Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nyansahyɛ Ahorow A Wɔde Ma A Yɛde Bedi Dwuma So
1 Sɛ́ wo ho bɛkokwaw wɔ adwuma bi yɛ mu no gye bere ne mmɔdenbɔ pii. Nnwuma bi yɛ hwehwɛ sɛ obi bɛma nimdeɛ a ɔwɔ wɔ ho no anya nkɔso bere nyinaa denam adesua ne ntetee foforo a obenya so. Saa ara na yɛn Nyankopɔn, Yehowa, asomfo a wɔn ho akokwaw a yɛbɛyɛ no hwehwɛ sɛ yebenya nkɔso wɔ nokware no mu na yɛahu sɛnea yɛbɛyɛ yɛn som adwuma no wɔ bere a yɛwom no mu.
2 Bere a Yesu somaa nnipa 70 no, ɔkyerɛɛ wɔn nea ɛsɛ sɛ wɔka ne sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade. (Luka 10:1-11) Ɔne wɔn susuw nnyinasosɛm a ɛfa Kristofo asetra ne nsɛm a ɛfa wɔn som adwuma ho no ho. Ɔsomafo Paulo nso sii hia a ɛho hia sɛ wɔbɛma ɔsom adwuma no ho nimdeɛ anya nkɔso no so dua bere a otuu Timoteo fo sɛ: “Ma w’ani mmra wo ho ne wo kyerɛkyerɛ no so mmere nyinaa” no. (1 Tim. 4:16, NW) Eyi nyinaa kyerɛ sɛ ntetee pa ho hia na ama yɛatumi ayɛ Kristofo som adwuma no. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛn nsa aka eyi no “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de mmoa pii ma a emu biako ne Yɛn Ahenni Som no.
NKAESƐM A ƐBOA
3 Eyi a ɛba ɔsram biara no de nkaesɛm pii a ɛboa ama yɛn wɔ mfe pii mu. Emu na yehu asɛnka a wɔakamfo akyerɛ, nhoma a yɛde bɛma wɔ ɔsram no mu, sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn afie afie som adwuma no ho akwankyerɛ ne nsɛm afoforo a ɛfa sɛnea yɛbɛma yɛn asɛnka adwuma anya nkɔso ho. Nanso sɛ yebenya akwankyerɛ a ɛte sɛɛ mu mfaso kɛse a, ɛho hia sɛ yɛde nea yesua no di dwuma. Ɛdenam saa yɛ so no, yenya anuanom a wɔyɛ asɛmpakafo a wɔyɛ nnam no nyansa ne osuahu no bi. Dwom 19:7 se: [Yehowa] adanse [nkaesɛm, NW] atim, ɛma ayemfo hu nyansa.” Enti, ne titiriw no, wɔn a afei na wɔafi ase rebɔ asɛmpa no dawuru no betumi anya mfaso afi afotu a eye a wɔde ma wɔ Yɛn Ahenni Som mu no mu. Wɔn a wɔde mfe pii ayɛ saa no nso da nyansa adi denam nyansahyɛ ne akwankyerɛ fɛfɛ a wɔde ma no a wɔde bedi dwuma kɛse no so. Enti sɛ́ yɛyɛ afoforofo anaasɛ yɛn ho akokwaw wɔ ɔsom adwuma no mu no, anisɔ mu a yebefi de nkaesɛm a ɛboa adi dwuma no de akatua kɛse ba.—Dw. 119:2; fa toto Mmebusɛm 1:5 ho.
4 Susuw onua bi a odii akwankyerɛ a na ɛwɔ November 1983 de no mu wɔ “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nnipa a Woma Wɔn Nsɛmma Nhoma Daa a Wubenya So” ase nhwɛso no ho. Ɔkwan bɛn so na onyaa mu mfaso? Mprempren ɔwɔ nnipa 60 a ɔma wɔn foforo a ɛba bi daa. Ɛda adi sɛ onua yi ne wɔn a ɔma wɔn bi daa mprempren yi anya nhyira denam akwankyerɛ a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu a ɔde dii dwuma no so.
5 Wɔ October 1981 de no mu no, asɛm a ɛne “So Moayɛ Mo Asasesin Mu Adwuma Yiye?” no de nyansahyɛ a eye mae wɔ wɔn a wonni fie ho. Ná ɛfa wɔn a wonni fie no ho kyerɛwtohɔ pa a wɔbɛyɛ na afei wɔasan akɔhwɛ wɔn ansa na wɔafi asasesin no mu ho. Asafo biako a edii akwankyerɛ yi akyi hui sɛ adawurubɔfo no nsa kaa wɔn a na wonni fie no mu fã bere a wɔsan kɔe dɔnhwerew biako anaa nea ɛte saa akyi no. Enti, wɔn nso ahu anigye a efi nyansahyɛ a eye a wotie mu ba no.
6 Bere a na awarefo bi wɔ akwamma no, wɔde nyansahyɛ a na ɛwɔ August 1984 de mu wɔ “Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Bere a Woanya Adwuma mu Akwamma” ase no dii dwuma. Esiane sɛ wɔhwehwɛɛ hokwan ahorow a wobenya adi adanse bɔnnɔ so nti, wotumi maa nhoma na wɔne nnipa pii bɔɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye. Wohui sɛ eyi maa wɔn akwamma no yɛɛ anigye kɛse. Bere a wɔkɔsraa nnamfo ne abusuafo no, osuahu a wɔwɔ no ma wonyaa nea wobegyina so abɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran.
7 Yesu tuu n’asomafo no fo sɛ: “Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo.” (Yoh. 13:17) Ná onim sɛ, sɛ n’asuafo no yɛ nea ɔkyerɛɛ wɔn no a, wobenya anigye ampa wɔ wɔn som adwuma no mu. Yiw, ɔsom adwuma no mu anigye fi nea Yehowa ahyehyɛde no de ma a wode bedi dwuma no mu na ɛba. Momma yɛnkɔ so mfa nkaesɛm ne nyansahyɛ a wɔde ma wɔ Yɛn Ahenni Som mu no nni dwuma na ama yɛayɛ Yehowa asomfo a wɔn ho akokwaw.