Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w17 August kr. 32
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Maria Nyinsɛnee Nanso na Ɔnwaree
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Ogyee Ɔsoro Akwankyerɛ Toom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • “Odwinnwen Ho Ne Koma Mu”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Ɔyem Nanso Ɔnwaree
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
w17 August kr. 32

Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ

Yesu mmofraase ho asɛm a Mateo ne Luka kyerɛwee no, adɛn nti na nsonsonoe wom?

Nsɛm a esisii wɔ Yesu awo mu ne ne mmofraase a Mateo ne Luka kyerɛwee no, nsonsonoe kakra wom. Adɛn ntia? Efisɛ wɔn a wɔkyerɛw Nsɛmpa no, ɛsono nea obiara de n’adwene sii so.

Nsɛm a esisii wɔ Yosef asetena mu na Mateo de n’adwene sii so. Ne kyerɛwtohɔ no mu no, ɔkaa nea Yosef dii kan yɛe bere a ɔtee sɛ Maria afa yafunu no. Afei ɔkae sɛ, Yosef soo dae na ɔbɔfo bi kyerɛɛ no nea ama Maria anyinsɛn, na Yosef gyee nea ɔbɔfo no kae toom. (Mat. 1:19-25) Mateo toaa so kae sɛ Yosef soo dae foforo bi. Emu no, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ no sɛ onguan nkɔ Egypt. Afei Mateo kaa sɛnea Yosef ne n’abusua guanee. Ɔsan soo dae, na ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan nkɔ Israel asase so, na ɔkɔe. Akyiri yi ɔne n’abusua kɔtenaa Nasaret. (Mat. 2:13, 14, 19-23) Asɛmpa a Mateo kyerɛwee no, wokan ti baako ne mmienu a, Yosef din pue wɔ hɔ mpɛn nwɔtwe nanso Maria din pue mpɛn nnan pɛ.

Luka kyerɛwtohɔ no deɛ, nsɛm a esisii wɔ Maria asetena mu na ɔde n’adwene sii so. Nea ɔkaa ho asɛm no bi ni. Ɔbɔfo Gabriel kɔɔ Maria nkyɛn. Maria nso kɔsraa ne busuani Elisabet, na Maria kaa nsɛm de yii Yehowa ayɛ. (Luka 1:26-56) Simeon ka kyerɛɛ Maria sɛ Yesu behu amane. Luka kyerɛwee sɛ, Yesu dii mfe 12 no, Maria ne n’abusua kɔɔ Yerusalem asɔrefie. Bere a Luka reka nea esii ho asɛm no, nsɛm a Maria kae na Luka kyerɛwee na ɛnyɛ nea Yosef kae. Luka de kaa ho sɛ, nsɛm a esisii no nyinaa kaa Maria paa. (Luka 2:19, 34, 35, 48, 51) Asɛmpa a Luka kyerɛwee no, wokan ti baako ne mmienu a, Maria din pue wɔ hɔ mpɛn 12, nanso Yosef din pue 3 pɛ. Wei kyerɛ sɛ, Mateo kyerɛw Yosef ne nneɛma a ɔyɛe ho asɛm, ɛnna Luka nso kaa nsɛm a esisii wɔ Maria asetena mu ho asɛm.

Mateo ne Luka kaa anato ho asɛm wɔ Nsɛmpa a wɔkyerɛwee no mu. Ɛno nso, nsonsonoe wom. Mateo de n’adwene sii Yosef anato so, na ɔkyerɛe sɛ esiane sɛ Yosef na ɔtetee Yesu nti, mmara ma kwan sɛ Yesu di Dawid ade. Adɛn ntia? Ná Yosef fi Solomon a ɔyɛ Dawid ba no abusua mu. Enti na ɔyɛ Ɔhene Dawid aseni. (Mat. 1:6, 16) Nanso ɛda adi sɛ Luka de n’adwene sii Maria anato so, na ɔkyerɛe sɛ Yesu fi awo mu fata sɛ odi Dawid ade wɔ “ɔhonam mu.” (Rom. 1:3) Adɛn ntia? Ná Maria fi Natan a ɔyɛ Dawid ba no awo ntoatoaso mu. Enti na ɔyɛ Ɔhene Dawid aseni. (Luka 3:31) Nanso anato a Luka kyerɛwee no, wammɔ Maria din sɛ ɔyɛ Heli babea. Adɛn ntia? Efisɛ saa bere no, sɛ wɔreyɛ obi anato ho kyerɛwtohɔ a, mmarima din na na wɔbɔ. Enti bere a Luka kae sɛ Yosef yɛ Heli ba no, na ɛkyerɛ sɛ Yosef ware Heli babea.—Luka 3:23.

Anato ho kyerɛwtohɔ a Mateo ne Luka yɛe no ma yehu pefee sɛ Yesu ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no. Nea ɛte ne sɛ, na nkurɔfo nim Yesu anato ho nokwasɛm araa ma Farisifo ne Sadukifo no mpo antumi annye ho kyim. Ɛnnɛ, anato ho kyerɛwtohɔ a Mateo ne Luka yɛe no ka nneɛma a ɛma yenya gyidi no ho. Ɛsan di adanse sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa bɛbam ɔkwan biara so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena