Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w18 May kr. 27-31
  • Mmabun—Munnyina Pintinn Nko Ntia Ɔbonsam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmabun—Munnyina Pintinn Nko Ntia Ɔbonsam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘NOKWARE ABƆSO’ ANAA BƐLT
  • “TRENEE NKATABO”
  • “MOMFA ASOMDWOE ASƐMPA NO NYƐ MO NAN ASE MPABOA”
  • “GYIDI KYƐM KƐSE NO”
  • “NKWAGYE DADE KYƐW”
  • “HONHOM NO NKRANTE,” ONYANKOPƆN ASƐM
  • Yehowa Bɛbɔ Wo Ho Ban—Ɔbɛyɛ No Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • “Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • “Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • ‘Monhyɛ Akode No Nyinaa’—Mprempren
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
w18 May kr. 27-31
Roma sraani a ɔhyɛ n’akode nyinaa

Mmabun Munnyina Pintinn Nko Ntia Ɔbonsam

“Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina pintinn ako atia Ɔbonsam nnɛɛdɛe no.”—EFE. 6:11.

NNWOM: 79, 140

WUBEBUA SƐN?

  • Onyankopɔn akode no afã ahorow no, ɛne dɛn?

  • Adɛn nti na ehia sɛ yɛhyɛ emu biara?

  • Nhwɛso a mmabun a wɔwɔ yɛn mu yɛ no, wuhu no sɛn?

1, 2. (a) Mmabun a wɔyɛ Kristofo redi nkonim wɔ ɔko a wɔne ahonhommɔne dɔm reko no mu. Adɛn ntia? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.) (b) Dɛn na yebesua?

ƆSOMAFO Paulo de Kristofo abrabɔ totoo asraafo a wɔrebɔ atwɛre pupopupo anaa wɔredi atentam ho. Nanso, yɛn ko no nyɛ ɔhonam mu ko, na mmom ɛyɛ honhom mu de. Ɛte saa de, nanso yɛn atamfo no wɔ hɔ pa ara. Satan ne adaemone no yɛ akofo a wonim ko yiye. Nnipa ani so de, anhwɛ a ɛbɛyɛ sɛ yɛrentumi wɔn. Kristofo a wɔyɛ mmabun titiriw na ebetumi ayɛ den ama wɔn. Ɔko a mmabun ne ahonhommɔne a wɔn ho yɛ den sen nnipa reko no, wɔbɛyɛ dɛn adi nkonim? Nokwasɛm ne sɛ, mmabun betumi adi nkonim, na wɔredi nkonim nso! Adɛn nti na yɛreka saa? Efisɛ ‘wɔkɔ so yɛ den Awurade mu.’ Nanso, ɛnyɛ sɛ wɔde wɔn ho ato Onyankopɔn so kɛkɛ, na mmom wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Wɔte sɛ asraafo a wɔatete wɔn yiye; ‘wɔahyɛ Onyankopɔn akode nyinaa.’—Kenkan Efesofo 6:10-12.

2 Bere a Paulo rema mfatoho no, ɛbɛyɛ sɛ akode a na Roma asraafo hyɛ na na ɛwɔ n’adwene mu. (Aso. 28:16) Momma yɛnhwɛ nea enti a saa mfatoho no fata. Yɛbɛhwɛ nsɛm a mmabun bi akeka afa nsɛnnennen a wohyia ho ne mfaso a wɔanya sɛ wɔhyɛɛ honhom fam akode no mu biara.

Ehia sɛ Kristoni ababaa nya Onyankopɔn akode no fã biara wɔ n’asetenam

Woahyɛ Akode No Nyinaa Anaa?

‘NOKWARE ABƆSO’ ANAA BƐLT

3, 4. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ nokware a ɛwɔ Bible mu no te sɛ Roma asraafo abɔso anaa bɛlt?

3 Kenkan Efesofo 6:14. Roma asraafo abɔso anaa bɛlt no, na wɔde nnade fomfam ho, na atumi abɔ ɔsraani no sisi ho ban. Ná nkatabo no mu yɛ duru, enti wɔyɛɛ bɛlt no saa sɛnea ɛbɛyɛ a nkatabo no besi so ama ɔsraani no ho ahenhan no. Belt no bi wɔ hɔ a, na wɔde nnade a ɛyɛ den suso mu, na na ɛma ɔsraani tumi de nkrante ne sekan hyehyɛ bɛlt no ho. Sɛ ɔsraani bɔ ne bɛlt yiye na ɔkɔ ɔko a, na obetumi ako a onsuro hwee.

4 Saa ara na nokware a yesua fi Onyankopɔn Asɛm mu no bɔ yɛn ho ban fi atoro nkyerɛkyerɛ a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam no ho. (Yoh. 8:31, 32; 1 Yoh. 4:1) Sɛ yɛma yɛn ani gye nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho daa a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yɛbɛhyɛ “nkatabo” no, anaa ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yɛde Onyankopɔn akwankyerɛ bɛbɔ yɛn bra. (Dw. 111:7, 8; 1 Yoh. 5:3) Afei nso, sɛ yɛte nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ase yiye a, yebetumi de ahotoso akyerɛkyerɛ mu yiye akyerɛ wɔn a wɔsɔre tia yɛn.—1 Pet. 3:15.

5. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛka nokware?

5 Sɛ yɛbɛka a, yɛde Bible mu nokware no kyekyere yɛn asen denneennen a, ɛbɛka yɛn ma yɛde abɔ yɛn bra, na yɛaka nokware bere nyinaa. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati atorodi? Efisɛ Satan akode a ɔde yɛ adwuma pa ara no, atorodi ka ho. Sɛ obi di atoro a epira ɔno ankasa ne nea ogye atosɛm no di no. (Yoh. 8:44) Ɛwom sɛ yɛtɔ sin de, nanso yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛrenni atoro. (Efe. 4:25) Nanso wei nna fam. Abigail adi mfe 18. Ɔka sɛ: “Ɛtɔ da a, woka nokware a ɛte sɛ nea mfaso nni so, titiriw bere a sɛ wudi atoro a ɛbɛma woafa wo ho adi afi asɛm bi a emu yɛ den mu.” Sɛ saa a, adɛn nti na Abigail pɛ sɛ ɔka nokware bere nyinaa? Ɔka sɛ: “Sɛ meka nokware a, minya ahonim pa wɔ Yehowa anim. Afei nso, m’awofo ne me nnamfo nim sɛ wobetumi agye me adi.” Victoria adi mfe 23. Ɔka sɛ: “Sɛ woka nokware na wokyerɛkyerɛ wo gyidi mu kyerɛ afoforo a, ebia wobedwoodwoo wo. Nanso woyɛ saa a, bere nyinaa wunya nhyira pii: Wunya akokoduru, wuhu sɛ woabɛn Yehowa kɛse, na wɔn a wɔdɔ wo nya obu ma wo.” Wei ma yehu pa ara sɛ, mfaso wɔ so sɛ yɛde ‘nokware abɔso no bɔ yɛn asen’ bere nyinaa.

Onuawa ababaa bi rekyerɛkyerɛ nea ogye di wɔ adebɔ ho mu akyerɛ ne kyerɛkyerɛfo

Nokware abɔso anaa bɛlt (Hwɛ nkyekyɛm 3-5)

“TRENEE NKATABO”

6, 7. Adɛn nti na Bible de trenee toto nkatabo ho?

6 Asomafo no bere so no, na Roma asraafo hyɛ nkatabo bi a ne fã bi yɛ nnade ntrantraa. Ná wɔde nnade a wɔde hyehyɛ bɛlt ano sisi nnade ntrantraa no ano, na na wɔde aboa nhoma hyehyɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔsraani no betumi akyekyere amia mu ma ahyɛ no kama. Afei nso, na ɔhyɛ nnade ntrantraa a aboa nhoma sisi ano no bi gu ne mmati so. Sɛ ɔsraani no hyɛ nkatabo no a, na ontumi nnantew yiye, na na ehia nso sɛ bere ne bere mu ɔhwɛ sɛ ɛhyɛ yiye anaa. Nanso, na nkatabo no bɔ ne ho ban na obi amfa nkrante anaa peaw anwɔ ne koma anaa n’akwaa foforo.

7 Yehowa akwankyerɛ a ɛteɛ no bɔ yɛn koma ho ban, na yebetumi de atoto nkatabo ho. Wei fata pa ara! (Mmeb. 4:23) Ɔsraani biara remfa nkatabo a wɔamfa dade papa anyɛ nsesa nea wɔde dade papa ayɛ da, saa ara na yɛn nso yɛremfa nea yɛn adwene yɛ yɛn sɛ ɛteɛ nsesa nea Yehowa kyerɛ sɛ ɛteɛ da. Yentumi nsusuw nneɛma ho yiye, enti yɛrentumi mmɔ yɛn koma ho ban. (Mmeb. 3:5, 6) Ɛno nti, bere nyinaa ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ “nkatabo” a Yehowa de ama yɛn no kata yɛn koma so yiye anaa.

8. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Yehowa akwankyerɛ?

8 Ɛtɔ da a, wote nka sɛ Yehowa akwankyerɛ akyekyere wo anaa ama wuntumi nyɛ nea wopɛ? Daniel adi mfe 21. Ɔka sɛ: “Esiane sɛ mede Bible akwankyerɛ bɔ me bra nti, na akyerɛkyerɛfo ne me mfɛfo sukuufo di me ho fɛw. Bere bi, ehu kaa me, na meyɛɛ basaa.” Seesei Daniel te nka sɛn? Ɔka sɛ: “Bere bi akyi no, mihuu mfaso a ɛwɔ so sɛ me de Yehowa akwankyerɛ bɔɔ me bra. Me ‘nnamfo’ binom fii ase nom nnubɔne; afoforo nso gyaee sukuu. Bere a mihuu nea wɔn abrabɔ kowiei no, me werɛ howee. Yehowa bɔ yɛn ho ban ankasa.” Madison yɛ onuawa a wadi mfe 15. Ɔka sɛ: “Sɛ m’atipɛnfo reyɛ nneɛma bi a ɛyɛ wɔn sɛ asɛm biara nni ho anaa biribi a wɔde regyigye wɔn ani kɛkɛ a, ɛyɛ a na ɛyɛ den ma me sɛ mɛtwe me ho afi wɔn ho na mede Yehowa akwankyerɛ abɔ me bra.” Ɛba saa a, dɛn na ɔyɛ? Ɔka sɛ: “Ɛyɛ a mekae me ho sɛ Yehowa din da me so, na ɛyɛ Satan na ɔresɔ me ahwɛ. Sɛ manyɛ nea wɔreyɛ no bi a, ɛma me koma tɔ me yam.”

Onuawa ababaa bi atipɛnfo rehyɛ no sɛ ɔnnom sigaret, nanso wammua wɔn

Trenee nkatabo (Hwɛ nkyekyɛm 6-8)

“MOMFA ASOMDWOE ASƐMPA NO NYƐ MO NAN ASE MPABOA”

9-11. (a) Sɛnkyerɛnne kwan so mpaboa bɛn na Kristofo hyɛ? (b) Sɛ yɛreka asɛmpa no a, dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛde ahotoso akasa?

9 Kenkan Efesofo 6:15. Sɛ Roma sraani nhyɛɛ ne mpaboa a, na ɛkyerɛ sɛ ɔnyɛɛ krado sɛ ɔbɛkɔ ɔko. Ná wɔde aboa nhoma a ɛfam so mmiɛnsa na ɛyɛ ɔsraani mpaboa, enti na ɛma otumi tia fam yiye. Sɛnea wɔyɛɛ mpaboa no ma etumi kyɛ, na ɔhyɛ nso a ne ho tɔ no.

