Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/88 kr. 3
  • Ɛho Hia Sɛ Yɛn Nyinaa Sua Ade

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛho Hia Sɛ Yɛn Nyinaa Sua Ade
  • Yɛn Ahenni Som—1988
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • W’ANKASA NHOMAKORABEA
  • Fa Index No Di Dwuma Na Ama Woanyin Wɔ Honhom Mu
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Yɛn Ahenni Som Adwuma A Yɛbɛyɛ Denam Index No Mmoa So
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Sɛnea Wɔyɛ Nhwehwɛmu
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Nhomakorabea
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1988
km 2/88 kr. 3

Ɛho Hia Sɛ Yɛn Nyinaa Sua Ade

1 Ná Yesu asuafo no wɔ hɔ bere a ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yoh. 17: 3) Yiw, ɛho hia sɛ Kristo asuafo nyinaa, a anigyefo afoforo nyinaa ka ho, nya nimdeɛ a ɛte saa. Yebetumi ayɛ eyi denam abusua adesua ne asafo nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ so. So wudi w’ankasa w’adesua nhyehyɛe pa akyi?

2 Anigyefo afoforo nya mfaso kɛse denam wɔn ankasa ofie Bible adesua so. Nanso, sɛ wobenya honhom mu onyin a, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so nya nimdeɛ na afei wɔde nea wosua no di dwuma. (Heb. 5:13, 14) So woreyɛ saa?

3 Yehowa asomfo a wonnyinii no wɔ gyinabea pa a wɔde benya nimdeɛ. Wɔn adwene betumi agye nsɛm pii, na mpɛn pii no wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobehu nea enti a nneɛma te sɛnea ɛte no. Yehowa de saa ɔpɛ yi bɔɔ yɛn. Fa wo bere di dwuma nyansa mu fa nya honhom mu nimdeɛ. Yɛ sɛnea ɔsomafo Paulo kae no na ‘tɔ adagyew bere no’ fa yɛ w’ankasa adesua a ɛsom bo na ɛhyɛ gyidi den no.​—Kol. 4:5, NW.

W’ANKASA NHOMAKORABEA

4 So wowɔ w’ankasa anaa abusua nhomakorabea? So Nyan! ne Ɔwɛn-Aban a wɔaka abom, Aid nhoma no, ne nhoma ahorow a yɛde di dwuma wɔ Asafo Nhoma Adesua ne Ahenni Asa so nhyiam horow ase no bi wom? So wowɔ Watch Tower Publications Index 1930-1985 no ne Asafo ti nhoma dedaw ahorow a nsa betumi aka no bi?

5 Wubenya nsɛm a ɛsom bo afi nhoma dedaw ahorow mu. So woakenkan anaasɛ woasua Jehovah’s Witnesses and the Question of Blood nhomawa no? 1975 Yearbook of Jehovah’s Witnessess no ka Yehowa nkurɔfo abakɔsɛm fi Onua Russel bere so besi yɛn bere yi so na ebua nsemmisa pii a wɔabisa afa Yehowa Adansefo ho no.

6 Ankorankoro ne abusua adesua ho hia na ama obi ayɛ den honhom mu na woasiesie no pɛ ama asɛnka. Dɛn na woreyɛ wɔ eyi ho? So wusiesie wo ho ma asafo nhyiam horow? So wusiesie wo ho ma asɛnka wɔ mmɔden a wobɔ sɛ wobɛyɛ nnam sɛnea wubetumi mu? So worekenkan wo Reasoning From the Scriptures nhoma no? So wode di dwuma wɔ asɛnka mu?

7 Fa Watch Tower Publications Index 1930-1985 no di dwuma fa hwehwɛ w’ankasa wo nsemmisa ne afoforo a nnipa a wuhyia wɔn asɛnka mu no bisa wo no ho mmuae. Mpanyimfo behu sɛ Index no yɛ adwinnade a ɛsom bo kɛse a wɔde bedi dwuma de ahwehwɛ nsɛm a ɛhyɛ nkuran na ɛfata ma wɔn a wɔba wɔn nkyɛn bɛhwehwɛ honhom fam mmoa no.

8 Timoteo Nhoma a Ɛto so Abien 2:15 tu fo sɛ: “Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata, odwumayeni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, ɛho hia sɛ yɛn nyinaa sua ade na yɛde nea yesua no di dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena