Ɛsɛ sɛ Wogugu Aba so Nsu na Ama Atumi Anyin
1. Dɛn na ɛsɛ sɛ yegugu so nsu na ama atumi anyin?
1 Sɛ wodua aba wɔ turo mu a, ɛsɛ sɛ wogugu so nsu na ama atumi anyin. Saa ara na nokware aba a yedua wɔ nkurɔfo komam wɔ yɛn asasesin mu no nso te. (1 Kor. 3:6) Sɛ yɛpɛ sɛ sɛnkyerɛnne kwan so aba yi gye ntini, enyin, na ɛsow aba a, ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no san kɔ wɔn nkyɛn kogugu so nsu.
2. Yɛbɛyɛ dɛn ato nhyɛase ama sankɔhwɛ?
2 Bisa Asɛm: Sɛ woresiesie asɛm a wobɛka a, dɛn nti na wompɛ asɛmmisa bi a ɛkanyan anigye a wubetumi abua bere a worekɔyɛ sankɔhwɛ no? Bisa asɛm no wɔ nkɔmmɔ a edi kan a wo ne no bɔe no awie, na yɛ nhyehyɛe pɔtee bi a ɛbɛma woasan akɔ ne nkyɛn. Adawurubɔfo pii ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛpaw asɛm bi afi Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu a ɛbɛma wɔakyerɛ wɔn sɛnea wɔyɛ Bible adesua.
3. Sɛ woreyɛ obi a ɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye ho kyerɛwtohɔ a, nsɛm bɛn na wubetumi akyerɛw aka ho?
3 Yɛ Kyerɛwtohɔ: Sɛ wo ne obi bɔ nkɔmmɔ bere a edi kan no wie ara pɛ a, gye bere fa yɛ kyerɛwtohɔ. Kyerɛw onipa no din ne n’address. Ɛyɛ papa nso sɛ wobɛkyerɛw ɛda ne bere a wo ne no bɔɔ nkɔmmɔ no, nea mokaa ho asɛm, na sɛ womaa no nhoma a, nhoma ko a wode maa no. So ɔkae sɛ ɔyɛ ɔsom bi muni? Ɔwɔ abusua? Ɔkaa nea n’ani gye ho ne nea ɛhaw no? Nsɛm a ɛtete saa a wubehu no bɛboa wo ma woatumi adannan wo nsɛm mu ma adi n’ahiade ho dwuma. Afei nso, kyerɛw bere a wokae sɛ wobɛsan akɔsra no ne asɛmmisa a wubebua no.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so bɔ mmɔden san kɔ wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no nkyɛn?
4 Mpa Abaw: Satan bɛkɔ so abɔ mmɔden sɛ ‘obeyi asɛm’ a woadua no afi onipa no komam. (Mar. 4:14, 15) Enti, sɛ wokɔ onigyeni no nkyɛn na woanto no wɔ fie a, mma w’abam mmu. So wubetumi akyerɛw no krataa anaa woakyerɛw asɛm bi ahyɛ ne pon ase? Ɔkwampaefo bi fii ase ne ɔbea bi yɛɛ Bible adesua wɔ ne pon ano, nanso wansan ankɔto no wɔ fie bio enti ɔkyerɛw no krataa. Awiei koraa no, ɔbea no kae sɛ sɛnea onuawa no kyerɛɛ ne ho anigye no kaa ne koma paa. Sɛ yegugu nokware aba no so nsu a, yebetumi anya anigye bere a yehu sɛ aba no fifi, enyin na ‘ɛsow aba aduasa ne aduosia ne ɔha no.’—Mar. 4:20.