Ahɔhoyɛ Su Adi A Yebeyi Akyerɛ Afoforo
1 Ahɔhoyɛ su adi a woyi ho wɔ mfaso ma nea oyi adi ne nea oyi adi kyerɛ no no nyinaa. Ɛyɛ Kristofo asɛyɛde. (Heb. 13:2) Ebinom wɔ nokware no mu mprempren esiane nkɛntɛnso pa a Kristofo ahɔhoyɛ nyaa wɔ wɔn so wɔ ɔkwan bi so nti. So wuyi ahɔhoyɛ su ankasa adi? So worehwehwɛ akwan a wobɛfa so ayɛ saa kɛse?
2 Wɔkyerɛ ahɔhoyɛ su ase sɛ “anigye ne ayamye mu a wofi gye ɔhɔho na wɔma n’ani gye.” Engiresi asɛmfua “cordial” (anigye) no fi Latin asɛmfua a ɛfa koma no ho mu. Enti sɛ ahɔhoyɛ su bɛyɛ nea ɛyɛ nokware na mfaso wɔ so a, ɛsɛ sɛ efi koma no mu. Te sɛ Lidia no, onipa a ɔwɔ ahɔhoyɛ su ankasa ‘bɛma ɔhɔho no aba.’ (Aso. 16:14, 15) Nnipa a wɔwɔ ahɔhoyɛ su ankasa hwehwɛ hokwan ahorow a wobenya de ayɛ afoforo yiye.
SƐNEA WOYI ADI
3 Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayi ahɔhoyɛ adi? Henanom na yebetumi ayi adi akyerɛ wɔn? Woyii ahɔhoyɛ adi, wɔ tete no, kyerɛɛ adiyifo ne Onyankopɔn asomfo atitiriw. Ebinom mpo gyee abɔfo esiane ahɔhoyɛ honhom a woyii adi nti. (Gen. 18:3, 8) Hwɛ akatua a Sakeo, Marta, Maria ne Lasaro nyae esiane ayamye a woyii adi kyerɛɛ Yesu nti! (Luka 19:5-10; 10:38-42) Yɛn bere yi so nso pii anya nhyira saa ara denam ahɔhoyɛ adi a woyi kyerɛ ahwɛfo akwantufo, wɔn a wofi baabi bɛma ɔkasa, akwampaefo ne asɛmpatrɛwfo no so.—Rom. 1:11.
4 Afei nso, afoforofo wɔ asafo no mu a wobenya yɛn ahɔhoyɛ su no mu mfaso. Ebia ebinom fɛre ade wɔ asafo no mu. Ebia afoforo yɛ ahiafo, na afoforo nso mfe akɔ anim anaa wɔyare. Mmofra binom awofo nni nokware no mu. Ɛbɛka wɔn dɛn, sɛ yɛto nsa frɛ wɔn ba yɛn fi ma wobedidi, wobedi agoru a ɛho tew anaa wɔbɛka yɛn ho wɔ adesua bere a? Monkae Yesu afotu a nyansa wom no wɔ Luka 14:12-14.
5 Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu nko na ɛsɛ sɛ yeyi ahɔhoyɛ su adi kyerɛ wɔn. So yeyi ayamye adi bere a ahia yɛn afipamfo esiane asiane, ɔyare anaa owu wɔ abusua no mu nti no? So yɛde hokwan ahorow di dwuma de yi ahɔhoyɛ su adi kyerɛ abusuafo? Ɛsɛ sɛ yɛkari pɛ na yɛde atɛmpa di dwuma wɔ bere a ɛsom bo a yɛde yɛ eyinom no mu; ebia yebetumi de hokwan a ɛte sɛɛ adi wɔn adanse bɔnnɔ so anaa ahyɛ wɔn nkuran, de aka akwan afoforo a yebetumi afa so aboa no ho.
MFASO AHOROW
6 Kristofo ahɔhoyɛ su a wobeyi adi gye bere ne mmɔdenbɔ. Nanso yɛn ho a yɛde ma yi boa ma wohu sɛ yɛyɛ Kristo asuafo. (Yoh. 13:35) Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ ademafo. Yenya akomatɔyam ne anigye pii fi ɔma mu sen ogye mu. (Aso. 20:35) Ɛwom sɛ ɛde adwuma kakra bɛto yɛn so de, nanso yɛpɛ sɛ yɛkae sɛ adwuma yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Ɔsɛnk. 3:13) Ɔyamyefo betumi ahwɛ akatua kwan wɔ ade a ɔde ma wɔ anigye mu no ho.—Mmeb. 11:25; Luka 6:38.
7 Yenya anigye kɛse bere a yehu sɛ yɛn Kristofo ahɔhoyɛ su no anya obi so nkɛntɛnso ma wabenya ɔma a ɛho hia kɛse, Ahenni asɛnka, no mu kyɛfa kɛse no. Akomatɔyam bɛn ara na yebenya, sɛ yehu wɔn a yɛyɛɛ wɔn papa no sɛ wɔrenya Yehowa daa nsiesiei wɔ Nhyehyɛe Foforo mu no mu kyɛfa a! Yiw, ahɔhoyɛ adi a woyi kyerɛ afoforo betumi ayɛ nea mfaso wɔ so daa ma nea oyi adi ne nea oyi adi kyerɛ no no nyinaa.—Mat. 25:34-40.