Yɛn Nkyerɛkyerɛ A Yɛbɛma Anya Nkɔso—Denam Nsemmisa A Yɛde Bedi Dwuma So
1 Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ a, boa a yebetumi aboa osuani no gyina sɛnea yɛde nsemmisa di dwuma yiye no so kɛse. Sɛ yɛde di dwuma yiye a, ɛbɛyɛ adwinnade titiriw ma ɔkyerɛkyerɛ. Etumi kyerɛ osuani no adwene kwan fi asɛm biako so kɔ foforo so wɔ ɔkwan a ɛfata so, na ɛma otumi si gyinae pa. Anyɛ yiye koraa no nsemmisa boa wɔ akwan horow abiɛsa so.
2 Nea edi kan no, ɛboa osuani no ma ɔde n’ankasa nsɛm da nneɛma adi. Saa kwan no so no, ɔkyerɛkyerɛfo no tumi hu sɛ osuani no te nea wɔreka ho asɛm no ase ampa. Hyɛ no nsow sɛ wɔ United in Worship nhoma no mu no, ɛnyɛ kratafa no ase ne nkyekyem ahorow pii mu nko na wohu nsemmisa ahorow, na mmom nsemmisa afoforo nso wɔ “Ntĩmu Nsɛm” adaka a ɛwɔ ti biara awiei no mu a ɛka emu nsɛntitiriw no nyinaa bom. Saa nsemmisa yi sɔ osuani no ntease hwɛ na ɛboa no ma ohu sɛnea obetumi de nsɛm a ɔresua no adi dwuma pa. Afei nso, wɔde nsemmisa ne nyansahyɛ ne mfonini ahorow adi dwuma wɔ nhoma no mu nyinaa sɛ adwinnade a wɔde kyerɛkyerɛ. Yehu eyi ho nhwɛso wɔ nkratafa 27, 34, ne 101.
3 Nea etia abien no, nsemmisa betumi aboa osuani no ma wahu nea enti a wɔaka asɛm bi. Osua sɛnea ɛsɛ sɛ osusuw nneɛma ho yiye, na ɔde nea kan ogye di no toto nokware a mprempren ɔresua afi Onyankopɔn Asɛm mu no ho. Hwɛ nsemmisa a ɛwɔ nkratafa 61-63, nkyekyem 13-19 no ne nkyekyem 13-17 a ɛwɔ nkratafa 95 ne 96 wɔ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no mu no.
4 Nea ɛto so abiɛsa no, wubetumi de nsemmisa a wɔde hu obi adwene adi dwuma na woahu sɛnea osuani no ankasa te nka wɔ nokwasɛm bi ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ Bible adesua no mu no, ebia wubenya hokwan abisa no nsemmisa a edidi so yi mu biako anaa nea ɛboro saa: So ntease wɔ eyi mu? W’ankasa wote nka dɛn wɔ nea woresua no ho? So wususuw sɛ ɛho hia sɛ wode nneɛma yi bedi dwuma wɔ w’asetra mu? Ɛdenam tie a wubetie ne mmuae horow no yiye so no, wubetumi ahu ɔkwan pa a wobɛfa so aboa no ma ɔde ne “koma nyinaa” adɔ Yehowa.—Mat. 22:37.
NSEMMISA AHOROW
5 Nsemmisa yɛ nea wɔde hwehwɛ nokwasɛm ahorow titiriw—Hena? Dɛn ntia? Mmuae pii a wɔpaw mu biako, ampa anaa atoro, ntimu ne nsemmisa a ɛkyerɛ kwan, sɛ yɛbɛbobɔ kakraa bi din a. Nsemmisa ntiantia yɛ nea ɛtaa tu mpɔn yiye efisɛ ɛyɛ nea ɛfa asɛm titiriw biako pɛ ho.
6 Nsemmisa a wɔasiesie no yiye betumi aboa atwe osuani no adwene asi Bible mu mmuae so na ɛbɛtete n’ahonim nso. (Fa toto ɔkwan a Paulo faa so wɔ Galatifo 3:1-6 no ho, ne afei ne nsemmisa 17 a ɛwɔ 1 Korintofo 9:1-14 no.) Afoforo a wobɛkyerɛkyerɛ wɔn yɛ ade a nhyira wom a ebetumi de anigye aba w’asetra mu na ɛbɛma woate nka sɛ woayɛ biribi pa.