Monkɔ So Nhwɛ Kristofo Ade A Wɔde Ahyɛ Yɛn Nsa No So
1 Ɔsomafo Paulo tuu ne yɔnko dwumayeni no fo wɔ 2 Timoteo 1:13, 14 sɛ: “So nsɛm pa a eye a wotee me nkyɛn no nhwɛso no mu yiye, gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo mu mu. Ade pa a wɔde ahyɛ wo nsa no, fa honhom kronkron a ɔte yɛn mu no so hwɛ so.” Dɛn na ade a wɔde hyɛ obi nsa kyerɛ? Ɛyɛ biribi a ɛsom bo a wɔde ma obi ma ɔhwɛ so a awiei no ɛsɛ sɛ obu ho akontaa. Dɛn ne ade a wɔde ahyɛ yɛn nsa a Paulo kaa ho asɛm wɔ Bible mu no? Ɔkyerɛe sɛ ɛne “nsɛm pa a eye” anaa nea nnɛ yɛtaa frɛ no, nokware no. Ɛda adi sɛ na Paulo pɛ sɛ Timoteo nya anisɔ kɛse ma nokware no. Enti ɔfrɛɛ no “ade pa.”
2 So na Paulo kyerɛ sɛ nea wɔde ahyɛ Kristofo nsa no ara ne nokware no ho nimdeɛ? Dabi, nea ɛka ho ne ɔsom adwuma a ɛbata nokware no ho no. Ɛho hia sɛ wɔka “nsɛm pa a eye” yi wɔ asafo no mu ne akyi. Ɛdefa asɛnka adwuma yi ho no, Paulo kae sɛ: “Pae mu ka asɛm no, gyina mu ɛbere a eye ne nea enye mu.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.” (2 Tim. 4:2, 5) Ɛnnɛ Kristofo ani gye nimdeɛ no ne nokware no som adwuma no ho. Wɔpɛ sɛ wɔhwɛ saa ade a wɔde ahyɛ Kristofo nsa no so yiye.
MMƆDENBƆ HO HIA
3 Sɛ yɛn ani gye ho ankasa sɛ yɛbɛhwɛ Kristofo ade a wɔde ahyɛ yɛn nsa no so a, ɛnde yɛbɛma yɛn ani abere nokware no a yɛbɛkɔ so akura mu no ho na yɛafa ɔkwan a eye so aka ho asɛm akyerɛ afoforo. Wubetumi Atra Ase Daa nhoma a yɛresua wɔ Asafo Nhoma Adesua ase no aboa ankasa. Mprempren yɛanya emu nsɛm no ho anisɔ kɛse na enti yebetumi de anigye kɛse akamfo akyerɛ afoforo August ne September mu. Ɔyɛkyerɛ ne osuahu ahorow wɔ Ɔsom Nhyiam ase a yebetie no yiye bɛboa asiesie yɛn ama asɛnka adwuma no. Nhoma no mu nsɛm a yɛne afoforo besusuw ho, ne ɔkwan a wɔfa so de ma wɔ asɛnka mu nso bɛboa ma yɛn som adwuma no atu mpɔn kɛse.
4 So woanya anigye wɔ ofie Bible adesua a wɔyɛ Wɔ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no mu no mu? Sɛ saa a, so woahu sɛnea anigyefo sua nokware no ntɛmntɛm ne sɛnea wɔde nea wosua no di dwuma ntɛm ara no? Onuawa biako kyerɛw sɛ: “Afei a yɛafi ‘Ahenni Biakoyɛ’ Ɔmantam Nhyiam no ase aba fie no, anigye ayɛ me koma ma na ɛrebu so. Ɛsɛ sɛ mekyerɛw na meka m’anigye no ho asɛm kyerɛ mo. Minyaa hokwan sɛ mehu me Bible adesuafo no mu baasa a wɔde nsu mu asubɔ reyɛ wɔn ahosohyira ho sɛnkyerɛnne.” Afei ɔkae sɛ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no na ɛma wonyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ ahosohyira ne asubɔ mu no. Afoforo nso aka nsɛm a ɛte saa ara.
5 Yɛpɛ sɛ ‘yɛkɔ so wɔ nneɛma a yesua’ no mu. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ “anihafo ne wɔn a wɔnsow aba.” Yɛpɛ sɛ yɛhwɛ “nsɛm pa a eye” no ne nokware no som adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa no so yiye. Yɛn botae ne sɛ yebebu akontaa pa wɔ “ade pa” a Yehowa fi ayamye mu de ahyɛ yɛn nsa no ho. Momma yɛnhwɛ no kwan na ɔmma yɛn nyansa ne honhom fam mmoa a ɛbɛma eyi atumi ayɛ yiye.—2 Tim. 3:14; 2 Pet. 1:5-8.