Wo Ne Yehowa Nyɛ Adwuma Da Biara Da
“Yɛyɛ Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.”—1 KOR. 3:9.
1. Dɛn na yebetumi ayɛ na yɛne Yehowa ayɛ adwuma?
BERE a Ɔbɔadeɛ no bɔɔ nnipa a wɔyɛ pɛ no, na ɔpɛ sɛ wɔne no bom yɛ adwuma ma n’atirimpɔw ba mu. Ɛnnɛ, ɛwom sɛ nnipa nyɛ pɛ de, nanso anokwafo betumi ne Yehowa ayɛ adwuma da biara da. Sɛ yɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no na yɛyɛ asuafo a, na yɛyɛ “Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo.” (1 Kor. 3:5-9) Wo de, hwɛ hokwan a yɛanya sɛ Onii a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no bebu yɛn sɛ yɛfata sɛ yɛne no bom yɛ adwuma a ɛho hia pa ara no! Nanso, asɛmpa no a yɛbɛka na yɛayɛ asuafo no, ɛnyɛ ɛno nko ara ne ɔkwan a yɛfa so ne Yehowa yɛ adwuma. Adesua yi bɛma yɛahu akwan foforo a yebetumi afa so ne Yehowa ayɛ adwuma. Ebi ne sɛ yɛbɛboa yɛn abusua ne asafo no mufo, yɛbɛyɛ afoforo hɔho, yebetu yɛn ho ama aboa ahyehyɛde no ama wɔasisi adan, na yɛatrɛw yɛn som adwuma mu.—Kol. 3:23.
2. Adɛn nti na ɛnyɛ papa sɛ wode nea wutumi yɛ wɔ Yehowa som mu toto afoforo de ho?
2 Bere a yɛresusuw saa asɛmti yi ho no, ɛnsɛ sɛ wode nea wutumi yɛ ma Yehowa toto afoforo de ho. Kae sɛ, ɛsono obiara mfe a wadi, sɛnea n’apɔwmuden te, ne nsɛm tebea, ne ne nimdeɛ. Honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkaa sɛ: “Ma obiara nsɔ n’ankasa adwuma nhwɛ, ɛno na obenya biribi de ahoahoa ɔno ara ne ho, na ɛnyɛ sɛ ɔde ne ho bɛtoto obi ho.”—Gal. 6:4.
BOA W’ABUSUA NE ASAFO NO MUFO
3. Adɛn nti na yebetumi aka sɛ obiara a ɔhwɛ n’abusua ne Onyankopɔn abom reyɛ adwuma?
3 Yehowa hwɛ kwan sɛ n’asomfo bɛhwɛ wɔn mmusua. Ade baako ne sɛ, ebia ɛsɛ sɛ woyɛ adwuma de hwɛ w’abusua. Mmaatan pii tena fie hwɛ wɔn mma nkumaa. Afei nso, ebia ebehia sɛ ebinom a onyin anaa yare ama wɔn awofo agogow tena wɔn ho hwɛ wɔn. Wei yɛ asɛyɛde a ɛho hia pa ara. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa, ne ne titiriw no, ne fiefo a, wapa gyidi no, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni mpo.” (1 Tim. 5:8) Sɛ asɛyɛde a ɛte saa gu wo so a, ebia worentumi nnya bere pii mfa nyɛ Yehowa som adwuma sɛnea wopɛ. Nanso, ka wo koma to wo yam! Sɛ wohwɛ w’abusua a, Yehowa ani sɔ.—1 Kor. 10:31.
4. Dɛn na awofo betumi ayɛ de Ahenni no adi kan, na dɛn na ebefi mu aba?
4 Sɛ awofo a wɔyɛ Kristofo boa wɔn mma ma wɔde botae sisi wɔn ani so wɔ Yehowa som mu a, na wɔne Yehowa reyɛ adwuma. Awofo pii a wɔayɛ saa ahu sɛ akyiri yi wɔn mmabarima ne wɔn mmabea reyɛ bere nyinaa som adwuma no wɔ akyirikyiri. Ebi yɛ asɛmpatrɛwfo; ebi nso yɛ akwampaefo wɔ baabi a wohia adawurubɔfo pii; afoforo nso som wɔ Betel. Esiane sɛ wɔn ntam kwan ware nti, ebia abusua no ntaa nhyia sɛnea wɔpɛ. Nanso, awofo a wɔwɔ ahofama saa no hyɛ wɔn mma nkuran sɛ wɔnkɔ so nyɛ wɔn som adwuma no. Adɛn ntia? Sɛ wohu sɛ wɔn mma no de Ahenni no redi kan a, wɔn ani gye pa ara, na wɔn koma tɔ wɔn yam. (3 Yoh. 4) Ebia saa awofo yi pii te nka te sɛ Hanah a ɔkaa sɛ ɔde ne ba Samuel “rema” Yehowa no. Hokwan a saa awofo yi anya ne Yehowa reyɛ adwuma no, wobu no sɛ ɛsom bo pa ara. Nea wɔpɛ pa ara ne no.—1 Sam. 1:28.
5. Dɛn na wubetumi ayɛ de aboa anuanom a wɔwɔ w’asafo mu? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)
5 Sɛ wunni abusua mu asɛyɛde a egye bere pii a, wubetumi aboa asafo no mufo a wɔrehwɛ wɔn a wɔyare, anaa wubetumi aboa wɔn a wɔyare, wɔn a wɔn mfe akɔ anim, anaa afoforo a wohia mmoa foforo bi? Wubetumi de w’ani ato fam ahwehwɛ wɔn a wohia mmoa wɔ w’asafo mu anaa? Ebia onuawa bi wɔ w’asafo mu a ɔrehwɛ n’awofo a wɔn mfe akɔ anim. Wubetumi atena onuawa no awofo ho ahwɛ wɔn na ama onuawa no anya kwan ayɛ nneɛma foforo. Anaa ebia wubetumi aboa obi de no akɔ asafo nhyiam anaa woakodi gua ama no. Wubetumi nso ama wasomasoma wo anaa wode no akɔ ayaresabea ama wakɔhwɛ obi. Sɛ woyɛ saa a, ebia na Yehowa nam wo so rebua obi mpaebɔ.—Kenkan 1 Korintofo 10:24.
GYE AFOFORO HƆHO
6. Dɛn na yebetumi ayɛ de agye afoforo hɔho?
6 Wonim Onyankopɔn mfɛfo adwumayɛfo sɛ wɔpɛ ahɔhoyɛ. Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no, asɛmfua a wɔakyerɛ ase “ahɔhoyɛ” no kyerɛ “ayamye a yɛda no adi kyerɛ nnipa a yennim wɔn.” (Heb. 13:2) Nhwɛso pii wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛma yehu sɛnea yebegye afoforo hɔho. (Gen. 18:1-5) Yebetumi aboa afoforo bere biara a yebenya hokwan no; sɛ́ wɔne yɛn “bɔ abusua wɔ gyidi mu” anaa ɛnte saa no, ɛsɛ sɛ yɛboa wɔn.—Gal. 6:10.
7. Sɛ wugye bere nyinaa asomfo a wɔrepɛ baabi atena hɔho a, nhyira bɛn na wubenya?
7 Wubetumi ne Onyankopɔn ayɛ adwuma na ama woagye bere nyinaa asomfo a wɔrepɛ baabi atena hɔho anaa? (Kenkan 3 Yohane 5, 8.) Yɛyɛ saa a, ɛtaa ma ‘obiara nya nkuranhyɛ fi ne yɔnko hɔ.’ (Rom. 1:11, 12) Yɛnhwɛ osuahu bi a Olaf nyae. Ɔkaa sɛ mfe pii a atwam no, bere a ɔmansin sohwɛfo bi a ɔnwaree bɛsraa wɔn asafo no, na obiara nni asafo no mu a obetumi ama no baabi atena. Olaf a na ɔyɛ aberantewaa saa bere no bisaa n’awofo a wɔnyɛ Adansefo no sɛ wobetumi ama ɔmansin sohwɛfo no abɛtena wɔn fie anaa. N’awofo penee so, nanso wɔka kyerɛɛ Olaf sɛ gye sɛ ɔno da akongua mu. Olaf yɛɛ saa, na ɛboaa no pa ara. Olaf kaa sɛ: “Saa nnawɔtwe no, m’ani gyei pa ara! Da biara na me ne ɔmansin sohwɛfo no sɔre ntɛm; sɛ yɛredidi a, na yesusuw nsɛm pii ho, na na ɛyɛ anigye pa ara. Nkuranhyɛ a minyae no kanyan me ma meyɛɛ bere nyinaa som adwuma.” Mfe 40 ni, Olaf ayɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ aman pii so.
8. Sɛ yeyi yɛn yam boa afoforo, na mfiase no wɔankyerɛ ho anisɔ mpo a, adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yegyae? Ma ɛho nhwɛso.
8 Wubetumi ayi wo yam ayɛ ahɔho papa wɔ akwan pii so. Sɛ woyɛ saa na mfiase no, wɔankyerɛ ho anisɔ mpo a, mpa abaw. Yɛnhwɛ nhwɛso yi. Da bi, ná ɔdawurubɔfo bi a ɔwɔ Spain ne ne suani a ne din de Yesica resua ade. Yesica fi Ecuador. Wɔresua ade nyinaa, na ɔresu saa ara. Ɔdawurubɔfo no bisaa no nea enti a ɔresu. Yesica kaa sɛ ansa na ɔretu aba Spain no, na ahia no pa ara. Da bi de, na onni aduan biara a ɔde bɛma ne ba, gye nsu nko ara. Yesica yɛe sɛ ɔbɛdeda ne babea no; ɔreyɛ saa nyinaa na ɔrebɔ mpae hwehwɛ mmoa. Ɛno akyi no, ankyɛ koraa na Adansefo mmea mmienu bi baa Yesica nkyɛn, nanso ɔyɛɛ aniammɔho kyerɛɛ wɔn. Ɔtetew nsɛmma nhoma a wɔde maa no mu. Yesica bisaa wɔn sɛ: “Wei yɛ aduan a metumi de ama me ba?” Anuanom mmea no yɛe sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso ankosi hwee. Akyiri yi, anuanom mmea no de aduan guu kɛntɛn mu kosii ne pon ano. Sɛnea woyii wɔn yam boaa Yesica no kaa ne koma pa ara. Ɛno na bere a wɔresua ade no ɔkaee nti a na ɔresu no. Ɛyɛɛ no yaw sɛ bere a Onyankopɔn buaa ne mpae no, wanhu. Nanso, afei de na wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛsom Yehowa. Hwɛ sɛnea wɔn yam a woyi boaa no no sow aba pa!—Ɔsɛnk. 11:1, 6.
TU WO HO MA BOA AHYEHYƐDE NO MA WONSISI ADAN
9, 10. (a) Bere a wɔrekyerɛw Bible no, mmere bɛn saa na ɛho behiae sɛ Onyankopɔn nkurɔfo tu wɔn ho ma? (b) Ɛnnɛ, nnwuma bɛn saa na anuanom mmarima tu wɔn ho ma yɛ wɔ asafo no mu?
9 Tete no, Israelfo nyaa hokwan mpɛn pii a wɔde betu wɔn ho ama. (Ex. 36:2; 1 Be. 29:5; Neh. 11:2) Ɛnnɛ, hokwan pii wɔ hɔ a wo nso wubetumi atu wo ho ama de wo bere, w’ahode, ne wo nimdeɛ aboa wo nuanom Kristofo. Sɛ wutu wo ho ma a, w’ani begye pa ara na wubenya nhyira pii.
10 Onyankopɔn Asɛm hyɛ mmarima a wɔwɔ asafo no mu nkuran sɛ wɔne Yehowa nyɛ adwuma mma wɔmpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo. (1 Tim. 3:1, 8, 9; 1 Pet. 5:2, 3) Wɔn a wɔyɛ saa no pɛ sɛ wɔboa afoforo wɔ Yehowa som mu ne wɔn asetena mu. (Aso. 6:1-4) Asafo mu mpanyimfo no abisa wo sɛ w’ani begye ho sɛ wobɛboa ama wɔagye ahɔho anaa wobɛboa ama wɔahwɛ nhoma so? Anaa wɔabisa wo sɛ w’ani begye ho sɛ wobɛboa ama wɔahwɛ asafo no asasesin so, anaa wobɛboa ama wɔasiesie nneɛma a asɛesɛe anaa biribi a ɛte saa? Anuanom a wɔyɛ saa nnwuma yi bɛka akyerɛ wo sɛ, sɛ woboa afoforo a, w’ani begye pa ara.
Sɛ wutu wo ho ma boa ahyehyɛde no a, ɛma wunya nnamfo foforo pii (Hwɛ nkyekyɛm 11)
11. Onuawa bi aboa ama wɔasisi adan ama ahyehyɛde no, na ama wanya nnamfo bebree. Aboa no sɛn?
11 Wɔn a wotu wɔn ho ma boa ahyehyɛde no ma wosisi adan no, wɔtaa nya nnamfo foforo. Yɛnhwɛ onuawa bi a ne din de Margie. Ɔde mfe 18 aboa ama wɔasisi Ahenni Asa. Mfe pii a ɔde ayɛ saa ɔsom adwuma yi nyinaa no, wama n’ani akũ anuanom mmabaa ho, na watete pii. Margie ahu sɛ saa adwuma no ama wanya hokwan ahyɛ afoforo gyidi den, na afoforo nso ahyɛ no den. (Rom. 1:12) Sɛ Margie hyia nsɛnnennen wɔ n’asetenam a, ne nnamfo a onyae bere a ɔboa ma wosisii Ahenni Asa no hyɛ no nkuran. Woatu wo ho ama aboa ma wɔasisi adan ama ahyehyɛde no pɛn? Sɛ wowɔ adansi ho nimdeɛ oo, sɛ wunni bio oo, wubetumi atu wo ho ama anaa?
12. Atoyerɛnkyɛm bi si a, dɛn na wubetumi ayɛ de aboa?
12 Sɛ atoyerɛnkyɛm si a, Onyankopɔn nkurɔfo nya hokwan pii ne Onyankopɔn yɛ adwuma de boa wɔn nuanom wɔ akwan pii so. Ebi ne sɛ, wɔde sika boa wɔn a asɛm ato wɔn no. (Yoh. 13:34, 35; Aso. 11:27-30) Ade foforo a wɔyɛ ne sɛ, wɔboa ma wosiesie nneɛma a asɛe anaa wɔboa ma wosisi adan a asɛe no. Gabriela fi Poland. Nsu yiri sɛee onuawa yi fie pasaa. Nanso, bere a anuanom fi asafo a ɛbemmɛn hɔ bɛboaa no no, n’ani gyei pa ara. Ɔkaa sɛ: “Mempɛ sɛ mɛka nea mahwere ho asɛm; ɛyɛ honam fam nneɛma kɛkɛ. Mmom, mepɛ sɛ meka nea manya ho asɛm. Nea mahu yi ama manya awerɛhyem sɛ, sɛ wowɔ Kristofo asafo no mu a, ɛyɛ hokwan soronko. Afei nso, ɛma w’ani gye ankasa.” Nnipa pii a wonyaa mmoa bere a atoyerɛnkyɛm bi sii no ka sɛ wɔn koma tɔɔ wɔn yam pa ara. Wɔn a wɔne Yehowa yɛ adwuma de boa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no nso koma tɔ wɔn yam pa ara.—Kenkan Asomafo Nnwuma 20:35; 2 Korintofo 9:6, 7.
13. Yetu yɛn ho ma a, ɔkwan bɛn so na ɛhyɛ yɛne Yehowa abusuabɔ mu den? Ma ɛho nhwɛso.
13 Stephanie ne adawurubɔfo foforo ani gyei sɛ wɔne Onyankopɔn yɛɛ adwuma de boaa Adansefo a ɔko pam wɔn fii wɔn man mu baa United States no. Wɔboaa mmusua no ma wɔhwehwɛɛ baabi a wɔbɛtena, na wɔboaa wɔn ma wonyaa nneɛma a wɔde besiesie wɔn dan mu. Stephanie kaa sɛ: “Ɔdɔ a yɛdaa no adi kyerɛɛ anuanom a ɔko apam wɔn afi wɔn man mu no, ɛmaa wɔn ani gyei na wɔkyerɛɛ ho anisɔ. Wei kaa yɛn koma pa ara. Anuanom a ɔko apam wɔn no adwene yɛ wɔn sɛ yɛaboa wɔn, nanso sɛ yɛreka pa ara a, wɔn mmom na wɔaboa yɛn kɛse.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛnea anuanom ada ɔdɔ, baakoyɛ, ne gyidi adi, ne wɔn ho a wɔde ato Yehowa so no ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa mu ayɛ den ankasa. Wei ama yɛanya anisɔ kɛse ama nea Yehowa ahyehyɛde no yɛ ma yɛn nyinaa.”
TRƐW WO SOM ADWUMA MU
14, 15. (a) Suban bɛn na na odiyifo Yesaia wɔ? (b) Dɛn na Ahenni asɛmpakafo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ de asuasua Yesaia?
14 W’ani begye ho sɛ wubeyi wo yam pa ara ne Yehowa ayɛ adwuma? W’ani begye sɛ wubetu akɔsom Yehowa wɔ baabi a wohia adawurubɔfo pii wɔ n’ahyehyɛde mu? Ɛwom, enhia sɛ Onyankopɔn asomfo tu kɔtena akyirikyiri baabi ansa na wɔatumi ayi wɔn yam asom Yehowa. Nanso, anuanom binom tebea bɛma wɔn kwan ama wɔatu wɔn ho ama akɔ akyirikyiri saa. Wɔwɔ odiyifo Yesaia suban no bi. Yehowa bisaa sɛ, “Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Yesaia gyee so sɛ: “Mini, soma me.” (Yes. 6:8) Wo koma ka wo sɛ boa Yehowa ahyehyɛde no, na wubetumi ayɛ saa anaa? Adwuma bɛn na ɛwɔ hɔ a wubetumi aboa?
15 Yesu kaa asɛmpaka ne asuafoyɛ adwuma no ho asɛm sɛ: “Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua. Enti monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Mat. 9:37, 38) Wubetumi akɔyɛ akwampae adwuma wɔ baabi a wohia adawurubɔfo pii? Anaa wubetumi aboa obi ama wayɛ saa? Anuanom mmarima ne mmea pii anya adwene sɛ ɔkwan pa a wobetumi afa so akyerɛ sɛ wɔdɔ Onyankopɔn ne wɔn yɔnko nnipa ne sɛ wɔbɛyɛ akwampae adwuma wɔ mmeae anaa nsasesin a wohia adawurubɔfo pii mu. Akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so atrɛw wo som adwuma mu anaa? Sɛ woyɛ saa a, w’ani begye pa ara.
16, 17. Sɛ wopɛ sɛ wotrɛw ɔsom adwuma a woyɛ ma Yehowa no mu a, hokwan foforo bɛn na ɛwɔ hɔ?
16 W’ani begye ho sɛ wode bere tiaa, anaa da koro anaa nnanu bɛkɔ Betel akɔboa, anaa wobɛboa ahyehyɛde no ama wɔasisi adan? Bere nyinaa, ahyehyɛde no hia nnipa a wobetumi akɔsom Yehowa wɔ baabiara a wɔde wɔn bɛkɔ na wɔayɛ adwuma biara a wɔde bɛma wɔn. Sɛ wɔde anuanom kɔ baabi a ɛte saa na sɛ adwuma foforo ho nimdeɛ ne osuahu na wɔwɔ mpo a, adwuma pɔtee a ɛwɔ baabi a wɔde wɔn akɔ no na wɔbɛma wɔayɛ. Ne nyinaa mu no, Yehowa ani sɔ wɔn a woyi wɔn yam tu wɔn ho ma kɔsom wɔ baabiara a mmoa ho hia no.—Dw. 110:3.
17 Wopɛ sɛ wunya ntetee foforo na ama woatumi ayɛ wo som adwuma yiye anaa? Sɛ saa na wopɛ a, wubetumi abisa kwan akɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu. Saa sukuu no tete anuanom mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atrɛw wɔn som adwuma mu. Wɔn a wobisa kwan sɛ wɔbɛkɔ saa sukuu yi bi no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ krado sɛ, sɛ wowie sukuu no a, baabiara a wɔde wɔn bɛkɔ no, wɔbɛkɔ. W’ani gye ho sɛ wobɛfa saa kwan yi so ayɛ pii wɔ Yehowa som mu anaa?—1 Kor. 9:23.
18. Sɛ wo ne Yehowa yɛ adwuma da biara da a, dɛn na wubenya?
18 Esiane sɛ yɛyɛ Yehowa nkurɔfo nti, da biara da yedwen afoforo ho. Ɛma yɛyɛ wɔn papa, yɛyɛ wɔn yiye, na yɛda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛma yɛn ani gye, na yenya asomdwoe. (Gal. 5:22, 23) Tebea biara a wowom no, sɛ wusuasua Yehowa ayamye, na wokɔ so yɛ Yehowa yɔnko dwumayɛni a ɔsom bo a, w’ani begye pa ara!—Mmeb. 3:9, 10.