Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/88 kr. 1-2
  • Ahenni Aba a Yebegu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahenni Aba a Yebegu
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • PII A YƐDE BƐMA
  • AHOSIESIE HO HIA
  • ‘Onyankopɔn Na Ɔma Enyin’!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Ahenni ho Nokware No Aba A Yebegu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Ahenni Aba A Yɛbɛhwɛ So Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nokware Aba A Yebegu Na Yɛayɛ Ho Adwuma
    Yɛn Ahenni Som—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 2/88 kr. 1-2

Ahenni Aba a Yebegu

1 Dwom 126:6 ka aba ankasa a wogu ho asɛm na ɛka sɛ: “Ɔde nusu nennam kura aba a wogu, ɔde ahurusi kura n’afiafi bɛba.” Wɔ Ɔsɛnkafo 11:6 no wɔde nsɛm yi hyɛ ogufo no nkuran: “Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.”

2 Sɛ yenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa a, na ɛkyerɛ sɛ yɛn nso yekura afiafi a ɛyɛ honhom mu de. Nhoma ahorow a ɛkyerɛkyerɛ Ahenni asɛmpa no mu ma yɛn nnamyɛ wɔ honhom mu aba a yegu no mu no yɛ kɛse. Saa nhoma yi ka nsɛmti ahorow a ɛfa nnipa pii ho na ɛkyerɛ sɛnea ɛho hia sɛ wosua Ahenni asɛmpa no ho ade. Yehowa nam akoa nokwafo no so ama yɛn Bible mu nhoma a eye pii a yɛde bedi dwuma wɔ Ahenni aba a yegu wɔ awiei bere yi mu no mu.

PII A YƐDE BƐMA

3 Wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu wɔ February mu no, yɛde nhoma ahorow a akyɛ a ada adi sɛ na etu mpɔn wɔ nkurɔfo a wɔboaa wɔn ma wonyinnii wɔ honhom mu, a Choosing, Commentary on James, “Daa Atirimpɔw,” Evolution (dedaw no) , Asɛmpa, Holy Spirit, Asomdwoe ne Ahotɔ (dedaw no) , Nkwa Yi, Nokware, ne World Government ka ho no bi na ebedi dwuma. Wubetumi de saa nhoma ahorow yi mu abien biara ama de agye 150. Ebia ebinom behu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔde saa nhoma yi mu anan anaa nea ɛboro saa ma wɔ asɛnka mu.

AHOSIESIE HO HIA

4 Gye simma kakraa bi fã tĩ nhoma dedaw a wo nsa bɛka sɛ wode bɛkɔ asɛnka no mu nsɛm no mu. Wubehu sɛ Asetra Yi ka nsɛmti te sɛ “So Wubetumi ne Awufo Akasa?,” “Ɛyɛɛ Dɛn na Onyin ne Owu Bae?” ne “Nea Enti a Pii a Wɔte Ase Nnɛ wɔ Hokwan sɛ Wɔrenwu Da” ho asɛm.

5 Ebia ebinom ani bɛsɔ sɛ wobenya Yakobo nhoma no mu nkyekyem no mu biara mu nkyerɛkyerɛmu, na wobenya eyi wɔ Commentary on James mu. Sɛ wode Choosing nhoma no rema a, ebia wubehu sɛ etu mpɔn sɛ wobɛkenkan asɛm a efi akyerɛwfo hɔ a ɛwɔ kratafa 2 no: “Nnipa anokwafo pii bɛpɛ sɛ wohu asetra kwan bi a ɛde asomdwoe ne akomatɔyam ba mprempren na ɛma wonya awerɛhyem sɛ wobenya daakye dwoodwoo asetra mu anigye. Wɔatintim saa nhoma yi a anidaso no ne sɛ ɛbɛboa nnipa komapafo ma wɔahu asetra kwan a ɛkorɔn sen biara no na wɔadi akyi.”

6 Sɛ nhoma dedaw no dodow a asafo no wɔ no sã ntɛm a, ɔsom adwuma sohwɛfo no betumi akɔ asafo ahorow a ɛbɛn no mu akɔhwɛ sɛ wɔwɔ bi wɔ hɔ a. Afei nso wobetumi akra bi afi Asafo ti no hɔ.

7 Bere a wudua nokware aba no na wugugu so nsu no, bɔ mpae daa srɛ Yehowa akwankyerɛ ne nhyira efisɛ ‘Onyankopɔn na ɔma enyin.’​—1 Kor. 3:6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena