Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/83 kr. 1-8
  • Di Adanse Wɔ Baguam Ne Afi Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Di Adanse Wɔ Baguam Ne Afi Mu
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NSƐMMA NHOMAKRA A WUBENYA
  • Ka Asɛmpa no Wɔ Baabiara
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Afie Afie Asɛnka Adwuma No—Dɛn Nti Na Ɛho Hia Nnɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Kyerɛkyerɛ Baguam Ne Afie Afie
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • “Di Adanse Fefeefe”
    Yɛn Ahenni Som—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 11/83 kr. 1-8

Di Adanse Wɔ Baguam Ne Afi Mu

1 Bere a ɔsomafo Paulo huu sɛnea atoro som akyekyere nnipa a wɔwɔ Atene no, ɛyɛɛ no abufuw. “Enti hyiadan mu ɔne Yudafo ne adefɛrefo no kasa, na gua so nso daa ɔne wɔn a wɔbɛto no kasa.” (Aso. 17:16, 17) Paulo de hokwan biara a onyae dii dwuma wɔ Efeso de dii adanse denam kyerɛ a ɔkyerɛkyerɛe wɔ gua so ne afi mu no so.​—Aso. 20:20, 21.

2 Yehowa nokware asomfo a wɔtraa ase afeha a edi kan no mu maa wɔn ani daa hɔ sɛ wɔbɛka asɛmpa no bere biara ne wɔ baabiara a wobetumi. Ɛwom sɛ na wabrɛ de, nanso Yesu ne Samariani bea bi fii nkɔmmɔbɔ ase bere a na ɔrehome wɔ abura bi ho no. Nea efii eyi mu bae ne sɛ “Samariafo a wɔwɔ kurow no mu no mu pii gyee no dii.” (Yoh. 4:5-42) Paulo ne n’ahokafo kaa asɛm wɔ asu bi ho na nea efii eyi mu bae ne sɛ wɔbɔɔ Lidia ne ne fifo asu. (Aso.16:14, 15) Sɛ yɛde yɛn ho hyɛ baguam adansedi mu a, yebetumi anya nhyira pii sɛnea wonyae no.

3 Sɛ yɛrekɔ afie afie a, so yegyina kasa kyerɛ nnipa a ebia wɔregye wɔn ahome anaa wɔreyɛ adwuma wɔ abɔnten no? Sɛ afei na ebinom reba fie anaasɛ wɔrefi fie a, bɔ mmɔden sɛ wo ne wɔn befi nkɔmmɔbɔ ase. Sɛ anyɛ saa a ebia gye sɛ adapɛn anaa mpo asram bi akyi ansa na wo nsa betumi aka wɔn, titiriw sɛ wɔntaa ntra fie​—sɛnea ɛte mpɛn pii nnɛ no a. Yɛpɛ sɛ, sɛ ebetumi a, yɛkɔ wɔn a wɔwɔ asasesin no mu nyinaa nkyɛn. Bɔ mmɔden sɛ wubedi adanse tiaa wɔ anifere mu na ebia wode Ɔwɛn-Aban, ne Nyan! ama na woayɛ nhyehyɛe asan akɔ hɔ.

4 Yɛn nyinaa betumi ahwehwɛ hokwan horow a yebenya de adi adanse bɔnnɔ so wɔ baabiara a ebia yɛwɔ. Bere a yɛde lɔre, bɔs, keteke, wimhyɛn, kar, retu kwan anaasɛ yɛnam fam no, yebetumi aka asɛmpa no akyerɛ afoforo mpɛn pii. Sɛ yɛde nsɛmma nhoma ma anaasɛ yegyaw nkratawa a, eyinom betumi ama onigyefo no anya biribi asusuw ho bio.

NSƐMMA NHOMAKRA A WUBENYA

5 Esiane sɛ Ɔwɛn-Aban no ne ɔkwan titiriw a yɛnam so de nokware no ma afoforo nti, ɛho hia sɛ yehu nsɛmma nhoma biara a yɛde ma mu nsɛm yiye. Eyi kyerɛ sɛ yebedi kan akenkan mu nyinaa na afei yɛahwehwɛ nsɛm a yɛbɛpɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ asɛnka mu. Wɔ nea ɛba biara mu no yebetumi anya nsɛm a ɛne yɛn Nkɔmmɔbɔ Asɛmti no kɔ. Sɛ kyerɛw nsɛm a yɛde di dwuma no wɔ emu nsɛm no bi mu a, ɛnde na yɛwɔ biribi a ɛwɔ hɔ dedaw a etu mpɔn a yɛde yɛn asɛm no bɛtõa mu.

6 Ɛsɛ sɛ yɛkanyan ofiewura anigye wɔ nsɛmma nhomakra ho. Ebia ka a yɛbɛka nea enti a yehu sɛ nsɛmma nhoma no mu yɛ anigye na ɛsom bo no bɛboa onipa no ma ɔno nso agye atom sɛ obenya mfaso afi honhom mu nneɛma pa a ne nsa bɛka yi mu. So onipa no ani gye nyamesom ho? So ogye Bible no di, anaasɛ ebia ɔkɔ asɔre? Ɛnde ɛsɛ sɛ ohu sɛ nsɛm a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban mu no yɛ anigye, ɛhyɛ gyidi den na ɛda nneɛma horow adi. Ɔkwan foforo so no, nnipa pii gye Onyankopɔn di nanso wɔnkɔ asɔre biara. Ebia nea wɔahu wɔ nyamesom akuw horow no mu no na ama wɔn aba mu abu. Wɔn nso ani begye Ɔwɛn-Aban no ho.

7 Ɛda no adi sɛ atoro nyamesom de mpaapaemu ba, nanso Bible nkyerɛkyerɛ akyidi kã nnipa a wofi mmusua nyinaa mu bom. Bio nso, ɛda anidaso a ɛne wiase biako denam Onyankopɔn soro Ahenni so adi. Ɛnkyerɛkyerɛ atoro anidaso a ɛne wiase nyinaa a wɔbɛyɛ wɔn gyidifo no. Saa ara nso na ɛnka gyidi “ahenni” a ɛwɔ gyidifo nkutoo koma mu a ennya afoforo so tumi biara ho asɛm.

8 Yiw Ɔwɛn-Aban ka Kyerɛwnsɛm mu nneɛma ahorow pii ho asɛm. Aboa n’akenkanfo pii ma wɔanya nipasu foforo. Yɛanya hokwan bio sɛ yɛbɛma nnipa koma pafo nyinaa akra nsɛmma nhoma yi, ne ne hokafo a ɛyɛ Nyan! no November ne December mu. Yebetumi ama wɔakra n’abien nyinaa anaa emu biako. Nea ɛba ɔsram-fã no biako a wɔkra bo yɛ ¢75.00 na nea ɛba ɔsram biara no yɛ ¢40.00.

9 Mma w’aba mu mmu ansa na woaka ne kra no ho asɛm denam ka a wobɛka akyerɛ wo ho sɛ ne bo yɛ den no so. Kae sɛ ne bo no da so ara yɛ mmerɛw sen nsɛmma nhoma a ɛte saa ara a wɔkra a emu nsɛm nsom bo ahe biara no. Enti momma yenya adwempa wɔ nsɛmma nhomakra ho asɛm a yɛka no mu. Yɛwɔ anidaso sɛ ɛdenam 24 a yɛbɛma wɔakra afe biako no so no, yebetumi aboa pii ma wɔahu Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no na wɔagye atom. Bere a yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma afoforo nsa nka ne hann ne nokware no, momma yɛmfa hokwan biara a yebenya nni adanse wɔ gua so ne afi mu, na yɛmfa nokware ne nkuranhyɛ fibea fɛfɛ yi mma wɔn.​—Dw. 43:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena