Teokrase Nsɛmmansɛmma
Colombia: Wɔn a wɔkɔɔ Nkaedi ase no dodow duu nkɔanim a ɛsen biara foforo 205,355, na ɛboro afe a etwaam no de so 23,000. Sɛ wɔde toto adawurubɔfo nkɔanim a ɛsen biara foforo 48,774 ma April no ho a, na wɔn a wɔkɔe no mu ɔha biara mu nkyem 76 yɛ anigyefo.
Greece: Na April akontaabu a ɛyɛ adawurubɔfo 24,504 no yɛ dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo, na wonyaa daa akwampaefo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 1,516.
Hungary: Adawurubɔfo 11,296 buu ofie Bible adesua dodow a ɛyɛ 8,084 ho akontaa wɔ April mu.
Phillippines: Wohyiraa baa dwumadibea adan afoforo so April 13, na nnipa 1,718 na wɔkɔe. Ade kyee no wɔmaa ɔkasa titiriw bi wɔ mmeae asia na nnipa 78,501 na wokotiei. Philippines buu adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara foforo 110,225 ho akontaa wɔ April mu.