Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp18 nɔma 1 kr. 12-13
  • 3 Ɛboa Ma Yegyina Ɔhaw Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 3 Ɛboa Ma Yegyina Ɔhaw Ano
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YARE KOANKORƆ
  • AWERƐHOW
  • Fi Adwenemhaw Mu Kɔ Anigye Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Wobɔ Mpae a, Ɛbɛboa Wo Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • Mpaebɔ—Nea Ɛbɛtumi Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Sɛnea Ebinom Nyaa Mmuae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2018
wp18 nɔma 1 kr. 12-13
Ɔbea bi gyina asiei resu; ɔbea bi a ɔte mmubuafo akongua mu retie Bible mu asɛm

3 Ɛboa Ma Yegyina Ɔhaw Ano

Ɔhaw bi wɔ hɔ a, seesei deɛ yɛrentumi nyɛ ho hwee. Ebia na wo dɔfo bi awu anaasɛ yare koankorɔ bi ne wo te. Ɛba saa a, worentumi nsesa tebea no, nea wubetumi ayɛ ara ne sɛ wobɛhwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so agyina ano. Enti tebea a ɛte saa mu no, Bible betumi aboa yɛn anaa?

YARE KOANKORƆ

Ababaa bi a ɔde Rose kaa sɛ: “Minyaa me yare fii awo mu, na bere nyinaa ɛteetee me. Yare ama m’ahoɔden so atew, enti nea na mitumi yɛ no mintumi nyɛ bio.” Nea na ɛhaw Rose paa no, baako ne sɛ, sɛ ɔresua Bible anaa ɔreyɛ nneɛma foforo bi a ɛfa ne som ho a, ɛtɔ da bi a ontumi mfa n’adwene nsi so. Nanso Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 19:26 no boaa no paa. Ɛhɔ ka sɛ: “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.” Rose behui sɛ yɛwɔ akwan pii a yɛfa so sua ade. Ɛyaw a na ɔfa mu no nti, ɛtɔ mmere bi a na ontumi nkenkan ade. Wei nti ofii ase tiee Bible ne Bible ho nhoma a yɛakyere emu nsɛm agu afiri so.a Ɔkaa sɛ: “Sɛ mamfa saa kwan yi so a, anka minnim sɛnea mɛkɔ so ama me ne Onyankopɔn ntam ayɛ papa.”

Nneɛma a kan no na Rose yɛ no, ontumi nyɛ bio, enti ɛyɛ a ne werɛ how. Ɛba saa a, ɔma nsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 8:12 no kyekye ne werɛ. Ɛka sɛ: “Sɛ ɔpɛ no wɔ hɔ a, nea obi wɔ na ɛsɔ ani, na ɛnyɛ nea onni.” Saa asɛm no kae Rose sɛ, esiane sɛ ɔyɛ nea n’ahoɔden betumi biara nti, Onyankopɔn ani sɔ nea ɔyɛ no.

AWERƐHOW

Delphine a yɛaka ne ho asɛm no kaa sɛ: “Bere a me babea a wadi mfe 18 wui no, ɛyɛɛ me yaw paa. Ná ɛyɛ me sɛ mintumi ntena wiase mpo. Ɛsesaa me biribiara.” Nanso nsɛm a ɛwɔ Dwom 94:19 no kyekyee ne werɛ. Ɛhɔ se: “Sɛ me mu dadwen yɛ bebree a, w’awerɛkyekye na ɛma me kra ani gye.” Delphine kaa sɛ: “Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me ma minhu nea ɛsɛ sɛ meyɛ de dwudwo me yaw no ano.”

Ɔde ne bere dodow no ara yɛɛ atuhoama adwuma bi a mfaso wɔ so. Akyiri yi ɔkaa sɛ, ɔte sɛ kɔla pɛnsere a ekura abofra, sɛ emu bu mpo a, abofra no betumi de adrɔ ade. Obehui sɛ ɔno nso, ɛwom sɛ ne haw no abubu no deɛ, nanso obetumi aboa afoforo. Ɔkaa sɛ: “Ankyɛ na mihui sɛ, sɛ mede Bible mu asɛm kyekye wɔn a me ne wɔn sua Bible no werɛ a, Yehowa nso bɛfa so akyekye me werɛ ama m’ani agye.” Ɔhwehwɛɛ Bible mu nnipa bi a wodii yaw kɛse, ɛnna ɔkyerɛw wɔn din too hɔ. Ohuu sɛ, “Ná wɔn nyinaa yɛ nnipa a wɔbɔ mpae.” Ɔsan behuu sɛ, “sɛ woankenkan Bible no a, wunnya wo haw no ano aduru.”

Bible a Delphine sua no ama wahu biribi foforo. Ɛne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔde n’adwene si daakye so, na ɛnyɛ nea atwam. Anidaso asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 24:15 no kyekye ne werɛ. Ɛka sɛ: “Bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi awufo mu.” Enti ɔwɔ awerɛhyem paa sɛ Yehowa benyan ne ba no anaa? Nea Delphine ankasa kae ni: “Sɛ mede m’ani bu daakye a, mihu me babea no. Mɛsan ahyia me ba no bio. Ɛte sɛ nea Onyankopɔn ahyɛ ɛda a yɛde behyia no ato ne kalenda so dedaadaw. Sɛ meto m’ani a, mihu sɛ me ne me babea no gyina yɛn turom hɔ. Ɛma mekae da mewoo no na medɔɔ no no.”

a Akenkan a yɛakyere agu afiri so no, yɛwɔ bebree wɔ jw.org wɛbsaet.

Bible betumi aboa wo ama woanya awerɛkyekye wɔ mmere a emu yɛ den paa mpo mu

Ɛdɛn Na Onyankopɔn Yɛ De Boa Yɛn?

Mmuae a Bible de ma no, emu da hɔ. Ɛka sɛ: “Yehowa bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokwaredi mu no. Ɔbɛyɛ wɔn a wosuro no apɛde ama wɔn, na obetie wɔn sufrɛ na wagye wɔn.” (Dwom 145:18, 19) Wohwɛ a wei nka koma? Nanso, nnipa a wofi wɔn komam hwehwɛ akwankyerɛ wɔ Onyankopɔn hɔ no, ɛdɛn na Onyankopɔn yɛ de bua wɔn mpaebɔ no?

ƆMA YƐN AHOƆDEN:

Mpɛn pii no, ɔhaw tumi bu yɛn abam, na ɛtwe yɛn mu nsu. Ebetumi ama yɛabrɛ, asɛe yɛn anigye, na asɛe yɛne Onyankopɔn ntam. Nanso Yehowa ma “nea wabrɛ no tumi, na nea onni ahoɔden pii no ɔma onya no mmoroso.” (Yesaia 40:29) Ɔsomafo Paulo a ogyinaa ɔhaw bebree ano no kaa sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.” (Filipifo 4:13) Onyankopɔn na ɔde ne honhom kronkron boaa Paulo. Wo nso, wubetumi asrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma wo honhom kronkron.—Luka 11:13.

ƆMA YƐN NYANSA:

Sɛ wuhia mmoa na ama woate Bible afotusɛm ase na wode ayɛ adwuma nso ɛ? Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma ɔnkɔ so ara mmisa Onyankopɔn efisɛ oyi ne yam ma nnipa nyinaa ade a ahohora biara nnim, na ɔde bɛma no.” (Yakobo 1:5) Kenkan Bible na fa emu nsɛm no yɛ adwuma. Ɛno bɛkyerɛ sɛ woreyɛ wo mpaebɔ no ho adwuma. (Yakobo 1:23-25) Sɛ woyɛ saa a, wo ara wubehu sɛ nyansa wɔ Bible afotusɛm mu.

ƆMA YƐN ASOMDWOE:

Sɛ adwinnwen hyɛ wo so sɛn mpo a, Yehowa betumi aboa wo ama wo ho adwo wo. N’asɛm ka sɛ: “Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.” (Filipifo 4:6, 7) Adɛn nti na wonsrɛ Yehowa ma ɔmma wo asomdwoe?

Sɛ wudi wo haw no ho dwuma na ɛto antwa anim anim yi ara nso ɛ? Nnya adwene sɛ Onyankopɔn apo wo. Sɛ wo haw no kyɛ mpo a, Onyankopɔn bɛma wo akokoduru ne ahoɔden ma wode agyina ano. (1 Korintofo 10:13) Afei, Bible ahyɛ bɔ sɛ bere bi bɛba a, yɛn haw nyinaa to betwa koraa!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena