Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/84 kr. 4
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Abusuafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Abusuafo
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • HOKWAN AHOROW A WODE DI ADANSE
  • FA W’ABRABƆ DI ADANSE
  • Ɔkwan Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛfa So Di Abusuafo Adanse?
    Yɛn Ahenni Som—2004
  • W’abusuafo Nso Ɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nokware no, ‘Ɛmfa Asomdwoe Mma, na Mmom Nkrante’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Abusuafo a Wonnye Nni​—Wobɛyɛ Dɛn Aka Wɔn Koma?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 4/84 kr. 4

Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ​—Abusuafo

1 Ahenni nkrasɛm no yɛ asɛmpa a ɛma akomatɔyam wɔ yɛn asom, nanso afoforo a wɔn koma nni Yehowa so no de, ɛnkanyan wɔn. (Mat. 13:15) Sɛ wɔde asɛmpa no kɔ wɔn nkyɛn a, wɔnkyerɛ ho anigye biara. Yɛn mu pii wɔ abusuafo a wonnye nni a wɔte saa. Nanso ebia abusuabɔ a ɛda yɛne wɔn ntam no bɛma yɛanya hokwan adi adanse a ebia wɔ ɔkwan foforo so no yɛrennya no saa. (Fa toto Yohane 1:40, 41 ho.) Nnipa pii a wɔwɔ nokware no mu nnɛ fii ase denam mmoa a efi abusuafo hɔ so. So woabɔ mmɔden sɛ wode hokwan soronko yi bedi adanse? Ebia wo nkutoo ne obi a wubetumi anya w’abusuafo ma wɔatie.

HOKWAN AHOROW A WODE DI ADANSE

2 Ebia abusuafo a wonni nokware no mu bɛba abɛsra wo bere tiaa bi anaasɛ wɔbɛba abedi nna kakraa bi wɔ akwamma bere mu. Ebia eyi bɛma woanya hokwan ahorow de adi adanse anifere kwan so. Wubetumi agyaw nhoma horow a ɛfata wɔ mmeae a eye wɔ wo fi hɔ. Mpae a wobɔ bere a morebedidi betumi ama woanya hokwan aka wo ne Yehowa abusuabɔ no ho asɛm. To nsa frɛ w’abusuafo no bra nhyiam horow ase. Nokwaredi a wode kɔ nhyiam horow wɔ saa bere yi mu betumi ama woanya hokwan aka nea ɛkɔ so ne nea enti a wote nka sɛ ɛho hia sɛ wokɔ no ho asɛm. Bere a moreyɛ abusua adesua horow na wɔbɛtra mu na wotie bi no betumi ayɛ nhyira ankasa ama wɔn. Sɛ wo na ɛsɛ sɛ wokɔsra wɔn wɔ wɔn fi a, ebia wubenya akwan afoforo a wobɛfa so adi adanse a etu mpɔn.

3 Mmofra na wɔtaa de adwene kɔ wɔn so kɛse bere a mmusua horow ahyiam. Bere a ɛno wɔ wɔn adwene mu no, awofo betumi adi kan ne mmofra no abobɔ Ahenni asɛm no afã atitiriw bi so. Ebia asɛm bi a obi bɛka anaa biribi a ebesi bɛma mmofra no akasa wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye na ɛka abusua mufo afoforo koma so. Ɛtɔ bere bi a nsɛm a ɛte sɛɛ tu mpɔn kɛse sen adanse pii a mpanyimfo di.

4 Ɛtɔ bere bi a tebea horow a ɛyɛ awerɛhow, te sɛ bere a obi yare denneennen anaa owu bi asi wɔ abusua no mu, ma abusuafo behyiam. Ebia awerɛkyekyesɛm a egyina Onyankopɔn Asɛm no so bɛma wɔanya anidaso na ɛbɛka koma a bere bi a atwam no na ɛmpɛ sɛ etie no.

5 Hokwan ahorow betumi aba wɔ tebea afoforo a enye mu. Ebia abusuafo no bɛka sɛ kyerɛkyerɛ nea enti a wompɛ sɛ wo ne abusua no bedi nnapɔnna anaa mobɛyɛ abusua amanne bi no mu. Wɔ anifere kwan so no, ma wonhu nea wugye di ne nea enti a ɛte saa. (1 Pet. 3:15) Nokwaredi mu a wufi ma wɔn mmuae a wonkasa ntia wɔn gyidi horow no betumi aka wɔn adwene mu daa.​—Mmeb. 25:11.

FA W’ABRABƆ DI ADANSE

6 Sɛ w’abusuafo sɔre tia denneennen mpo a, woda so ara tumi di adanse denam w’abrabɔ so. (1 Pet. 2:12) Yɛ a wobɛyɛ w’ade wɔ ɔkwan pa a obu wom so bere nyinaa no betumi ama afoforo ani agye ho. Eyi ho hia titiriw bere a wɔka nsɛm de hyɛ wo abufuw anaa de sɔ wo bo a woasi sɛ wobɛma Bible nnyinasosɛm akyerɛ wo kwan no hwɛ no. 1 Kor. 10:31-33; 2 Kor. 6:3, 4.

7 Wowɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ wunya anigye kɛse bere a abusua muni bi gye nokware no. Ebia biribiara nni hɔ a ɛbɛma yɛanya akomatɔyam kɛse sen sɛ yebehu sɛ ɔdɔfo bi ahu ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no. Ɛsɛ sɛ saa akwanhwɛ no ara yɛ nea ɛdɔɔso a ɛka yɛn ma yɛhwehwɛ hokwan ahorow a yɛde bedi abusuafo adanse.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena