Yɛ Bible Adesua a Enya Nkɔso
1 Sɛ wobɛkyerɛkyerɛ Bible ɔdesuafo ma wadu baabi a obenya nkɔso abɛyɛ osuani no gye nneɛma ho a wudi kan susuw ne nhyehyɛe pa. Ɛsɛ sɛ wufi adesua ase na woyɛ a atirimpɔw pɔtee bi wɔ w’adwene mu, sɛ wobɛboa ɔdesuafo no ma wabɛyɛ Kristo Yesu suani a ɔsow aba. (Mat. 13:23) Enti, kyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea Yesu hyɛe no nyinaa so. (Mat. 28:19, 20) Boa adesuafo no ma ɔnte ase sɛ mobɛyɛ adesua no dapɛn biara de aboa no ma wanya Onyankopɔn Asɛm mu mfitiase nimdeɛ. Afei nso, fi ayamye mu kyerɛ no sɛnea nkɔso a obenya wɔ nokwaredi mu denam nea osua no a ɔde bedi dwuma so no ho hia no. (Mmeb. 22:17; Fil. 3:16) Nanso mmeae pɔtee bɛn na ɛsɛ sɛ wohu nkɔso?
2 Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo no susuw nkɔso a Bible ɔdesuafo no renya ho bere ne bere mu. Bisa wo ho sɛ: So odi kan siesie ne ho ma nea yebesua no na ɔkenkan Kyerɛwnsɛm a wɔabobɔ din nanso wɔamfa emu nsɛm anka no? (Aso. 17:11; 1 Tes. 2:13) So ɔma ne mmuae horow wɔ n’ankasa nsɛm mu na so ɛda ne komam anisɔ ma Bible mu nokware a ɔresua no adi? (Mmeb. 2:1-6) So ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ wobɛhyɛ no nkuran ma wakenkan Onyankopɔn Asɛm no ne Asafo ti no nhoma ahorow no bi aka ho? So wakra Nyan! ne Ɔwɛn-Aban? So wanya nkɔso adu baabi a ɔbɛkyerɛ da biara da asɛm nsiesiei no ho anisɔ?
3 So ɔnam ne kasa, su, ne nneyɛe so kyerɛ sɛ ɔregye Bible mu abrabɔ gyinapɛn ahorow no atom. (1 Kor. 6:9, 10) So ɔreyɛ nsakrae ahorow wɔ ne nipasu mu? (Efe. 4:22-24) So Bible mu nokware ho komam anisɔ reka no ama waka nea ɔresua no ho asɛm akyerɛ abusuafo, mfɛfo adwumayɛfo, anaa afipamfo bɔnnɔ so? (Luka 6:45) Sɛ ɔwɔ ahoɔden sɛnea obetumi akɔ asafo nhyiam horow daa na ne nsɛm tebea horow ma no ho kwan a, so ɔde reyɛ ne su ankasa sɛ ɔbɛyɛ saa? (Heb. 10:23-25) Ɔdesuafo no nkɔso a wubesusuw ho wɔ saa mmeae yi no bɛboa wo ma woahu faako a ‘ɔregye odwo asɛm a wɔatɛw no atom’ akodu no.—Yak. 1:21.
ADESUA A ƐNSOW ABA A WOGYAE YƐ
4 Sɛ bere a wode ntoboase aboa ɔdesuafo bi bere tenten a ɛsɛ mu no onnya nkɔso pa biara, a ebia ɛbɛyɛ nea eye kyɛn so sɛ wode bere no bedi dwuma de ahwehwɛ wɔn a wɔsɛ. (Mat. 10:11-13) Ɛde gyina tebea no so no, ebia ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubegyae adesua no yɛ. Fi nokwaredi mu kamfo ofiewura no wɔ nkɔso a wanya ho. Nanso, kyerɛ no sɛ sɛ wosua Bible mu nokware ahorow no a ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma. Bere a wode Yesu bɛ a ɛfa ogufo no ho no di dwuma no, wubetumi akyerɛ no nea nsase ahorow anan no kyerɛ na afei woakyerɛ no sɛnea saa bɛ yi si hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ ade pa wɔ Ahenni nkrasɛm no ho no so dua. Ebia eyi bɛboa ɔdesuafo no ma wahu nea ɛmma onnya nkɔso yiye no. Ebia wubenya hokwan de aka nea woahyɛ no nsow ho asɛm. Nya ayamye, nanso ka no pen na ma emu nna hɔ. (1 Kor.14:8, 9) Ma onhu sɛ sɛ ɔyɛ nsakrae ahorow a ehia no a, mubetumi ahyɛ adesua no ase bio. Wɔ bere no mu no, ɛyɛ a wobɛfa hɔ ahyɛ no nkuran.—Hwɛ Ahenni Som, June 1970, Borɔfo de, kratafa 4.
5 Sɛ worehwehwɛ nkurɔfo a wɔasua ade pɛn wɔ asasesin no mu a, nyansa wom sɛ wubisa bere tenten a wɔde suaa ade ne onii a wɔne no suae. Dɛn nti na wogyaee? Sɛ wunim onii a odii kan yɛɛ adesua no a, ɛbɛyɛ papa sɛ wone no ne ɔsom adwuma sohwɛfo no besusuw asɛm no ho ansa na moahyɛ adesua no ase bio. Ɛda adi sɛ nokwasɛm bi wɔ hɔ a wunnim. Ebinom ne adawurubɔfo afoforo pii asua ade mfe pii a wonnyaa nkɔso biara. Wɔn a wɔkyerɛ nokware no ho anigye ampa no na ɛho hia sɛ yenya wɔn ho bere.
6 Sɛ woregyae adesua bi yɛ anaasɛ worehyɛ ebi a wɔagyae pɛn ase bio no, ebia wobɛpɛ sɛ wone ofiewura no susuw nsɛm a eye a ɛwɔ asɛm “Bere Da so Ara wɔ hɔ sɛ ‘Wobɛsan Aba Yehowa Nkyɛn’” a ɛwɔ April 1,1976 Watchtower, nkratafa 220-2 no ho. Bere a yɛma tumi a yetumi yɛ Bible adesua a enya nkɔso no ano yɛ nam no, ebia yɛbɛboa afoforo pii a yennim wɔn dodow ma wɔasua nokware no, wɔagye atom, na wɔde adi dwuma. Nea ebetumi afi eyi mu aba ne wɔne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ a ɔpene wom ne, ebia, daa nkwa a wobenya.—Fil. 4:9; Yoh. 17:3.