Nokware Aba A Yebegu Na Yɛayɛ Ho Adwuma
1 Bere a yedi nkurɔfo adanse na yɛde nhoma ma, gyaw nkratasin ne nsaano nkrataa ahorow no, na yɛregu Ahenni nokware aba. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ yɛn adwuma no te sɛ okuafo a ogu aba. (Luka 8:5-8) Ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yebegu aba no wɔ nnipa pii koma mu sɛnea yebetumi. So ɛnyɛ saa na wote nka wɔ ho?
2 Wɔ May ne June mu no yɛbɛtoa aba a yegu no so denam nkurɔfo a yɛbɛto nsa afrɛ wɔn ma wɔakra Ɔwɛn-Aban no so. Dɛn na wutumi yɛe wɔ nsɛmma nhomakra ɔsatu a etwaam no mu? Wɔ afe a etwaam ɔsatu no mu no, akwampaefo boafo biako de botae no sii n’anim sɛ obenya nsɛmma nhomakra biako wɔ dɔnhwerew biako biara a ɔde bɛka asɛm no mu, kyerɛ sɛ, obenya 60 wɔ ɔsram no mu. Ɛno yɛ adwempa a wonya wɔ nsɛmma nhomakra ho! Nea efii mu bae? Ɔbɔɔ amanneɛ sɛ onyaa Ɔwɛn-Aban, kra 155, na nnipa baasa kraa Nyan! Dɛn na ɛbɛyɛ wo botae wɔ May ne June mu?
3 Biribi a ebia ɛbɛboa wo ma woadu wo nsɛmma nhomakra botae no ho ne sɛ wobɛkyerɛw wɔn a wohwɛ a wobetumi akra no din na afei woahyɛ da abɔ mmɔden sɛ wobɛkɔ wɔn mu biara nkyɛn. Wɔn a ebia ebetumi ayɛ yiye saa ne wɔn a wɔagye bi pɛn, wɔn a yɛma wɔn bi daa, wɔn a yɛne wɔn sua Bible, abusuafo, afipamfo, mfɛfo adwumayɛfo, mfɛfo sukuufo, nnipa a wɔba yɛn fi daa ne afoforo. Ɛyɛ nea wubetumi asusuw nnipa pii a wobenya mfaso afi Bible mu nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ahenni no ho a wɔn nsa bɛka no daa a ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔkra no ho. So anyɛ yiye koraa no wubenya nsɛmma nhomakra biako ɔsram yi?
SANKƆHWƐ AHOROW
4 Ɔsomafo Paulo kaa nokware aba a wobedua na wɔagugu so ho asɛm. (1 Kor. 3:6) Eyi ne Yesu ahyɛde sɛ yɛnkyerɛkyerɛ na yɛnyɛ asuafo no hyia. (Mat. 28:19, 20) Enti, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛsan akɔsra nnipa a wɔkyerɛ ho anigye no na yɛabɔ mmɔden sɛ yebegu nokware aba no so nsu na yɛayɛ ho adwuma. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?
5 Wɔ koma pafo fam no, Ahenni asɛm no yɛ asɛmpa. Ahenni no bedi wɔn haw ahorow no ho dwuma na ama adesamma nsa aka nea wohia nyinaa. Enti sɛ wosan kɔ wɔn nkyɛn a, fi Bible no mu kyerɛ wɔn nea Ahenni no bɛyɛ. Bere koro no ara mu no bɔ mmɔden sɛ wubehu wɔn ahiade ahorow ne nea wɔn ani gye ho. Ɛbɛboa wo ma woahu Ahenni nhyira horow no mu nea ebia wɔn ani begye ho titiriw.—Mat. 10:7, 12, 13; 9:36.
NYA MU KYƐFA DAA
6 Mpɛn pii eye sɛ wobɛyɛ bere nhyehyɛe daa ama sankɔhwɛyɛ na woabɔ mmɔden sɛ wubefi adesua ase. Pii de reyɛ wɔn su sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ afie afie asɛnka adwuma no mu daa Kwasida. Pii ahu sɛ eye sɛ wɔbɛyɛ sankɔhwɛ no ntɛm ara wɔ nsrahwɛ a edi kan no akyi. So woasan akɔsra obi pɛn wɔ nna kakraa bi mu, bere a anigye no mu da so ara yɛ den no? Eyi betumi ayɛ nea etu mpɔn kɛse.