10 Mpaboa a na Roma asraafo hyɛ no, na wɔde kɔ ɔko, nanso sɛnkyerɛnne kwan so mpaboa a Kristofo hyɛ no de, ɛboa wɔn ma wɔkɔka asomdwoe asɛm. (Yes. 52:7; Rom. 10:15) Ɛno mpo no, ebehia sɛ yenya akokoduru na sɛ hokwan bue a, yɛatumi adi adanse. Aberante bi a ne din de Bo adi mfe 20. Ɔka sɛ: “Ná misuro sɛ medi me mfɛfo sukuufo adanse. Ɛbɛyɛ sɛ na fɛre ntia. Ɛnnɛ midwen ho a, minhu nea enti a na ɛsɛ sɛ mefɛre. Seesei ɛyɛ me dɛ sɛ mitumi di m’atipɛnfo adanse.”

11 Mmabun bebree ahu sɛ, sɛ wosiesie wɔn ho yiye sɛ wɔbɛka asɛmpa no a, ɛnyɛ wɔn den koraa sɛ wobedi afoforo adanse. Dɛn na wubetumi ayɛ de asiesie wo ho? Julia yɛ ababaa a wadi mfe 16. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ a mede nhoma hyɛ me sukuu bag mu. Enti, sɛ me sukuufo rekyerɛ wɔn adwene wɔ nneɛma ho anaa wɔreka nea wogye di ho asɛm a, meyɛ aso tie. Afei mitumi hu nea ɛbɛboa wɔn. Sɛ masiesie me ho a, mitumi ka biribi pɔtee a ɛbɛboa wɔn kyerɛ wɔn.” Makenzie nso yɛ ababaa a wadi mfe 23. Ɔka sɛ: “Sɛ wudwen afoforo ho na woyɛ otiefo pa a, wubenya nea w’atipɛnfo refa mu ho adwene bi.Ɛyɛ a mehwɛ sɛ mɛkenkan nsɛm a wɔakyerɛw ama mmabun no nyinaa. Meyɛ saa a, mitumi twe m’atipɛnfo adwene kɔ asɛm bi a ɛbɛboa wɔn so; wɔ Bible mu anaa jw.org.” Sɛnea mmabun yi anom asɛm ama yɛahu no, sɛ wusiesie wo ho yiye sɛ wubedi adanse a, ɛte sɛ nea woahyɛ “mpaboa” a ɛne wo nan yɛ pɛ.

Onuawa ababaa bi reka owusɔre anidaso ho asɛm akyerɛ ne sukuuni

Momfa nyɛ mo nan ase mpaboa (Hwɛ nkyekyɛm 9-11)

“GYIDI KYƐM KƐSE NO”

12, 13. Satan “mmɛmma a ɛredɛw no,” ebi ne dɛn?

12 Kenkan Efesofo 6:16. “Kyɛm kɛse” a na Roma sraani kura no, na ne tenten mu ware sen ne tɛtrɛtɛ mu. Ná etumi kata ne mmati kosi ne nkotodwe. Sɛ atamfo de nkrante, mpeaw, ne mmɛmma anaa agyan kɔ ne so a, na ɛbɔ ne ho ban.

13 Satan betumi atotow “mmɛmma a ɛredɛw” aba wo so. Ebi ne sɛ ɔbɛma woanya Yehowa ho adwene a ɛnyɛ nokware; obetumi ama woanya adwene sɛ Yehowa nnwen wo ho, na ɔnnɔ wo. Ida yɛ ababaa a wadi mfe 19; ɔte nka sɛ ɔnsɛ hwee. Ɔka sɛ: “Metaa te nka sɛ Yehowa mmɛn me, na ɔmpɛ sɛ meyɛ n’Adamfo.” Sɛ ɔte nka saa a, dɛn na ɔyɛ? Ida ka sɛ: “Asafo nhyiam ahorow hyɛ me gyidi den pa ara. Bere bi a atwam no, mekɔ asafo nhyiam a na metena hɔ saa ara a memma mmuae. Ná m’adwene yɛ me sɛ obiara mpɛ me mmuae atie. Nanso seesei, misua ade ansa na makɔ asafo nhyiam, na mebɔ mmɔden sɛ mɛma mmuae mmienu anaa mmiɛnsa. Ɛyɛ den de, nanso sɛ mema mmuae a, me koma tɔ me yam. Anuanom nso hyɛ me nkuran pa ara. Bere biara a mɛkɔ asafo nhyiam aba fie no, mihu sɛ Yehowa dɔ me.”

