Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb16 January kr. 6
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Yɛ Sankɔhwɛ Ho Nhyehyɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Yɛ Sankɔhwɛ Ho Nhyehyɛe
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA ENTI A ƐHO HIA:
  • ƆKWAN A WOBƐFA SO AYƐ:
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Yɛ Sankɔhwɛ Ho Nhyehyɛe Pa
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛbɛyɛ Sankɔhwɛ
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Bere Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛsan Kɔ Anigyefo Nkyɛn?
    Yɛn Ahenni Som—2009
  • Ahosiesie—Ɛma Sankɔhwɛ Tu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
mwb16 January kr. 6

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu​—Yɛ Sankɔhwɛ Ho Nhyehyɛe

NEA ENTI A ƐHO HIA:

Yɛpɛ sɛ yegugu nokware aba a yɛadua no so nsu. (1Ko 3:6) Enti obi kyerɛ asɛm no ho anigye a, ɛyɛ papa sɛ yɛde asɛmmisa bi gyaw no, na da foforo yɛne no akosusuw ho. Eyi bɛma ɔde anigye ahwɛ yɛn kwan bere foforo na ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yebesiesie yɛn ho ama sankɔhwɛ no. Enti sɛ yɛsan kɔ ofiewura no nkyɛn a, yebetumi aka akyerɛ no sɛ yɛrebɛma asɛmmisa a yɛde gyaw no no ho mmuae.

ƆKWAN A WOBƐFA SO AYƐ:

Onua bi resiesie ne ho akɔyɛ sankɔhwɛ, ɔne ofiewura no rekasa, na afei ɔreyɛ kyerɛwtohɔ
  • Sɛ woresiesie wo ho akɔyɛ afie afie asɛnka a, pɛ asɛmmisa a wode begyaw ofiewura no na da foforo wokɔ a, woama no ho mmuae. Wubetumi abisa asɛm bi a ɛho mmuae wɔ nhoma a wopɛ sɛ wode ma no no mu. Anaasɛ wubetumi abisa asɛm bi a ɛho mmuae wɔ nhoma foforo mu na sɛ wosan kɔ a, wode nhoma no ama no.

  • Sɛ wo ne obi a wakyerɛ asɛm no ho anigye bɔ nkɔmmɔ wie a, ma onhu sɛ w’ani gye ho sɛ wobɛsan aba ne nkyɛn. Afei fa asɛmmisa a wopɛ sɛ mususuw ho da foforo no gyaw no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, gye ne tɛlɛfon nɔma anaa n’address.

  • Sɛ wohyɛ no bɔ sɛ wobɛba da foforo anaa bere pɔtee bi a, bɔ mmɔden sɛ wubedi so.​—Mt 5:37.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena