Nkaedi Bible Akenkan
Kwasida, March 27, Nisan 9: Marko 14:3-9; 11:1-11
Dwoda, March 28, Nisan 10: Marko 11:12-18
Benada, March 29, Nisan 11: Marko 11:19—13:37
Wukuda, March 30, Nisan 12: i Marko 14:1, 2, 10, 11
Yawda, March 31, Nisan 13: Marko 14:12-16
Fida, April 1, Nisan 14: Marko 14:17—15:47
Nneɛma A Ɛsɛ Sɛ Wosiesie (Hwɛ wTW85 2/1 krat. 27)
1. So wɔakyerɛ ɔkasafo no afahyɛ no bere ne beae pɔtee a wobehyia no?
2. So ɔwɔ kar a ɔde bɛkɔ?
3 So wɔayɛ nhyehyɛe sɛ obi mfa ntama a wɔde sɛw ɔpon so a ani tew ne glass ne prɛte dodow a wohia no mmra?
4. Nhyehyɛe bɛn na wɔayɛ a wɔde resiesie asa no so?
5. Hena na ɔne wɔn a wobegye ahohɔ no ne wɔn a wɔde bɛfa nnipa no anim no bɛyɛ nhyiam na wɔakyerɛ wɔn wɔn adwuma no ani so ansa na Nkaedi no adu hɔ? Bere bɛn? Dɛn na wɔbɛyɛ de ahu sɛ wɔde afa atiefo no, ɔkasafo no ne wɔn a wɔde faa nnipa no anim no anim sɛnea ɛfata?
6. Nkaebɔ ahorow bɛn na wɔde bɛma afa asɛnka nhyiam horow mmere ne mmeae ho wɔ Nkaedi da no mu?
7. So anuanom a wɔanyinyin ne wɔn a wonni ahoɔden a wɔbɛboa wɔn no ho nhyehyɛe asi? So wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔde bi bɛkɔ akɔma wɔn a wɔasra wɔn no mu biara a ontumi nsɔre na ɔrentumi mma no?