14. Dɛn na yesua fi Ida asɛm no mu?

14 Ida asɛm no ma yehu nokwasɛm bi: Ɔsraani kyɛm de, sɛnea ne kɛse te no saa ara na ɛte, nanso yɛn gyidi a ɛte sɛ kyɛm no de, etumi yɛ ketewa anaa kɛse. Enti egyina yɛn so. (Mat. 14:31; 2 Tes. 1:3) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den!

Onuawa ababaa bi rema mmuae wɔ asafo nhyiam ase

Gyidi kyɛm kɛse no (Hwɛ nkyekyɛm 12-14)

“NKWAGYE DADE KYƐW”

15, 16. Adɛn nti na anidaso te sɛ dade kyɛw?

15 Kenkan Efesofo 6:17. Dade kyɛw a na Roma asraafo hyɛ no, wɔyɛe sɛ ɛbɛbɔ wɔn ti, wɔn kɔn, ne wɔn anim ho ban afi akode a atamfo bɛtotow akɔ wɔn so ho. Ná dade kyɛw no bi wɔ nsa a ɔsraani betumi aso mu akura wɔ ne nsam.

16 Sɛnea dade kyɛw bɔ ɔsraani adwene ho ban no, yɛn “nkwagye anidaso” no bɔ yɛn adwene anaa yɛn nsusuwii ho ban. (1 Tes. 5:8; Mmeb. 3:21) Anidaso ma yɛde yɛn adwene si Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow so, na sɛ yehyia ɔhaw a, ɛboa yɛn na yɛn abam ammu. (Dw. 27:1, 14; Aso. 24:15) Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛn “dade kyɛw” no yɛ adwuma yiye a, ɛsɛ sɛ yɛde hyɛ yɛn ti, ɛnsɛ sɛ yɛde kura yɛn nsam.

17, 18. (a) Dɛn na Satan betumi ayɛ de adaadaa yɛn ama yɛatu yɛn dade kyɛw no? (b) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ Satan nnaadaa yɛn?

17 Dɛn na Satan betumi ayɛ de adaadaa yɛn ama yɛatu yɛn dade kyɛw no? Yɛnhwɛ nea Satan de yɛɛ Yesu. Ná Satan nim pa ara sɛ Yesu wɔ anidaso sɛ obedi adesamma so daakye. Nanso na Yesu bɛtwɛn akosi sɛ Yehowa bere a wahyɛ bɛso. Ná Yesu behu amane na wawu ansa na wadi hene. Enti, Satan yɛe sɛ ɔbɛma Yesu anidaso no aba mu ntɛm ama no. Satan kaa sɛ, sɛ Yesu yɛ ade baako pɛ de som no a, obetumi ama wadi wiase so amonom hɔ ara. (Luka 4:5-7) Yɛn nso, Satan nim sɛ Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn nneɛma pa wɔ wiase foforo no mu. Nanso ehia sɛ yɛtwɛn, na enkosi sɛ saa bere no bɛba no, ebia yebehu amane. Enti Satan de nneɛma bi a ɛbɛma yɛn ho atɔ yɛn seesei sɔ yɛn hwɛ. Ɔpɛ sɛ yɛhwehwɛ honam fam nneɛma kan, na yenya ne nyinaa seesei ara. Satan mpɛ sɛ yɛde Ahenni no di kan, na mmom nea yɛn ankasa pɛ.—Mat. 6:31-33.

18 Satan nnaadaa Kristofo mmabun pii. Wɔn mu baako ne ababaa Kiana a wadi mfe 20. Ɔka sɛ: “Minim sɛ Onyankopɔn Ahenni no nko ara na ebetumi ayi yɛn haw nyinaa afi hɔ.” Anidaso pintinn a ɔwɔ no, seesei sɛn na aka ne nsusuwii ne ne nneyɛe? Ɔde ka ho sɛ: “Paradise ho anidaso no boa me ma minya honam fam botae ho adwene a ɛfata. Ɛnyɛ m’adwene ne sɛ mede me dom akyɛde bɛyɛ nea mepɛ anaa mede besi m’ani so sɛ mɛkɔ m’anim wɔ wiase yi mu. Mmom, mede me bere ne m’ahoɔden resom Yehowa.”

Onuawa ababaa bi retwa nneɛma a Ahenni no de bɛba ho mfoni wɔ n’adwenem

Nkwagye dade kyɛw (Hwɛ nkyekyɛm 15-18)

“HONHOM NO NKRANTE,” ONYANKOPƆN ASƐM

19, 20. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de Onyankopɔn Asɛm no adi dwuma yiye?

19 Bere a Paulo kyerɛw ne krataa no, na nkrante a Roma asraafo de kɔ ɔko no tenten bɛyɛ nsateakwaa 20 (sɛntimita 50). Nea enti a wɔyɛe ne sɛ wɔne wɔn atamfo de bɛbɔ atwɛre pupopupo anaa wɔde bedi atentam. Ade baako a na ɛma Roma asraafo tumi di ako yiye ne sɛ, da biara da na wɔsɔ wɔn akode hwɛ.

20 Paulo kyerɛe sɛ Onyankopɔn Asɛm a Yehowa de ama yɛn no te sɛ nkrante. Nanso, ɛsɛ sɛ yesua sɛnea yɛde bedi dwuma yiye bere a yɛrekyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu, anaa bere a yɛreteɛteɛ yɛn adwene. (2 Kor. 10:4, 5; 2 Tim. 2:15) Wobɛyɛ dɛn atumi de adi dwuma yiye? Sebastian yɛ aberante a wadi mfe 21. Ɔka sɛ: “Mekenkan Bible a, eti biara mekyerɛw nkyekyɛm baako to hɔ. Migu so rekyerɛkyerɛw kyerɛwnsɛm a ɛka me koma. Wei boa ma me ne Yehowa adwene hyia pa ara.” Daniel a yɛaka ne ho asɛm dedaw no ka sɛ: “Sɛ merekenkan Bible a, kyerɛwnsɛm a mihu sɛ ebetumi aboa nkurɔfo wɔ asɛnka mu no, mehyɛ no nsow. Mahu sɛ, sɛ nkurɔfo hu sɛ w’ani gye Bible ho, na woreyɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛboa wɔn a, wɔyɛ aso tie asɛm no.”

Onuawa ababaa bi de Bible redi dwuma wɔ asɛnka mu

Honhom no nkrante (Hwɛ nkyekyɛm 19-20)

21. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yesuro Satan ne adaemone no?

21 Mmabun anom nsɛm a yɛasusuw ho wɔ adesua yi mu ama yɛahu sɛ ɛnsɛ sɛ yesuro Satan ne adaemone no. Wɔwɔ tumi de, nanso yebetumi adi wɔn so nkonim. Wɔrentena ase daa. Ɛrenkyɛ, wɔde wɔn begu afiase, na wɔrentumi nhaw obiara wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu, na ɛno akyi no wɔbɛsɛe wɔn korakora. (Adi. 20:1-3, 7-10) Yenim yɛn tamfo, yenim n’akwan, ne n’adwene. Yehowa bɛboa yɛn ama yɛagyina pintinn ako atia no!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena