Mmofra A Wɔbɛtete Wɔn Wɔ Nkwa Kwan No So
1 Osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn ahyɛde ahorow de nkwa ba—asoɔden a wɔbɛyɛ wɔ ne mmara ho de huammɔdi ne owu ba ɔkwan biara so. Saa asuade a ɛyɛ tiaa nanso tumi wom yi yɛ nea yehu fi Adam ne Hawa asɛm no mu. Ɛdenam osetie a wɔbɛkɔ so ayɛ so no, na wobetumi atra hɔ daa, nanso, wɔpawee sɛ wɔrentie Onyankopɔn, na nea efii mu bae ne owu. Ɛsɛ sɛ kristofo awofo nyinaa bisa wɔn ho sɛ: Dɛn na merekyerɛkyerɛ me mma? So wɔresua mfaso ahorow a osetie de ba ne nneɛma ahorow a efi asoɔden mu ba no? So wɔresua sɛ wobefi wɔn koma mu adɔ Yehowa? Dɛn na wɔresua afi me nhwɛso mu?
ƐSƐ SƐ NTEƐSO YƐ NEA ƐFATA
2 Sɛ mobɛkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔayɛ osetie a, ɛnde eye sɛ mo a moyɛ awofo no de mmara ahorow a ntease wom na emu da hɔ sisi hɔ na akyerɛ mo mma abrabɔ kwan. Momma wonhu nhwɛso a mo ankasa moyɛ wɔ mmara sodi mu. Monkasa nkyerɛ wɔn wɔ mmara asotwe ba. Munni mo nsɛm ho dwuma ntɛmso, munnyi wɔn abufuw, nnteɛteɛm anaasɛ monnyɛ wɔn a wɔn asɛm nsi pi. (Efe. 6:4) Ɛsɛ sɛ awofo baanu no adwene hyia nwɔ nteɛso ho mmara horow ho; na ɛsɛ sɛ wɔn baanu no hwɛ ma ɛyɛ adwuma na ama abofra no akɔ so akyerɛ obu. Bere a awofo de nteɛso a efi ɔdɔ mu ma no, mmofra no hu sɛ, nea bɔne a wɔboapa yɛ de ba ne asotwe. Na wosua nso sɛ osetie de anigye ba denam nkamfo ne akatua ahorow a wonya so. (Efe. 6:1-3; Heb. 11:6) Sɛ mo mma no hu bere a wɔyɛ mmofra no, sɛ, nea ɛbɛyɛ biara ‘nea wogu no ɛno ara na wobetwa’ a, mubegye wɔn afi huammɔdi ahorow ne owu a ebetumi aba wɔn so mu.—Gal. 6:7; Mmeb. 23:13, 14.
3 Nea ɛka osetie ho ne tie a wubetie. So mokyerɛkyerɛ mo mma no ma wotie asɛm? So wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛkɔ adesua ahorow? Afei nso, so wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ aso atie? Awofo binom kyerɛ wɔn mma sɛnea wotie asɛm wɔ fie. Woyi bere bi si hɔ daa de kenkan ade kyerɛ wɔn mma. Wɔ saa bere yi mu no wɔhwɛ kwan sɛ mmofra no bɛtra ase komm na wɔatie. Sɛ wɔde ntoboase yɛ eyi a, ɛrenkyɛ mmofra no betumi atie asɛm na wɔde wɔn adwene asi asɛm a wɔka no so, a biribi ara, kwa ntumi nnye wɔn adwene bere a adesua horow kɔ so no. Bio nso, ɛsɛ sɛ awofo ankasa yɛ nhwɛso sɛ wɔremma biribi ara kwa nnye wɔn adwene anaasɛ nnyigyei ketewa biara a wɔbɛte no wobetwa wɔn ani bere a adesua horow kɔ so no. Bio nso, mmofra ani gye adesua horow ho bere a wɔasiesie wɔn ho a ɛbɛma wɔanya mu kyɛfa no. Sɛ abofra bi nya mu kyɛfa na ɔma mmuae biako anaa abien wɔ ɔno ankasa nsɛm mu a, akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɛyɛ aso atie no yiye na ɔbɛte nka sɛ wanya mfaso pii. Bible kyerɛwsɛm a ɔkasafo no bɛbɔ din a wɔbɛma mmofra abue bɛma wɔn ani aba wɔn ho so na ɛbɛyɛ ntetee pa nso.
4 Ɛtɔ mmere bi a mmofra brɛ wɔ adesua horow ase wɔ dɔnhwerew biako anaasɛ nea ɛte saa akyi. Ebia wɔbɛdannan wɔn ho abɔ mmɔden sɛ wɔne afoforo bɛkasa. Anaasɛ ebia wɔde nneɛma bi a mmofra de di agoru bɛba hɔ, na eyi twetwe afoforo adwene. Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ wɔhyɛɛ “mmofra” mpo a na wɔwɔ Israel sɛ wommehyiam na “wontie” na “wonsua.” (Deut. 31:12) Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya kwan akodi agoru no, mmofra taa sɔre sɛ wɔkɔdwonsɔ mpɛn pii; bere a adesua no rekɔ so, de haw afoforo. Nanso saa mmofra yi betumi adi agoru bere tenteenten a wɔnkɔdwonsɔ. Sɛ awofo hwɛ ma wɔn mma no mu biara kɔdwonsɔ ansa na adesua no afi ase a, ɛho renhia sɛ wɔsɔre bere tiaa bi akyi de haw afoforo.
MOMFA TEOKRASE BOTAE HOROW NSISI HƆ MMA MMOFRA
5 Mmofra a wɔbɛtete wɔn wɔ nkwa kwan so no kyerɛ nso sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ asetra a ɔsom adwuma a ɛkyɛn so wom so fi bere a wɔyɛ mmofra nketewa. Mommoa wɔn mma wonhu sɛnea wobetumi ayɛ te sɛ Yeremia, Hesekiel, Yesaia ne afoforo a wɔde wɔn nkwa sii hɔ de som Yehowa no. Momfa hokwan ahorow a ɛda wɔn anim wɔ Onyankopɔn ahenni no ho som adwuma mu no nsi wɔn ani so. Momfa Yesu Kristo ho a ɔde bɔɔ afɔre a ɛyɛ nhwɛso no nhyɛ wɔn adwenem. Monhyɛ wɔn nkuran mma womfi wɔn akomam mmɔ Onyankopɔn mpae bere nyinaa. Na nea ɛsen ne nyinaa no, momma wonhu mo ankasa mo nhwɛso pa—sɛnea munya anigye wɔ koma nyinaa mu a mufi som Onyankopɔn mu no. Afei bere a mo ba no da ɔpɛ adi sɛ obehyira ne nkwa so ama Yehowa na ɔde nsu mu asubɔ ayɛ eyi ho sɛnkyerɛnne no, hwɛ anigye ara a mubenya sɛ moboaa no ma osii gyinae a ɛte sɛɛ.