Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/85 kr. 1-2
  • Boa Adesuafo Ma Wɔnka “Nsɛm Pa A Eye” Nkyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Adesuafo Ma Wɔnka “Nsɛm Pa A Eye” Nkyerɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • KYERƐ ANIGYEFO ƆKWAN BRA AHYEHYƐDE NO SO
  • Ma Nkyerɛkyerɛ Pa Nyɛ W’asetra Kwan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Monkɔ So Nhwɛ Kristofo Ade A Wɔde Ahyɛ Yɛn Nsa No So
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Dɛn Na Ebetumi Aboa Yɛn Ma Yɛakura Nokwasɛm No mu Pɛpɛɛpɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Monkɔ So Mfa Nea Moasua No Nyɛ Adwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1985
km 6/85 kr. 1-2

Boa Adesuafo Ma Wɔnka “Nsɛm Pa A Eye” Nkyerɛ

1 Ɔsomafo Paulo kyerɛw nsɛm a ekura afotu a nyansa wom na mfaso wɔ so a ɛyɛ nhyira ma Onyankopɔn nkurɔfo wɔ afeha a edi kan no mu. Eyinom yɛ Onyankopɔn Asɛm a ofi honhom mu no fã, na ɛho wɔ mfaso kɛse ma Kristofo asafo no nnɛ. Ná Paulo nim sɛ ɔkyerɛw eyi wɔ Onyankopɔn honhom kronkron no akwankyerɛ ase na ɛbɛboa wɔn a wɔkenkan na wɔde emu afotu no di dwuma no. Ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ: “So nsɛm pa a eye a wotee me nkyɛn no nhwɛso no mu yiye, gyidi ne ɔdɔ a ɛwɔ Kristo Yesu mu mu.”​—2 Tim. 1:13.

2 Ɔkwan bɛn so na Timoteo tumi yɛɛ saa? Ade biako ne sɛ, Paulo tuu no fo sɛ: “Na wo de, tra nea woasua na woahu mu nokware no mu. Wunim onii ko a wusuae ne nkyɛn no.” (2 Tim. 3:14) Paulo ne afoforo tetee aberantewa Timoteo wɔ nokware kwan no so. Onyin bɛyɛɛ asɛmpa no ho somfo pa, ɔboafo kɛse ma Paulo, obi a wotumi de ho to no so ma waboa afoforo nso ma ‘wɔaso nsɛm pa a eye no nhwɛso no mu.’ So wususuw sɛ, sɛ Timoteo antie, ansua, na afei ɔde nneɛma a ɛma wonya Kristofo nipasu yi adi dwuma a, anka obetumi ayɛ Kristoni ɔbarima a ɔda nsow a ɔma wohui sɛ ɔyɛ no? Dabida! Enti dɛn na ɛno kyerɛ yɛn nnɛ wɔ asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ afoforo nsɛm pa a eye no mu?

3 Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden kɛse sɛ yɛbɛma nokware no adu Bible adesuafo koma mu. Sɛ yɛyɛ saa a, nea ɛbɛkanyan wɔn ma wɔayɛ Yehowa apɛde no betumi ayɛ nea egyina ɔpɛ pa so, sɛ́ wɔbɛsɔ Yehowa ani na wɔama afoforo ahu n’Asɛm mu bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa no. Sɛ́ yɛbɛma nokware no adu afoforo koma mu no hwehwɛ sɛ yɛn ankasa ase betim kɛse wɔ nokware no mu. So yɛte saa? nhwɛso pa a yɛyɛ denam yɛn abrabɔ so no di nhyɛase a ɛyɛ den a yɛwɔ no ho adanse. (1 Tim. 4:12) Sɛ yɛn kasa ho tew na yɛn su wɔ yɛn nuanom ho no yɛ nhwɛso pa a, yɛda nipasu foforo no adi na ɛde adanse foforo ma a ɛkyerɛ sɛ nokware no wɔ yɛn koma mu. (Efe. 4:29, 31, 32) Bere a yɛanya nipasu foforo yi no, yetumi kamfo Kristofo asetra kwan no kyerɛ afoforo.

KYERƐ ANIGYEFO ƆKWAN BRA AHYEHYƐDE NO SO

4 So wowɔ nhyehyɛe bi a wode boa wo Bible adesuafo no? Bere a woafi Bible adesua ase no, so wokyerɛ anigyefo no kwan ba ahyehyɛde no so bere nyinaa? Akwan pii a wɔfa so yɛ eyi wɔ hɔ. Wubetumi aka nhyiam ahorow a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so no ho asɛm akyerɛ wɔn na woakyerɛkyerɛ ɛho atirimpɔw no mu. Nkakrankakra no, wubetumi akyerɛ wɔn nea enti a yɛyɛ nhyiam ahorow a ɛte sɛɛ no​—Baguam Nhyiam, dapɛn biako, Ɔwɛn-Aban Adesua, dapɛn foforo, ne nea ɛkeka ho​—na kanyan wɔn akɔnnɔ wɔ Bible mu nimdeɛ foforo a wobenya ho. Bere a bere kɔ so no wubetumi asi so dua sɛ yɛmpɛ sɛ yɛn nkutoo besua nokware no ara kwa, na mmom yɛpɛ sɛ yɛne afoforo kyɛ. Hyɛ Bible adesuafo nkuran ma wɔnkasa nkyerɛ wɔn afipamfo, abusuafo, nnamfo, ne afoforo. Siesie wɔn ma ɛda a wɔn nso de wɔn ho bɛhyɛ afie afie som adwuma no mu no. Kyerɛ wɔn sɛ nokware no a wɔba behu yɛ mfitiase ara kwa. Ɛho hia sɛ afoforo nso te Ahenni no ho asɛmpa yi.​—Mat. 24:14; 28:19, 20.

5 Ɛwom, nea wɔaka wɔ Bible adesuafo a wɔbɛboa wɔn ho no fa yɛn mma a yɛbɛboa wɔn ho saa ara. Yɛpɛ sɛ wonya anisɔ a efi koma mu ma Yehowa, n’Asɛm no, ne n’ahyehyɛde no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso ‘beso nsɛm pa a eye no nhwɛso no mu.’

6 Ɛwom sɛ ebia June bɛyɛ osutɔ bere wɔ mmeae binom de, nanso yebetumi ayɛ adwuma kɛse wɔ asɛnka mu te sɛ mfe ahorow a atwam no. Ɛdenam yɛn asɛyɛde ahorow a yebehu ne yɛn ho a yɛde bɛto Yehowa so no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ ne nhyira bɛba mmɔden ahorow a yɛbɔ no so. Yɛbɛtoa nhoma abien ɔsatu titiriw no so wɔ June mu sɛnea wɔakyerɛ wɔ “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ” ase no na yebetumi anya ahotoso sɛ koma pafo afoforo begye asɛm no atom na wɔbɛpɛ sɛ wɔka yɛn ho wɔ Ahenni adwuma a ɛho hia kɛse no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena