sɛ ɛba sɛnea ɛboa obi ma odi yiye wɔ n’asetram a. Ɔhene Salomo nyansafo no kae sɛ: “Nyansa onwini ase tra te sɛ sika onwini ase tra, na nimdeɛ yɛ mfaso, na nyansa gye ne wura nkwa.”—Ɔsɛnkafo 7:12.

Nanso ɛhe na yebetumi anya nyansa a ɛte saa nnɛ? Nkurɔfo de wɔn kokoam haw kɔdan sɛnkyerɛwfo a wotu fo, adwene ne nneyɛe ho animdefo, adwene mu yare ho nnuruyɛfo, ne wɔn a wɔyɛ ti ne taksi kafo mpo. Na ɛkame ayɛ sɛ animdefo pii ayɛ krado sɛ wɔde asɛm biara ho afotu bɛma—na wɔagye sika a ɛfata. Nanso, mpɛn pii na nsɛm a “nyansa” wom saa no akowie abasamtu ne asiane mpo mu. Ɛnde, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nokware nyansa?

Yesu Kristo a na onim onipa asetram nsɛm yiye no kae sɛ: “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mateo 11:19) Momma yɛnhwɛ ɔhaw ahorow bi a nnipa taa hyia wɔ wɔn asetram na yɛnhwɛ nsɛm a nyansa wom a aboa wɔn ankasa na ɛsom bo ma wɔn sen ‘nhene pa kotoku’ no. Wo nso wubetumi ahu saa “nyansa” no na woanya mu mfaso.

So Worehyia Adwenemhaw?

International Herald Tribune a ɛwɔ London no ka sɛ: “Sɛ afeha a ɛto so 20 yi mfiase yɛɛ Adwennwen Bere a, n’awiei ayɛ Adwenemhaw Bere.” Ɛde ka ho sɛ “adwenemhaw a emu yɛ den ho nhwehwɛmu a edi kan a wɔyɛe wɔ amanaman ntam no da no adi sɛ yare no renya nkɔanim ntɛmntɛm wɔ wiase nyinaa. Wɔ aman a emu nnipa gu ahorow te sɛ Taiwan, Lebanon ne New Zealand mu no, yare no reka awo ntoatoaso foforo biara kɛse.” Wɔka sɛ akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wɔwoo wɔn wɔ 1955 akyi no behyia adwenemhaw a emu yɛ den asen wɔn nananom.

Ná saa na ɛte wɔ Tomoe a onyaa adwenemhaw a emu yɛ den na odii ne nna dodow no ara wɔ mpa mu no fam. Esiane sɛ na ontumi nhwɛ ne babarima a na wadi mfe abien no nti, ɔsan kɔtraa n’awofo fie. Ankyɛ na ofipamfo bi a na ɔwɔ ɔbabea a ɔne Tomoe babarima no bɔ tipɛn ne no faa yɔnko. Bere a Tomoe kaa sɛnea ɔte nka sɛ ne ho nni mfaso ho asɛm kyerɛɛ ne fipamfo no, ofipamfo no kyerɛɛ no kyerɛwsɛm bi fii nhoma bi mu. Ɛkenkan sɛ: “Aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa sɛ: Wo ho nhia me; bio nso eti ntumi nka nkyerɛ anan sɛ: Mo ho nhia me. Na mmom nipadua ho akwaa a ɛyɛ yɛn sɛ ɛyɛ mmerɛw bebrebe no, ɛno na ɛho hia.”a Tomoe sui bere a ohui sɛ obiara wɔ gyinabea wɔ wiase mu na ne ho hia no.

Ofipamfo no hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnhwɛ nhoma a ɛka saa nsɛm no mu. Tomoe bɔɔ ne nti nko, ɛwom mpo sɛ ebesi saa bere no na ontumi nyɛ biribiara, a na ɔmpɛ mpo sɛ ɔbɛhyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ biribi. Ofipamfo no kodii gua nso brɛɛ no, na ɔne Tomoe boom noaa aduan bere nyinaa. Ɔsram biako akyi no, na Tomoe sɔre anɔpa biara, horo nneɛma, siesie fie, kodi gua, noa aduan, sɛnea ɔbaa warefo biara bɛyɛ no. Ná ɛsɛ sɛ odi nsɛnnennen pii so, nanso ɔkae sɛ, “Na mewɔ awerɛhyem sɛ sɛ midi nsɛm a nyansa wom a mahu no akyi pɛ a, me ho bɛtɔ me.”

Bere a Tomoe de nyansa a wahu dii dwuma no, odii nna bɔne a onyaa adwenemhaw no so. Mprempren Tomoe de ne bere nyinaa reyɛ adwuma de aboa afoforo ma wɔde nsɛm koro no ara a ɛboa ma ogyinaa ne haw ano no adi dwuma. Saa nsɛm a nyansa wom yi wɔ tete nhoma bi a ekura nsɛm a eye ma nnipa nyinaa nnɛ mu.

So Nsɛmnsɛm Wɔ W’aware Mu?

Wɔ wiase nyinaa no, aware pii regu. Ofie nsɛmnsɛm renya nkɔanim wɔ Apuei fam aman a bere bi na wɔde wɔn mmusua a biakoyɛ wom hoahoa wɔn ho no mpo mu. Ɛhe na yebetumi anya aware ho akwankyerɛ a nyansa wom a ɛyɛ adwuma?

Susuw Shugo ne Mihoko, awarefo a na ɔhaw pii wɔ wɔn aware mu, asɛm no ho hwɛ. Ná wɔham wɔ nsɛm nketenkete biara ho. Na Shugo koko haw no, na na Mihoko nso ne no yiyi nsɛm ano bere biara a ohu ne ho mfomso no. Mihoko susuwii mpo sɛ, ‘Yɛn adwene ntumi nhyia wɔ biribiara ho da.’

Da bi ɔbea bi kɔsraa Mihoko, na ɔkenkanee saa nsɛm yi fii nhoma bi mu kyerɛɛ no: “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.”b Ɛwom sɛ na Mihoko ani nnye nyamesom ho de, nanso ɔpenee so sɛ obesua nhoma a ekura saa nsɛm no. Nea na n’ani gye ho ne sɛ ɔbɛma n’abusua asetra atu mpɔn. Enti bere a wɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔnkɔ nhyiam a wosua nhoma a wɔato din Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye wɔ ase no, Mihoko—ne ne kunu nyinaa—gyee pene ntɛm ara.c

Wɔ nhyiam no ase no, Shugo hui sɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no de nea wɔresua no redi dwuma ankasa, na na wɔwɔ anigye. Ɔyɛe sɛ ɔbɛhwɛ nhoma a na ne yere resua no mu. Asɛm biako bi twee n’adwene ntɛm ara: “Nea n’abufuw yɛ nyaa no wɔ ntease pii, na honhom mu katirikatirifo ma agyimisɛm so.”d Ɛwom sɛ egyee bere ansa na ɔde saa nnyinasosɛm yi redi dwuma wɔ n’asetram de, nanso wɔn a na wɔne no bɔ, a ne yere ka ho, no huu sɛnea na ɔreyɛ nsakrae nkakrankakra no.

Bere a Mihoko huu nsakrae a ne kunu ayɛ no, ɔno nso fii ase de nea ɔresua no dii dwuma. Nnyinasosɛm biako a ɛboaa no titiriw ne nea edi so yi: “Mummmu ntɛn, na wɔammu mo ntɛn. Na atɛn ko a mubu no, wɔde bebu mo.”e Enti Mihoko ne ne kunu sii gyinae sɛ wɔbɛka nneɛma pa a wɔyɛ ne sɛnea wobetumi atu mpɔn ho asɛm sen sɛ wɔbɛhwehwɛ wɔn ho wɔn ho mfomso. Dɛn na efi mu bae? Mihoko ka sɛ: “Ama manya anigye ankasa. Yɛyɛ eyi bere a yɛredidi anwummere biara. Yɛn babarima a wadi mfe abiɛsa mpo de ne ho hyɛ nkɔmmɔbɔ no mu. Ama yɛanya abotɔyam ankasa!”

Bere a saa abusua yi de afotu pa a wɔn nsa kae no dii dwuma no, wotumi dii ɔhaw ahorow a na ɛresɛe wɔn abusuabɔ ma anka wɔn aware reyɛ asɛe mpo no so. So ɛno nsom bo kɛse mma wɔn nsen kotoku a nhene pa ayɛ no ma?

So Wopɛ sɛ Esi Wo Yiye Wɔ W’asetram?

Ɛnnɛ, wɔ nnipa pii fam no, wɔn ho a wobenya ne wɔn asetram botae titiriw. Nanso adwumawura sikani bi a ɔwɔ United States a ɔde dɔla ɔpepehaha pii ayɛ nkurɔfo mmoa no kae bere bi sɛ: “Nnipa bi ani gye sika ho, nanso obiara ntumi nhyɛ mpaboa abien mmɔ so.” Nnipa kakraa bi na wogye saa nokwasɛm yi tom, na nnipa kakraa bi koraa na wogyae ahonyade akyi di.

Hitoshi nyinii hia mu, enti na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ obenya ne ho. Bere a ohuu sɛnea wɔn a nkurɔfo de wɔn aka no di akafo no so no, ɔkae sɛ: “Obi a onya sika pii no na odi nkonim.” Hitoshi nyaa tumi a sika wɔ mu gyidi araa ma osusuwii mpo sɛ wobetumi de atɔ onipa nkwa. Nea ɛbɛyɛ na wanya ne ho no, ɔde ne ho hyɛɛ dorobɛn ho adwuma a ɔyɛ no mu fee, na ɔyɛɛ adwuma afe mũ nyinaa a wannye n’ahome da koro mpo. Ɛmfa ho sɛnea Hitoshi yɛɛ adwumaden no, ankyɛ na ohui sɛ sɛ́ obi a nkurɔfo nya adwuma a na wɔdom no bi no, ɔrenyɛ sɛ wɔn a wɔdom no adwuma no da. Na abasamtu ne ɛka a osuro sɛ ɔbɛbɔ ho dadwen da ne so bere nyinaa.

Afei ɔbarima bi baa Hitoshi pon ano bebisaa no sɛ onim sɛ Yesu Kristo wu maa no anaa. Esiane sɛ na Hitoshi te nka sɛ obiara renwu mma onipa te sɛ ɔno nti, ɛyɛɛ no nwonwa, na ɔpenee so sɛ wɔbɛbɔ nkɔmmɔ bio. Dapɛn a edi hɔ no, okotiee ɔkasa bi, na ne ho dwiriw no bere a ɔtee afotu a ɛne ‘ma w’ani nhwɛ tẽẽ’ no. Ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ani a ‘ɛhwɛ tẽẽ’ no yɛ nea ɛhwɛ ade kɔ akyiri na ɛkyerɛ honhom fam nneɛma ho anigye; ɔkwan foforo so no, ani a ‘ɛnhwɛ tẽẽ’ anaa ‘ɛbere ade’ no yɛ nea ɛkyerɛ mprempren honam fam akɔnnɔ nkutoo ho anigye, na ɛnhwɛ ade nkɔ akyiri. Afotu a ɛne, “Nea w’ademude wɔ no, ɛhɔ na wo koma nso wɔ” no kaa no yiye.f Biribi wɔ hɔ a ɛho hia sen ahonyade a wubenya! Ná ɔntee biribi a ɛte saa da.

Bere a eyi kanyan no no, ofii ase de nea ɔresua no dii dwuma. Sɛ́ anka ɔbɛbrɛ ne ho apɛ sika no, ofii ase de honhom fam nneɛma dii kan wɔ n’asetram. Ogyee bere de dii n’abusua honhom fam yiyedi ho dwuma nso. Sɛnea ɛte no, na ɛno kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔde bere kakraa bi yɛ adwuma, nanso nkɔso baa n’adwuma no mu. Dɛn ntia?

Bere a ɔde afotu a na wɔde ma no no di dwuma no, n’ani so hyew no sesae ma ɔbɛyɛɛ obi a odwo na ɔpɛ asomdwoe. Nea ɛkanyan no titiriw ne afotu a edi so yi: “Mo de, munyi abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu. Munnnidi atoro nnkyerɛkyerɛ mo ho. Munyi onipa dedaw no ne ne nneyɛe ngu, na monhyɛ onipa foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nimdeɛ mu nea ɔbɔɔ no no suban so no.”g Saa afotu yi a odii akyi no amma wanyɛ sikani, nanso ne ‘nipasu foforo’ no nyaa wɔn a na ɔyɛ adwuma ma wɔn no so nkɛntɛnso pa, na wonyaa ne mu ahotoso ne awerɛhyem. Yiw, nsɛm a nyansa wom a onyae no boaa no maa esii no yiye wɔ n’asetram. Wɔ ne fam no, na ɛsom bo ankasa sen kotoku a nhene pa anaa sika ayɛ no ma.

So Wubebue Kotoku no So?

So wubetumi ahu kotoku a nyansa ayɛ no ma a ɛso aba mfaso pii ama nnipa a yɛaka wɔn nhwɛso ho asɛm wɔ atifi hɔ no? Ɛno ne nyansa a ɛwɔ Bible, nhoma a wɔakyekyɛ sen biara ne nhoma a wubetumi anya bi ntɛm wɔ asase so sen biara, mu no. Ebia wowɔ bi anaasɛ ɛyɛ mmerɛw sɛ wubetumi anya bi. Nanso, sɛnea sɛ obi wɔ nhene pa kotoku mã na sɛ wamfa anni dwuma a, ɛso remma no mfaso ahe biara no, saa ara na Bible a obi wɔ kɛkɛ no so remma no mfaso ahe biara. Dɛn nti na wummue kotoku no so, sɛnea yɛbɛka no no, na womfa Bible afotu a nyansa wom na ɛyɛ ne bere mu de no nni dwuma nhu sɛnea ebetumi aboa wo ma woatumi adi w’asetram haw ahorow ho dwuma yiye?

Sɛ wɔma wo kotoku bi a nhene pa ayɛ no ma a, so worenkyerɛ ho anisɔ na wommɔ mmɔden sɛ wubehu onii ko a ɔde maa wo no, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ada no ase? So wunim onii a Ɔde Bible no mae?

Bible no kyerɛ nyansa a ɛwom no Fibea bere a ɛka sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye” no. (2 Timoteo 3:16) Ɛsan ka kyerɛ yɛn sɛ “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu.” (Hebrifo 4:12) Ɛno nti na nsɛm a nyansa wom a ɛwɔ Bible mu no yɛ ne bere mu de, na mfaso wɔ so ma yɛn nnɛ no. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woasua Ɔdemafo yamyefo yi, Yehowa Nyankopɔn, ho ade, na ama woatumi ayɛ obi a onya ‘kotoku a nyansa ayɛ no ma’ a ɛwɔ Bible—nhoma a nyansa wom a ekura nkrasɛm a eye ma nnipa nnɛ no—mu mfaso.

[Ase hɔ nsɛm]

a Kyerɛwsɛm no fi 1 Korintofo 12:21, 22.

b Mateo 7:12.

c Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.

d Mmebusɛm 14:29.

e Mateo 7:1, 2.

f Mateo 6:21-23; NW ase hɔ asɛm.

g Kolosefo 3:8-10.

[Kratafa 4 adaka/mfonini]

Nsɛm a Nyansa Wom a Ɛbɛma Yɛakari Pɛ Wɔ Nkate Fam

“Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW], hena na anka obegyina? Na wo na fafiri wɔ wo fam, na wɔasuro wo.”—Dwom 130:3, 4.

“Anigye koma ma anim tew, na komam awerɛhow bubu honhom.”—Mmebusɛm 15:13.

“Nyɛ wo ho ɔtreneeni bebrebe, na nyɛ onyansafo ntra so: ɛdɛn nti na wobɛsɛe wo ho?”—Ɔsɛnkafo 7:16.

“Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.

“Mo bo mfuw, na monnyɛ bɔne! Mommma owia nnkɔtɔ mo abufuw so.”—Efesofo 4:26.

[Kratafa 5 adaka/mfonini]

Nsɛm a Nyansa Wom a Ɛma Abusua Asetra Yɛ Anigye

“Wɔkwati agyinakɔ a, tirimpɔw yɛ ɔkwa, na agyinatufo pii mu na ebegyina.”—Mmebusɛm 15:22.

“Nhumufo koma nya nimdeɛ, na anyansafo aso hwehwɛ nimdeɛ akyi kwan.”—Mmebusɛm 18:15.

“Asɛm a wɔka a ɛfata te sɛ sika aduaba wɔ dwetɛ kyerɛnkyɛ mu.”—Mmebusɛm 25:11.

“Sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa, NW] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.”—Kolosefo 3:13, 14.

“Me nuanom adɔfo, munim eyi. Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw.”—Yakobo 1:19.

[Kratafa 6 adaka/mfonini]

Nsɛm a Nyansa Wom a Ɛbɛma Asi Yɛn Yiye Wɔ Asetram

“Nsisi nsenia yɛ [Yehowa, NW] akyide, na abrammokwanmu yɛ no anisɔ.”—Mmebusɛm 11:1.

“Ahantan di ɔsɛe anim, na kwasiare honhom di asehwe kan.—Mmebusɛm 16:18.

“Ɔbarima a ontumi nsianka ne honhom te sɛ kurow a abubu a afasu nni ho.”—Mmebusɛm 25:28.

“Mma wo honhom mmpere abohuru ho, na nkwasea kokom na abohuru te.”—Ɔsɛnkafo 7:9.

“Tow w’abodoo gu nsu ani, na daakye bi wubehu.”—Ɔsɛnkafo 11:1.

“Mommma asɛm a ɛmfra biara mmfi mo anom, na mmom asɛm a eye na ɛma nkɔso a ehia, na wɔde dom wɔn a wɔte no.”—Efesofo 4:29.

[Kratafa 7 mfonini]

Bible a yebesua no ne ɔkwan a edi kan a obi fa so nya ‘nyansa kotoku’ so mfaso

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena