Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Belize de adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛsen biara a ɛyɛ 809 wɔ April mu nyaa afe a etwaam no nkyekyem so nkɔanim 11%. Na 4,057 a wɔkɔɔ Nkaedi ase no nso bi mmae da.
◆ Hawaii nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛsen biara 5,729 April mu. Wohyiraa wɔn baa dwumadibea adan foforo no so April 3 na 8,715 na wɔkɔɔ ase.
◆ Papua New Guinea nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim foforo a ɛyɛ 2,013 April mu, nea edi kan a wɔaboro 2,000.