Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Yɛ Sankɔhwɛ Ho Nhyehyɛe Pa
Nea Enti a Ɛho Hia: Sɛ yɛhyia obi wɔ asɛnka mu na ɔkyerɛ asɛm no ho anigye a, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yɛhu bere a ɔwɔ fie na yɛasan akɔgugu nokware aba a yɛduae no so nsu. (1 Kor. 3:6) Ɛno nti, yɛkɔ obi nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛasan akɔ ne nkyɛn bio, enti ɛho hia sɛ yɛbisa onipa no ma ɔkyerɛ bere a ɔpɛ sɛ yɛsan ba. Afei nso, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛgya asɛmmisa bi a bere foforo sɛ yɛkɔ hɔ a yɛne no bɛsusu ho. Eyi bɛma ofiewura no ahwɛ yɛn kwan. Sɛ asɛmmisa no ho mmuae wɔ nhoma a yɛde gyaw no no mu a, ne ho bɛpere no sɛ ɔbɛkenkan. Sɛ yɛma ofiewura no hu asɛm a yɛbɛsusu ho bere foforo a, ɛno nso ma ɛyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛsan akɔ ne nkyɛn, efisɛ yɛnim nea yɛrekɔka, na ofiewura no nso nim nea yɛrebɛbɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ yɛkɔto no a, yɛbɛtumi aka sɛ, asɛmmisa a nnaano yɛde gyaw wo no ara nti na yɛnam, yɛaba sɛ yɛrebɛma wo ho mmuae. Afei, na yɛde nea aka no atoa so.
Sɔ Eyi Hwɛ wɔ Ɔsram Yi Mu:
Sɛ woredwendwene nea wobɛka ho a, kae sɛ wobɛdwene asɛmmisa a wode bɛgya ofiewura no nso ho. Ɛyɛ a ka ho asɛm kyerɛ adawurubɔfo a wo ne wɔn bɛkɔ asɛnka no.