Nnianim Nsɛm
ENTI ONYANKOPƆN DWEN WO HO?
Sɛ atoyerɛnkyɛm si, anaa nkurɔfo hu amane na wowu a, ebia yebebisa yɛn ho sɛ, ‘Ná Nyankopɔn wɔ he?’ Bible ka sɛ:
“Yehowa ani wɔ treneefo so, na wayɛ aso ama wɔn adesrɛ; nanso Yehowa ani sã wɔn a wɔyɛ bɔne.”—1 Petro 3:12.
Ɔwɛn-Aban yi bɛma woahu sɛnea Onyankopɔn boa yɛn, ne nea ɔreyɛ de ayi amanehunu nyinaa afi hɔ.