Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Asafo Nhoma Horow A Wɔde Di Dwuma So
1 Yɛasua Kyerɛwsɛm mu nokware ahorow pii anaasɛ yɛate ase denam nsɛm a wɔatintim wɔ Asafo nhoma horow mu no so. So wuhu sɛ wohwɛ kwan na wubu nhoma biara a Asafo no bɛyɛ sɛ ɛsom bo anaa? Nhoma horow no kura nsɛm a ɛboa yɛn ma yɛyɛ Kristofo pa. Yebetumi de anigye akamfo akyerɛ afoforo.
FA DI DWUMA YIYE
2 Anuanom mmarima ne mmea pii de dakoro anaa nnannu si hɔ dapɛn biara mu de kyekyɛ nsɛmma nhoma anaa nhoma afoforo afie afie anaa mmɔnten so ne baguam mmeae horow. Eyi asow aba pa. Ama nkurɔfo nsa aka nsɛmma nhoma pii a emu nsɛm no ho hia, na ama wɔatumi de nhoma ahorow a ɛsom bo a ɛbɛboa wɔ Bible sua mu amema nnipa a wɔwɔ ho anigye. Nhoma a yɛde ma nkurɔfo no yɛ mmoa a yɛpɛ sɛ yɛde ma wɔn no mfiase. Fa hokwan no di dwuma yiye denam wɔn nkyɛn a wobɛsan akɔ na woabɔ mmɔden sɛ wubefi ofie Bible adesua ase no so.
3 Ɔkwan a etu mpɔw a wɔnam so de nsɛmma nhoma ma ne sɛ ‘woankasa wubehu emu nsɛm no yiye na wode nea ɛfata obiara adi dwuma. Kɔ onii nkyɛn adamfofa kwan so, kyerɛ no asɛm a ɛwɔ mu no na fa nsɛmma nhoma no ma no anigye so. Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nhyehyɛe de foforo a ɛbɛba no bi akɔma no na hyɛ no nkuran ma ɔnkenkan nea ne nsa aka no.
NEA MOKRA
4 Bere a wotumi de nhoma horow ma wɔ bɔnnɔ so adansedi mu (na wɔayɛ saa ma asow aba pa) no, nhoma horow no a wɔde kɔ afie afie na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde befi ofie Bible adesua ase no ayɛ nea etu mpɔw sen biara. Siesie wo ho sɛ wo ne ofiewura no bɛbɔ nhoma no mu asɛm bi a wugye di sɛ ɛbɛkanyan n’anigye no ho nkɔmmɔ adamfofa kwan so. Kyerɛ no nea Bible ka wɔ asɛm no ho ne sɛnea nhoma no betumi aboa ma wanya ɛho nsɛm pii. Yɛ sɛnea wɔyɛ adesua no ho ɔyɛkyerɛ na yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan akɔtoa nkɔmmɔbɔ no so. Yɛn nuanom mmarima ne mmea pii nam saa kwan yi so refi adesua horow pii ase na ɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wotumi kasa kyerɛ nnipa pii, de Ahenni ho asɛmpa no ma wɔn. Fa hokwan biara a wubenya boa nkurɔfo ma wonsua Bible no na wommehu Yehowa ne Yesu Kristo na wɔanya daa nkwa.—Yoh. 17:3.
5 So mode nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo a mugye no nyinaa ma? So wubetumi ama wo mmɔdenbɔ wɔ ne kyekyɛ mu akɔ anim? Ɛnde hwehwɛ akwan horow a wubetumi afa so de ama na ma wɔn a wotumi de nsɛmma nhoma pii ma no mmoa wo. Hu asɛnka adwuma sohwɛfo no na yɛ nsakrae a ɛho hia wɔ dodow a wugye no mu. Na nhoma horow no nso ɛ? Fa ma bere nyinaa, na twe adwene kɔ emu nsɛm ahorow so. Ma asɛnka adwuma sohwɛfo no nhu nea wuhia na ɔbɛhwɛ ma wo nsa aka nhoma a wubehia de akɔ adansedi denam kra a obedi kan akra afi Asafo ti ntɛm no so.
6 Dɛn na wubetumi ayɛ na wode nhoma horow no adi dwuma ma atu mpɔw? (1) Bɔ mmɔden sɛ wode nhoma horow no bedi dwuma bere a nnipa pii wɔ fie. (2) Sɛ woreyɛ adwuma wɔ abɔnten so a, kɔ nkurɔfo nkyɛn, wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ bere a wode nhoma ne nsɛmma nhoma rekyerɛ wɔn. (3) Sɛ ɛho hia a, yɛ nsakrae wɔ nea wugye no mu na wo nsa aka dodow a wubetumi de adi dwuma yiye. Yehowa nhyira mmɔden a wobɔ sɛ wode nhoma horow a ɛho hia yi bedi dwuma nyansa mu no so.