Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/80 kr. 1-4
  • ‘Monhyɛ Akode No Nyinaa’—Mprempren

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Monhyɛ Akode No Nyinaa’—Mprempren
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • “Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Yehowa Bɛbɔ Wo Ho Ban—Ɔbɛyɛ No Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Mmabun—Munnyina Pintinn Nko Ntia Ɔbonsam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 4/80 kr. 1-4

‘Monhyɛ Akode No Nyinaa’​—Mprempren

1 Nokware Kristofo mfa wɔn ho nhyɛ ɔhonam fam akodi mu. Nanso wɔwɔ akodi bi mu, na wɔde wɔn toto asraafo ho. Ɔsomafo Paulo daa no adi pefee sɛ Kristoni akodi nyɛ nea etia honam ne mogya, na mmom etia “ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom” no. (Efe. 6:12) Honhom mu akode a ɛbɔ onipa ho ban ho hia na yɛatumi adi ɔko yi mu nkonim. Ɛsɛ sɛ nsa ka akode no na yɛhyɛ no MPREMPREN, bere a akodi no rekɔ so no, na ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ ɛyɛ ade a ɛho behia daakye ara kwa.

2 Ma yensusuw nneɛma atitiriw a ɛho hia na yɛatumi agyina akodi no ano mprempren no binom ho.

3 DADE KYƐW: Ahobammɔ no fã a ɛho hia; ɛkyɛw a ɛbɔ ɔsraani ho ban wɔ akodi mu. Honhom mu no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn adwene ho ban wɔ nkɛntɛnso horow a ɛmfata ne bɔne nnaadaa ahorow ho. Ɛsɛ sɛ yɛnam ankorankoro, abusua ne asafo Bible adesua so de nneɛma pa hyɛ yɛn adwene mu. Hwɛ sɛnea eyi ma yehu hia a ehia sɛ yɛkɔ asafo nhyiam horow na yenya mu kyɛfa! Afei nso, hwɛ hia ara a nhyehyɛe ma abusua Bible adesua ne nkɔmmɔbɔ wɔ fie ho hia! Ankorankoro no, ɛsɛ sɛ yesusuw nokware no ne nkwagye anidaso a yɛwɔ no ho. Woyɛ eyi? “Nkwagye ho anidaso” a Onyankopɔn ama yɛanya no mu betumi ayɛ den yiye ma abɔ yɛn adwene ho ban sɛnea ‘dade kyɛw bɔ onipa ti ho ban.​—1 Tes. 5:8.

4 NKATABO: Ade a akofofo de kata wɔn bo, a ɛyɛ dade a wɔayɛ no te sɛ abona. “Trenee nkatabo” no yɛ Onyankopɔn honhom mu akode no fã. Hia a trenee ho hia sɛ ahobammɔ nkatabo no da adi kɛse bere a yesusuw sɛnea koma no tɔ kɔ bɔne so kɛse ho no. (Gen. 8:21;Yer. 17:9) Trenee a egyina daa nkwa ho nsiesie a Onyankopɔn ayɛ mu gyidi a ɛnam ne honhom so ba so no na ebetumi abɔ koma no ho ban na anni bɔne nkate horow akyi. (Rom. 6:15-20) So worebɔ mmɔden sɛ wubenyin Onyankopɔn trenee ho dɔ mu na wode adi dwuma daa wɔ wo ne afoforo nsennii mu?

5 ABƆSO: Abɔso yɛ ade a wɔde bɔ asen. Ne trɛw taa yɛ efi nsateakwaa abien kosi asia. Sɛ obi de abɔso kyekye n’asen anaa ɔde bɔ ne ho so a, ɛkyerɛ sɛ wasiesie ne ho ama dwumadi anaa adeyɛ bi. (1 Ahe. 18:46) Paulo tuu fo sɛ: “Munnyina hɔ, momfa nokware nkyekye mo asen.” Nokware no hyɛ Kristoni den wɔ ne tirim a wabɔ sɛ obegyina pintinn wɔ tebea horow a emu yɛ den nyinaa mu no ho.

6 KYƐM: Paulo kamfoo “gyidi kyɛm” no kyerɛe sɛ nea “mode betumi adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa.” Saa nso na Yehowa Nyankopɔn mu gyidi a yɛwɔ, yɛn ho nyinaa a yɛde to no so, no boa yɛn ma yegyina ahohiahia ahorow nyinaa mu. Saa gyidi yi nyɛ gye a yegye di ara kwa sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ hɔ. (Heb. 11:6) Ɛyɛ ahotoso a edi mu a yɛwɔ sɛ yɛn soro Agya no beyi ɔhaw biara a yebehyia afi hɔ, na obetumi ama yɛadi owu ankasa so nkonim mpo. (Mat. 10:28) Wowɔ gyidi a ɛte saa?

7NKRANTE: Kyerɛwnsɛm mu no wɔtaa ka nkrante ho asɛm sɛ nea wɔde di ako anaa obi de bɔ ne ho ban. Na bebree yɛ nkrante anofanu​—nea n’afanu nyinaa tumi twa​—na na ano yɛ nnam bere nyinaa. Wɔka wɔ Onyankopɔn Asɛm no ho sɛ “ano yɛ nnam sen nkrante.” Nea ɛka Kristofo honhom mu akode no ho ne “honhom mu nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm no.” (Efe. 6:17) Wotumi de di dwuma nnam so de da nokware no adi kyerɛ. Na wotumi de bɔ atoro nkyerɛ kyerɛ ne nnipa atetesɛm gu. April mu no bɔ mmɔden sɛ wode Bible bedi dwuma yiye wɔ asɛnka mu. Fa “nkrante” no di dwuma yiye fa kyerɛ nkurɔfo kwan kɔ nokware no so. Ɛdenam nea yenim, a yɛde kyerɛkyerɛ afoforo so no, yetumi ‘bɔ nkyerɛkyerɛ ne biribiara a ɛkorɔn a wɔma so tia Onyankopɔn ho nimdeɛ gu.’​—2 Kor. 10:5.

8 NAN ASE MPABOA: Mpaboa ho hia nso. Ɔsraani a ɔnam fam no nan na ɔde kɔ baabiara. Ɛsɛ sɛ otumi nantew ahoɔhare so. Sɛ ade a ɛbɛma ne honhom mu ahosiesie adi mu no, Kristoni sraani ‘de asɛmpa no ho ahodaso hyehyɛ ne nan.’ Anigye bɛn ara na ɛyɛ bere a yɛn anan de yɛn kɔ nkurɔfo afie ma yɛkɔboa wɔn. Bere a yehyia tebea horow a emu yɛ den no, kyɛfa daa a yenya wɔ”asɛmpa” a yɛka kyerɛ afoforo no mu no betumi aboa yɛn ma yɛagyina nokwaredi mu.

9 ‘Woasiesie wo ho koraa ama adwuma pa biara’? So woahyɛ akode ahorow no nyinaa pɛpɛɛpɛ? So wubedi nkonim wɔ akodi a emu yɛ den kɛse mu? Wuhu hia a ehia sɛ wohyɛ akode no nyinaa mprempren. Ɛyɛ aniberesɛm. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa ma wɔn ani da hɔ wɔ hia a ehia sɛ “wogyina pintinn” wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no ho. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ saa no, honhom mu akode a Yehowa de ma no ho hia. Akode koro biara wɔ n’afã. Hwɛ sɛ wobɛhyɛ ne nyinaa. Gyina pintinn wɔ wo tirim a woabɔ sɛ wubekura wo gyidi mu no mu. Di ahonhommɔne a wo ne wɔn redi ako no so nkonim da biara da, ne ɔko a etwa to a ɛreba no mu!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena