Yɛn Bere A Yɛde Bedi Dwuma Nyansam
1 Bere yɛ biribi a ɛsom bo kɛse ma Kristoni biara. Ɔkwan bɛn so na wode redi dwuma? Ɛsɛ sɛ yeyi bere si hɔ daa wɔ January mu yɛ afie afie som adwuma no na yɛde New World Translation Bible no ne Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! nhomawa no ma de gye ntoboa ¢80.00. Ɛbere te sɛ sika a wobetumi asɛe no anaa wobetumi de adi dwuma nyansam. Sɛ́ Kristofo no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ma Yehowa, Yesu Kristo ne yɛn yɔnko nipa ka yɛn ma yɛde yɛn bere di dwuma nyansam, ‘yɛhwɛ yɛn adagyew so yiye.’—Efe. 5:16.
2 Eyi ma Kristofo kwan a wɔnam so no yɛ soronko koraa wɔ nea wɔn a wɔdɔ nhyehyɛe dedaw yi di akyi no ho. Paulo ka too hɔ sɛ nnipa a wɔwɔ nna a edi akyiri no mu bɛyɛ wɔn a “wɔdɔ anigyede,” na hwɛ nokware ara a ɛno yɛ! (2 Tim. 3:4) Ɛnnɛ nnipa bebree sɛe nnɔnhwerew pii dapɛn biara de hwɛ television, bɔɔl anaa sini ara kwa. Afoforo de wɔn ho hyɛ nnwom, akwamma bere mu akwantu ne anigyede horow a ɛtra so a ne nyinaa tumi gye bere pii mu.
HONHOM MU NNEƐMA A YƐDE BEDI KAN
3 So eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ Kristoni de anigyede bi a ɛho tew gye n’ahome? Ɛnte saa koraa! Yesu mpo ani gyee apontow ne nnuan atitiriw bi ho. Afei nso ogyee bere de homee sɛnea ɛsɛ. Nanso, Yesu amma adidi, ɔnom anaa n’ankasa anigyede anyɛ ade a ehia titiriw wɔ n’asetra mu. Mmom no, n’ani gyee n’Agya apɛde a ɔbɛyɛ ho. (Yoh. 4:34) Ɔbɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde asetra mu anigyede horow di Yehowa som kan. (Luka 21:34; Mat. 6:31-33) Enti yɛbɔ mmɔden sɛ yebedi Yesu nhwɛso akyi de yɛn bere adi dwuma nyansam.
7 Sɛnea ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ eyi no, eye sɛ yebebu bere sɛ biribi a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma nyansam. Ɛnsɛ sɛ yɛde bere di dwuma pɛsɛmenkominya kwan so, ma yɛn nkutoo ani gye. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara ‘hwɛ yɛn adagyew so yiye’ na yɛde yɛn ho hyɛ asafo asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu, a ‘mmere nyinaa yɛwɔ pii yɛ wɔ Awurade adwuma no mu.’—1 Kor. 15:58.
8 Nneɛma a eye bi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ na ama yɛde bere adi dwuma nyansam. Nyansahyɛ biako ne sɛ wobɛyɛ dwumadi,ahorow ho nhyehyɛe a eye na wotumi de di dwuma. Bere a ɛtɔ bere bi a ebia nhyehyɛe yi bɛma woanya bere de ahome anaa wode agye w’ani no, ɛsɛ sɛ honhom mu nneɛma yɛ nea ehia titiriw. Nea ɛsɛ sɛ wode ka ho ne asafo nhyiam horow nyinaa a wobɛkɔ, asɛnka a wobɛkɔ bere nyinaa ne bere a wubegye de ayɛ kokoam Bible adesua na ama wo ne nokware no abɔ anan anantew.
6 Ɛwom, awofo wɔ asɛyɛde foforo a ɛne wɔn mma a wɔbɛboa wɔn ma wɔayere wɔn ho wɔ honhom mu nneɛma mu. Enti ebia wobehu sɛ eye sɛ wɔtra ase na wɔyɛ teokrase dwumadi ho nhyehyɛe a eye ma abusua no nyinaa a wɔn ankasa nhyehyɛe horow sɛ Kristofo awofo ka ho. Sɛ wɔyɛ saa a wɔkyerɛ wɔn mma yiyedi ho anigye ne wɔn bere a wɔdi di dwuma nyansam.—Efe. 6:4.
7 Ɛyɛ nea mpɛn pii eye sɛ wo ankasa wubenya botae horow a ɛfa yɛn asɛnka adwuma no ho. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ botae horow a eye a wotumi du ho. Yebetumi asi gyinae sɛ yɛde nnɔnhwerew dodow bi bɛyɛ adwuma ɔsram biara. Sɛ yɛyɛ yɛn botae no ho adwuma ankasa a ɛrentaa mma sɛ yennu ho, na ebia mpɛn pii yɛbɛtra. Nnipa pii ahu sɛ akwampaefo boafo anaa daa akwampae adwuma yɛ botae a eye.
8 Ɔkwan a yɛfa so yɛ adwuma no a yɛbɛma anya nkɔso nso yɛ botae a ɛfata. So wubetumi asusuw akwan horow a wobɛfa so de wo bere adi dwuma yiye wɔ asɛnka mu no bi ho? Sɛ nhwɛso no, so wubetumi ama ɔkwan a wofa so kyerɛkyerɛ wɔ apon ano no anya nkɔso denam nnianim asɛm a etu mpɔn kɛse a wode bedi dwuma no so? So wubetumi ama wo ho akokwaw kɛse wɔ Bible adesua yɛ mu anaa woama ɔkwan a wofa so kyerɛ anigyefo kwan ba Yehowa Asɛm ne n’ahyehyɛde no so no anya nkɔso? Saa a woyɛ no bɛma wode bere adi dwuma nyansam wɔ ɔsom adwuma no mu ampa.
9 Gye bere kakra ɔsram yi fa sɔ sɛnea wobɛdannan nkɔmmɔbɔ asɛmti no mu wɔ apon ano ne sɛnea wubetumi de atõa New World Translation Bible ne nhomawa a yɛde ma no mu hwɛ. Afei sua sɛnea wubetumi afi ofie Bible adesua ase. Ɛno bɛma woanya ahotoso kɛse bere a wokɔ asɛnka no.
10 Wo ankasa susuw sɛnea wubetumi ama bere a wode di dwuma anya nkɔso no ho, titiriw, bere a woayi asi hɔ ama honhom mu dwumadi horow no. Monkɔ so nnantew, “ɛnyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa, na mmom sɛ anyansafo. Monhwɛ mo adagyew so yiye” wɔ Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne no nna a edi akyiri yi mu.—Efe. 5:15, 16.