Baguam Asɛnka Ahorow Ma January Ne February 1981
1Wɔbɛma ɔkasa ahorow awotwe a egyina nhoma foforo Happiness—How to Find It so wɔ asafo horow mu January ne February, 1981 mu. Wɔkyerɛ ti ahorow ne baabi a efi no wɔ ase ha. Ɛsɛ sɛ wɔde hyehyɛ anuanom nsa ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ na wɔatumi asiesie no yiye ma atiefo anya ho mfaso.
Ɛho behia sɛ asafo horow a ɔmansin sohwɛfo resom wɔn anaasɛ wɔrekɔ ɔmansin nhyiam no yɛ nsakrae bi na wɔatumi ama ɔkasa ahorow no nyinaa wɔ asafo no mu.
Ɔkasa 1: Baabi a ɛsɛ sɛ Yɛhwehwɛ Anigye Fi (Ti 1-3)
Ɔkasa 2: Mmoa wɔ Asetra mu Nsɛm a Emu Yɛ Den Ano a Yebegyina Mu (Ti 4-6)
Ɔkasa 3: Sɛnea Ɛbɛyɛ na Yɛadi Yiye wɔ Abusua Asetra Mu (Ti 7, 8)
Ɔkasa 4: Asetra a Ahotɔ ne Anigye Wom—Ɔkwan Bɛn So? (Ti 9, 10)
Ɔkasa 5: Wubetumi Adi Ɔyare ne Owu So Nkonim (Ti 11-13)
Ɔkasa 6: Dɛn Nti na Yebetumi Anya Daakye a Anigye Wom ho Anidaso? (Ti 14, 15)
Ɔkasa 7: Kristoni Adwene wɔ ne Mmara Ho (Ti 16, 17)
Ɔkasa 8: So Wobɛsom Onyankopɔn wɔ NE Kwan so Anaa? (Ti 18-20)