Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/84 kr. 1-2
  • Bɔ Ayeyi Afɔre Ma Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bɔ Ayeyi Afɔre Ma Yehowa
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YƐN AFƆRE AHOROW NNƐ
  • BƆ AFƆRE BERE NYINAA
  • Ayeyi Afɔre Ahorow A Ɛsɔ Yehowa Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Afɔre Horow A Yɛbɔ Ma Yehowa
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • Momma Yɛmmɔ Afɔre A Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Fi Wo Kra Nyinaa Mu Bɔ Afɔre Ma Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 11/84 kr. 1-2

Bɔ Ayeyi Afɔre Ma Yehowa

1 Wɔ Mmara apam no ase no, na ɛsɛ sɛ Israelfo de mmoa a wodi mũ wɔ wɔn mmoakuw mu bɔ afɔre. Na ɛsɛ sɛ ahiafo aduan afɔre no mpo yɛ asikresiam “pa.” (Lev. 1:3; 2:1, NW) Ɛyɛ asɛyɛde ma yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso sɛ yɛbɛbɔ afɔre ama Onyankopɔn, na ɛmfa ho sɛnea yɛn nsɛm tebea te no, ɛsɛ sɛ afɔre ahorow yi yɛ nea ɛsen biara a yɛwɔ. Nanso afɔre bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ? Paulo kae sɛ: “Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.”​—Heb. 13:15, 16.

YƐN AFƆRE AHOROW NNƐ

2 Dɛn na yɛde bɛka yɛn “ayeyi afɔre” ma Yehowa no ho? Nea ɛka ho ne kyɛfa a yebenya wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma a Yesu ka too hɔ sɛ wɔbɛyɛ nnɛ no mu. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Esiane sɛ ahohiahia kɛse no rebɛn ntɛmntɛm nti, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de boa wɔn a nokware ho kɔm ne sukɔm de wɔn no. (Mat. 5:6) Ɛnyɛ pɛ nko na yɛbɛpɛ sɛ yɛde bere pii yɛ asɛnka adwuma no, na mmom yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea ɛsen biara a yebetumi wom nso.

3 Sɛnea yɛn som adwuma no te gyina mmɔden a yɛbɔ wom no so kɛse. Wɔ asɛnka adwuma mu no, ebia yebehyia nnipa ahorow ahorow a wohia mmoa titiriw bi. Ɛdenam nneɛma a ɛhaw nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin no mu a yebedi kan asusuw ho so no, yebetumi asiesie yɛn ho yiye de asɛm no ama wɔ ɔkwan a wobegye atom so. (1 Kor. 9:19-23) Dɛn nti na wo ne wo abusua muni biako mmobɔ afie afie asɛm no so nhwɛ? Nea wayɛ ofiewura no betumi abisa nsɛm a wɔtaa bisa wɔ mo asasesin no mu.

4 Sɛ ɛba ofie Bible adesua yɛ mu a, ahosiesie ho hia bio, sɛ yɛde nea ɛsen biara bɛma Yehowa a. Ɛsɛ sɛ yesusuw osuani no ahiade ahorow ho bere a yesiesie yɛn ho no sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi adannan asɛm no mu ma ɛho aba no mfaso kɛse. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ misi so dua na ɛho aba onipa yi mfaso? Ɔkwan bɛn so na metumi aboa no ma ɔde nea osua no adi dwuma?’

BƆ AFƆRE BERE NYINAA

5 Nea ɛka nea ɛsen biara a yɛde bɛma ho ne ɔsom adwuma a yɛbɛyɛ bere nyinaa. Kae, Hebrifo 13:15 se: “Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa.” So yɛrebɔ afɔre a ɛte sɛɛ bere nyinaa? Dodow a yɛtaa yɛ afie afie adwuma no, dodow no ara na yehu ofiewuranom ahiade ahorow no yiye. Osuahu ma yesiesie yɛn ho yiye sɛ yɛbɛka asɛmpa no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.

6 Wɔ November yi mu no, yɛbɛma wɔakra Nyan! wɔ asɛnka mu. Yebetumi ama wɔakra Ɔwɛn-Aban nso, titiriw wɔ kasa horow a wontintim Nyan! wom no mu. Yebetumi ama wɔakra n’abien nyinaa nso. Sɛ pɛnkoro pɛ na worebɛkɔ asɛnka wɔ ɔsram no mu a, ɛnde ɛnyɛ nea ebia wubetumi ama wɔakra bi. Ɛno nso renkyerɛ nea ɛsen biara a ɛsɛ sɛ wode ma Yehowa no. Enti yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛkɔ asɛnka dapɛn biara wɔ November mu, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, na ma wɔnkra bi wɔ hokwan biara a wubenya mu​—wɔ nsɛmma nhoma dwumadi mu, sankɔhwɛ mu, ofie Bible adesua mu, ne mpo wɔ bɔnnɔ so. Saa a wubetumi ayɛ no bɛma woanya nhyira ne anigye pii.

7 Sɛ yɛde anisɔ susuw biribiara a Yehowa ayɛ ama yɛn no ho a, ɛbɛka yɛn bere nyinaa ma yɛde nea ɛsen biara ama no.​—1 Be. 29:14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena