Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb17 November kr. 3
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛbɛyɛ Sankɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Sɛnea Yɛbɛyɛ Sankɔhwɛ
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Yɛ Sankɔhwɛ Ho Nhyehyɛe Pa
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Yɛ Sankɔhwɛ Ho Nhyehyɛe
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Ahosiesie—Ɛma Sankɔhwɛ Tu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—2008
  • Ɔfã 11—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
mwb17 November kr. 3

KRISTOFO ABRABƆ

Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu​—Sɛnea Yɛbɛyɛ Sankɔhwɛ

NEA ENTI A ƐHO HIA: Nnipa pii ani gye Ahenni asɛm no ho. Wɔyɛ saa de kyerɛ sɛ wɔrehwehwɛ Nyankopɔn ho nokwasɛm. (Yes 55:6) Sɛ yebetumi akyerɛkyerɛ wɔn ama atu mpɔn a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so ara kɔ wɔn nkyɛn. Ɛsono obiara ne n’asetenam nsɛm, enti sɛ yebetumi aboa nkurɔfo ma wɔn ani agye asɛm no ho a, ɛsɛ sɛ yɛsakra yɛn nsɛm mu. Yɛn botae paa ne sɛ yebefi Bible adesua ase. Enti ɛsɛ sɛ yɛde biribi titiriw bi si yɛn ani so. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yesiesie yɛn ho yiye ma sankɔhwɛ biara.

Onuawa bi resiesie ne ho akɔyɛ sankɔhwɛ

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

Anuanom mmea mmienu bi reyɛ sankɔhwɛ na wɔreyi video akyerɛ ofiewura no
  • Bɔ mmɔden yɛ ntɛm kɔsra no, anyɛ yiye koraa no nna kakraa bi ntam.—Mt 13:19

  • Tew w’anim na da obu adi. Mpere wo ho

  • Fi wo komam kyia no. Fa ne din frɛ no. Ma onhu nea enti a woaba hɔ. Ebetumi aba sɛ worekoyi asɛm bi ano, wode nsɛmma nhoma foforo a aba rekɔma no, worekɔtwe n’adwene asi yɛn wɛbsaet no so, worekoyi video akyerɛ no, anaa worekɔkyerɛ no sɛnea yɛne nkurɔfo yɛ Bible adesua. Sɛ wokɔ hɔ na ɔde asɛm foforo mmom ba sɛ munsusuw ho a, ɛnde yɛ no saa.—Flp 2:4

  • Nokware aba a woadua wɔ nipa no komam no, sɛ wubetumi agugu so nsu a, gye sɛ wo ne no susuw Bible mu asɛm bi ho, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a woama no nhoma. (1Ko 3:6) Bɔ mmɔden ka biribi a n’ani begye ho

  • Fa asɛm bi gyaw no na da foforo moasusuw ho

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena