Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/84 kr. 3
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Mo Ahenni Asa No Te Dɛn?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Sɛnea Wɔahyehyɛ Nneɛma Wɔ Kristofo Asafo No Mu
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • ‘Monkae Wɔn A Wodi Mo Anim No’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 10/84 kr. 3

Asemmisa Afã

● Ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wɔfa so bere a wɔde tirimbɔ rekɔto asafo no anim no?

Mpanyimfo kuw a wɔwɔ asafo bi mu no na wosi nneɛma a ɛfa asafo no ho no pii ho gyinae. Bere a wɔresi gyinae no, anuanom a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa yi ma Bible nnyinasosɛm kyerɛ wɔn kwan a nyansahyɛ ahorow anaa akwankyerɛ a Asafo ti de ama ka ho. Nanso, gyinaesi ahorow bi wɔ hɔ a asafo no nya mu kyɛfa na ɛma tirimbɔ ho hia. Nea ɛka nneɛma ahorow yi ho ne nhyiambea a eye a wobenya, agyapade a wɔtɔ, ɔdan a wosiesie de yɛ Ahenni Asa anaa foforo a wosi, ntoboa a wɔde kɔma Asafo ti ma wɔde trɛw Ahenni nneɛma mu, ne ade. Tirimbɔ ho nhia wɔ nneɛma nketenkete a wotua ho ka bere nyinaa no ho, nanso nneɛma a wɔbɔ ho ka akɛse anaa ɛnyɛ nketenkete a wotua ho ka no nyinaa yɛ nea ɛsɛ sɛ asafo no pene so denam tirimbɔ so.

Ɔkwan bɛn so na wosiesie tirimbɔ de ma? Mpanyimfo kuw no susuw asɛm no ho yiye na wɔhwɛ nea eye ma asafo no ne Ahenni adwuma no. Bere a wɔn adwene ahyia wɔ ho no, ɔpanyin biako, ebia asafo ɔsom boayikuw no muni, bɛkyerɛw tirimbɔ no a ɛkyerɛ nea mpanyimfo no rekamfo akyerɛ no mu pefee. Wobesusuw tirimbɔ a wɔde rema no ne nsɛm a ɛfa ho ho wɔ Ɔsom Nhyiam bi ase. Sɛ biribi mu nna hɔ a, ɔpanyin a ɔredi asɛm no ho dwuma no bɛma asafo no mufo kwan ma wɔabisa ho nsɛm. Sɛ ɛyɛ nea ɛfa gyinaesi kɛse bi ho a, ebia mpanyimfo no bɛma asafo no dapɛn biako anaa nea ɛte saa ma wɔde asusuw ho ansa na wɔakyerɛ sɛ wɔpene so anaasɛ wɔmpene so. Sɛ asafo no pɛ sɛ wogye tirimbɔ no tom sɛnea wɔde ama no a asɛm foforo biara nni ho a, ɛnde oguamtrani no bɛma wɔn a wɔpene tirimbɔ no so no ama wɔn nsa so ne afei wɔn a ebia wɔmpene so no. Sɛ adawurubɔfo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ no fã kɛse pene tirimbɔ no so a, ɛnde mpanyimfo no betumi akɔ so adi nea wɔapene so no ho dwuma.

Wɔbɛma adawurubɔfo a wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ nyinaa kwan ma wɔatow aba wɔ asɛm bi a wɔnam tirimbɔ so da no adi mu, gye sɛ faako a mmara kwan so ahwehwɛde ahorow bi mma obi kwan no.

Bere a wɔresusuw dwumadi kuw (kuw a wɔde emuni biako din ama wɔ mmara kwan so sɛ onni dwuma mma asafo no) nsɛm, Ahenni Asa ho bosea ahorow ne ade ho no, ebia ɛbɛyɛ nea ɛho hia sɛ wodi kwan a mmarahyɛ baguafo fa so no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a ɛne nneɛma a wɔhwehwɛ wɔ mmara kwan so ne dwumadi kuw no mmara ahorow behyia. Sɛ nhwɛso no, ɛtɔ bere bi a, ɛho hia sɛ wɔkyerɛw onua a ɔde adwene no bae sɛ wɔnyɛ tirimbɔ no ne onua a ɔfoaa asɛm no nsɛmmoa no din, ne afei dodow a wɔkyerɛe sɛ wɔpene so ne wɔn a wɔmpene so. Sɛ ɔkwan a mmarahyɛ baguafo fa so yi ho nhia ankasa a, ɛbɛyɛ nea eye sɛ wɔbɛma wɔatow aba wɔ asɛm no ho kɛkɛ, bere a asafo no asusuw ho no akyi. Sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔreyɛ tirimbɔ ahorow a wɔakyerɛw ato hɔ ho adwuma no de wɔn nsa hyɛ ase na Wɔbɔ date ansa na wɔde aka asafo nneɛma a wɔde sie no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena