Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Afoforo Ho Anigye A Yɛkyerɛ So (Ɔfã 1)
1 Bere a yɛreda yɛn ho adi wɔ ɔpon ano no, ɛsɛ sɛ yesusuw afoforo nkate ho daa. Akyinnye biara nni ho sɛ nkurɔfo hu sɛ ebia yɛwɔ wɔn ho anigye sɛ nnipa anaasɛ ebia yekura adwene foforo bi, sɛ ebia asɛm a yɛpɛ sɛ yɛka kyerɛ wɔn anaa nhoma a yɛpɛ sɛ yɛde ma wɔn. Ɛda adi sɛ, sɛnea ɛbɛyɛ na ofiewuranom atie yɛn na wɔakyerɛ anigye no, ɛho hia sɛ yɛkyerɛ wɔn ho anigye.
2 Yɛyɛ eyi dɛn? Mpɛn pii no ɛdenam ade a wɔn ani gye ho a yebehu na yɛagyina so ne wɔn abɔ nkɔmmɔ so. Ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ eyi ne sɛ yɛbɛma yɛn ani ada hɔ. Bere a yɛrekɔ fie hɔ no, dɛn na yɛhwɛ? So nneɛma a mmofra de di agoru gugu hɔ? So woaka dan no ho foforo? So nkrado pii gugu apon no ano? So wuhu biribi a ɛkyerɛ asɔre a wɔkɔ? so nkyerɛwee bi wɔ ɔpon no ano anaa kar no ho a ɛkyerɛ biribi?
3 Ɛnyɛ bere nyinaa na saa nneɛma yi bɛma yɛahu tebea a ɛwɔ fie hɔ no nyinaa. Nanso, nea yehu no betumi aboa ma yɛahu sɛnea yebefi yɛn asɛm no ase bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya biribi a wɔn ani gye ho agyina so afi nkɔmmɔbɔ ase no. Kae nso sɛ, biribi a ɛyɛ fɛ a yɛkamfo wɔn wɔ ho no taa ma nkurɔfo ani gye. Asɛmpa bi a yɛka wɔ wɔn mma ho, anaa sɛnea wɔasiesie fie hɔ fɛfɛ no ho asɛm a yɛka no betumi ama ofiewura no ani agye sɛ obetie wo sen asɛm foforo biara a wobɛka.
4 Kae sɛ ɛsono nneɛma a mmarima, mmea ne mmofra ani gye ho. Sɛ nhwɛso no, mmarima a wɔn ani afi ne mmea taa dwen sikasɛm ho kɛse. Adwumayɛfo taa susuw wɔn adwuma ne anigye a wobenya ho titiriw. Ɛnanom ani gye ofie, mmofra ne nneɛma a ɛhaw adwene te sɛ owu, ɔyare, asiane ahorow ne nsɛmmɔnedi ho. Mmofra pɛ sɛ wohu nea enti a yɛwɔ ha, faako a yɛrekɔ ne nea ɛbɛba daakye.
5 Ɔhwɛfo kwantufo bi kae sɛ: “Ɛnyɛ wɔn a wɔnam ɔkwan pɔtee bi so di dwuma wɔ adansedi mu no na wɔn dwumadi taa tu mpɔw. Na mmom adawurubɔfo a wɔkyerɛ nkurɔfo ho dɔ, woyi adamfofa su adi na ɛyɛ wɔn pɛ sɛ wɔbɛboa na wɔahyɛ nkuran. Ɛnyɛ wɔn nsrahwɛ no atirimpɔw titiriw ne sɛ wɔde nhoma bɛma, na mmom sɛ wɔne nnipa a wohyia wɔn no bɛkasa na wɔakyerɛ wɔn nsɛm a ɛhaw wɔn, wɔn da biara da asetra, ne wɔn mmusua ho anigye.”
6 So wubetumi ayi ɔdɔ adi kɛse akyerɛ wo yɔnko nnipa denam wɔn a wuhyia wɔn adansedi mu no ho anigye ankasa a wokyerɛ so anaa?—Marko 12:30, 31.