Bible Akenkan Nhyehyɛe Ma Nkedi
1 Ansa na yebedi Nkae no afe yi (Nisan 14) Dwoda, March 31, 1980, bere a owia akɔtɔ no, ɛho bɛba mfaso sɛ yɛkenkan Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ ase ha yi a ebetumi ama obi adwene ne ne mpaebɔ akɔ Yesu som adwuma nna a etwa to bere a ɔdaa ne ho adi sɛ Agyede a ɛsom bo sen biara ma adesamma no so.—Mat. 20:28.
2 Sɛ obi pɛ sɛ ɔkenkan ɛho nsɛm afoforo a, obetumi ahwɛ “All Scripture ls Inspired of God and Beneficial” nhoma no mu, nkratafa 288, 289. Afei nso hwɛ Aid to Bible Understanding, kratafa 930.
3Sɛ obi antumi ne afoforo ammom ankenkan eyi sɛ abusua a, ebia
Wukuda, March 26 Nisan 9 Mateo 21:1-17
Yawda, March 27 Nisan 10 Yohane 12:20-50
Fida, March 28 Nisan 11 Mateo 21:23-46
Memeneda, March 29 Nisan 12 Mateo 26:1-16
Kwasida, March 30 Nisan 13 Mateo 26:17-19
Dwoda, March 31 Nisan 14 Mateo 26:26-56
ɔno nkutoo betumi akenkan: