Da a Yɛbɛda No Adi Sɛ Yesusuw Yɛn Mmofra No Ho
1 Adawurubɔfo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no fã kɛse no ara nnya nnii mfe 20. Suban a nkurɔfo wɔ a hwee mfa wɔn ho, ne wiase nhyɛso horow, ɔhonam fam adepɛ dodow, ne mmarima ne mmea ntam nneyɛe a ɛmfata yɛ nneɛma a mmofra yi hyia. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yesusuw wɔn ho?
2 Mmerante ne mmabaa bebree a wɔwɔ Yehowa ahyehyɛde no mu nnɛ no akyerɛ anisɔ kɛse wɔ mmoa a nnipa ahorow ahorow a wɔwɔ Kristofo asafo no mu de maa wɔn no ho. Ɔpanyin bi kyerɛɛ onua abarimaa bi ho anigye ma ɔkɔfaa no ne no kɔyɛɛ adwuma wɔ Ahenni Asa so. Mfe bi akyi no onua abarimaa yi kae sɛ “onua no anigye ne afoforo ho a osusuw no na ɛboaa me ma minyaa Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho anisɔ kɛse.”
3 Ɛyɛ ampa sɛ mmofra a wɔbɛtete wɔn no ho asodi da awofo so titiriw. Wɔn na ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔyɛ agodi ne nnwuma afoforo ho nhyehyɛe ma wɔn mma. Nanso yɛn nyinaa betumi akyerɛ sɛ yesusuw yɛn mmofra no ho. Yɛbɛyɛ dɛn ada wɔn ho anigye a yɛwɔ yi adi?
DƐN NA AFOFORO BETUMI AYƐ?
4 Yɛn “Anidaso a Nkwa Wom” Ɔmantam Nhyiam horow wɔ afe a etwaam no mu no ase no, wɔyɛɛ drama bi a wɔtoo din: “Nneɛma a Ayisaa Hia—So Wubetumi Aboa No?” Saa drama no maa yɛn nyansahyɛ ahorow bi a ɛho wɔ mfaso wɔ nneɛma nketenkete a mpanyimfo ne afoforo betumi ayɛ de akyerɛ anigye a wɔwɔ wɔ mmofra a wowɔ Kristofo asafo no mu no ho.
5 Esiane sɛ mmofra no nso yɛ Kristofo asafo no fã nti, hwɛ fɛ ara a ɛyɛ sɛ mpanyimfo no de wɔn mu biako anaa baanu bɛka wɔn a wɔne wɔn bɔ nkɔmmɔ wɔ nhyiam horow ase no ho. Ɛtɔ da bi a kyia a wobekyia wɔn anaa nkuranhyɛ asɛm tiaa a wɔbɛka akyerɛ wɔn dɔɔso. Nanso mpɛn pii no nkɔmmɔbɔ a ɛkɔ akyiri kakra da anigye ne ntease ankasa adi. Sɛ nhwɛso no, mpanyimfo betumi abisa wɔn dwumadi wɔ sukuu ne nneɛma bi a ɛhaw wɔn ho asɛm, na wɔde nyansahyɛ ahorow a ɛho wɔ mfaso ama, sɛ ɛbɛyɛ yiye a.
6 Wɔda mmofra ho anigye adi denam adwuma a wɔne wɔn yɛ daa wɔ asɛnka mu no so. Wobetumi ama wɔaboa wɔ Ahenni Asa ho adwuma bi a ɛho hia yɛ mu. Yiw, nneɛma pii wɔ hɔ a mpanyimfo ne asafo mu asomfo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔn ani gye mmofra no ho ampa. Saa na ɛte wɔ yɛn nyinaa fam.
7 Asafo horow pii mu no mmerante ne mmabaa wɔ hɔ a wɔrebɔ mmɔden, wɔrenya nkɔso fɛfɛ, na wobetumi aboa mmofra afoforo a wɔwɔ asafo no mu. So wobɛpɛ sɛ woboa afoforo? Ebia wubetumi ato nsa afrɛ wɔn ne wɔn akɔ adansedi anaasɛ wubetumi ne wɔn ayɛ nnwuma afoforo.
DƐN NA MMOFRA BETUMI AYƐ?
8 Mmofra, yɛpɛ sɛ yɛboa mo! Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ saa no yehia mo mmoa. Ɛho hia sɛ nkitahodi pa ba. Ka nokware kyerɛ wɔn a wobetumi aboa wo.
9 Awofo, mpanyimfo, asafo no mufo nyinaa, yɛn mmofra no hia yɛn mmoa! Momma yɛmmoa wɔn na wɔmmɛyɛ Yehowa asomfo a wɔsɔ ani denam kyerɛ a yɛbɛkyerɛ sɛ yedwen wɔn ho no so.—Ɔsɛnk. 12:1.