Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Abusuafo Ne Wɔn A Wunim Wɔn
1 Ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ obiara a ogye nokware no ho bɛpere no sɛ ɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo, titiriw abusuafo ne nnipa a onim wɔn yiye. Bere a Yesu ka kyerɛɛ Andrea sɛ ommedi n’akyi no, okohuu ne nua Simon “anɔpa a edi hɔ no” na ɔkae sɛ, “Yɛahu Mesia no.” Saa ara na Filipo kɔhwehwɛɛ n’adamfo Natanael a wantwentwɛn ne nan ase, na ɔka kyerɛɛ no sɛ “bra bɛhwɛ.”—Yoh. 1:41, 45, 46, NW; hwɛ Rbi8 asehɔ asɛm ne Asomafo no Nnwuma 10:24.
2 Wo nso ɛ? So worehwehwɛ hokwan ahorow a wubenya aka nokware no ho asɛm akyerɛ abusuafo ne wɔn a wunim wɔn? Ebia woatwentwɛn wo nan ase wɔ eyi yɛ mu a wusuro sɛ wɔbɛpow asɛm no na ama sɛnea wɔyɛ wɔn ade wɔ wo ho no asakra. Ɛnsɛ sɛ wugyae. Esiane sɛ w’abusuafo no nim wo dedaw nti, ebia wɔbɛpɛ sɛ wotie wo kɛse sen ɔhɔho a ɔba wɔn fi no.
DƐN NTIA? ƆKWAN BƐN SO?
3 Yɛn 1986 Afe Nhoma no ka osuahu bi a ɛfa ɔbea bi a ɔwɔ Japan a ɔkwampaefo titiriw bi sankɔhwɛ a ɔne no yɛe wɔ boasetɔ mu ma ɔbaa nokware no mu no ho asɛm. Ná ɔbɔ mmɔden yiye wɔ ne kan asɔre no mu na na n’abusuafo pii da so ara wɔ saa asɔre no mu. Ofii ase dii wɔn adanse, na bɛboro 50 bɛyɛɛ Adansefo wɔ mfe anum ntam.
4 Afei nso susuw onuawa bi a ɔwɔ Accra a ɔtoo nsa frɛɛ n’abusuafo sɛ wommedidi wɔ ne fi asɛm no ho. Odii kan ka kyerɛɛ wɔn sɛ wato nsa afrɛ Adansefo no bi nso na abusuafo no benya hokwan abisa wɔn nsɛm wɔ Yehowa Adansefo gyidi ahorow no ho. Nea efii mu bae ne adanse fɛfɛ a wodii abusuafo no, adwene a. ɛnteɛ a wɔanya a woyi fii hɔ ne sankɔhwɛ a ɛsow aba ne ofie Bible adesua ahorow mpo.
5 Sɛ biribi pa amfi wo mmɔdenbɔ a edi kan no mu amma a, mma w’aba mu mmu. Wɔ nsɛm pii mu no, nneɛma pa mfi mu mma kosi asram anaa mfe bi akyi mpo. Yesu kae sɛ ne nguan bɛte ne nne. Nanso ɛho nhia sɛ wɔbɛyɛ saa wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. (Yoh. 10:16) Ebia na wiase dedaw yi de mfe pii akyekyere wɔn, na ebia ɛho behia sɛ wufi ayamye mu de Bible mu nokware ahorow a ɛte sɛ ngo a ɛma wonya ahotɔ no di dwuma ansa na wɔayɛ ho biribi. Egye mmɔdenbɔ, egye bere.
6 Filipifo 2:15 kyerɛ sɛ, sɛ ‘yɛbɛhyerɛn sɛ akanea’ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a “wonnunu wɔn, na wɔyɛ kronn, Onyankopɔn mma a wonni dɛm.” Enti ɛsɛ sɛ yɛn abusuafo ne wɔn a yenim wɔn tumi hu sɛ nokware no ama nsakrae kɛse aba yɛn asetra mu. Ɔsomafo Petro sii asɛm koro no ara so dua.—1 Pet. 2:12.
7 Nanso nea ɛsen nhwɛso pa ho hia na akanyan yɛn abusuafo no ma wɔabɛsom Yehowa. Ɛsɛ sɛ yedi wɔn adanse. (Rom. 10:14; Aso. 8:31) Sɛ wubenya abusuafo a wɔte baabi a ɛware a, ebia krataa a woasusuw ho yiye, akyerɛw no fɛfɛɛfɛ bɛyɛ ɔkwan a etu mpɔn a wobɛfa so aka asɛmpa no akyerɛ wɔn. Ɛnsɛ sɛ wo krataa no yɛ nea wode kasa tia wɔn, na mmom nea ekura adwempa, denhyɛ, ne adamfofa su. Ɛsɛ sɛ wohu anigye ne anidaso a ɛwɔ wo koma mu fi bere a wuhuu nokware no.
NYA ADWEMPA
8 Anuanom mmea binom suro sɛ wɔn kununom bɛsɔre atia wɔn kɛse ma enti wɔnnka nea wɔyɛ a ɛfa asafo no ho no ho asɛm nkyerɛ wɔn. Ɛwom, ɛsɛ sɛ obiara si n’ankasa gyinae wɔ eyi mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu bo a Yehowa mpae a emu yɛ den a wɔbɔ som no so bere a yesusuw hokwan a yebenya de adi abusuafo ne wɔn a yenim wɔn adanse no ho no. (Fil. 4:6; 1 Tim. 2:1) Nya adwempa. Ampa, Yehowa behyira mmɔden ankasa a wobɔ sɛ wobɛka asɛmpa no akyerɛ w’abusuafo ne wɔn a wunim wɔn no so.