Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/90 kr. 1-2
  • Mmofra A Wɔbɛboa Wɔn Ama Adebɔne Apare Wɔn Honam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra A Wɔbɛboa Wɔn Ama Adebɔne Apare Wɔn Honam
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AWOFO ASƐYƐDE
  • EBI WƆ GHANA
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nhoma a Ɛbɛboa Mmabun ma Wɔakae Wɔn Bɔfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Mmofra—Momma Yehowa Koma Ntɔ ne Yam
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Ɛnnɛ Mmofra—1990 Mfe No Nsɛnnennen A Wohyia
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 1/90 kr. 1-2

Mmofra A Wɔbɛboa Wɔn Ama Adebɔne Apare Wɔn Honam

1 Yehowa pɛ sɛ yenya ne nkwa akyɛde a ɛsom bo no mu anigye. Ɛno nti, wama yɛn ahofadi a ɛfata sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi adi yɛn koma akɔnnɔ akyi. Nanso, nea ɛka saa ahofadi no a yɛde bedi dwuma ho no, ɛteɛ sɛ yebebu nea yɛyɛ ho akontaa akyerɛ Yehowa.​—Ɔsɛnk. 11:9.

2 Esiane sɛ yɛtɔ sin na yɛyɛ abɔnefo nti, ɔkwan bɛn so na yebetumi ama adebɔne a esiane sɛnea yɛkyerɛ yɛn asetra kwan nti, ebetumi ato yɛn no apare yɛn honam? (Ɔsɛnk. 11:10) So ebetumi ayɛ yiye sɛ mmofra a wonnyaa osuahu pii no bekwati adebɔne? Nea ɛyɛ yɛn anigye no, mmuae no yɛ yiw. ‘Yehowa nim hia a yehia akwankyerɛ no yiye. na ofi ɔdɔ mu de afotu ne akwankyerɛ ma sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra ne mpanyin nyinaa bɛnantew dwoodwoo afa nsɛnnennen ahorow a ɛyɛ kɛse bere nyinaa a wohu wɔ nna a edi akyiri yi mu no mu.​—Dw. 19:7; 119:9; 2 Tim. 3:1.

AWOFO ASƐYƐDE

3 Sɛ asɛnnennen sɔre a, mmofra hia awofo a wotumi di asɛyɛde ho dwuma a wobetumi ‘ahyɛ nsa a emu agow den na nea atɔ apakye no antere ho, na mmom wɔasa no yare.’ (Heb. 12:12, 13) Nea ɛbɛyɛ na awofo aboa wɔn mma ma wɔakɔ so anantew nkwa kwan no so no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn mma no adwene foforo bere ne bere mu. Eyi gye ntoboase ne nnamyɛ, ne Yehowa nhyira kɛse.

4 Awofo rentumi mmɔ wɔn mma ho ban mfi nkɛntɛnso bɔne ho korakora. Nanso ɔkwan bɛn so na wobetumi ahyɛ abofra adwene den? Ɛdenam ‘Yehowa nyansakyerɛ a wɔde bɛyɛn no’ so. (Efe. 6:4) Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, nea ɛwɔ eyi mu ne abusua adesua, honhom ne abrabɔ fam akwankyerɛ, sukuu akyi dwumadi ahorow a eye, nteɛso a ɛfata, ne awofo nhwɛso pa.

5 Wɔyɛɛ Questions Young People Ask​—Answers That Work nhoma a woyii adi wɔ “Onyamesom Pa Ahofama” Ɔmantam Nhyiam ase no sɛ ɛbɛboa mmofra. Ɛboa awofo ma wɔne wɔn mma susuw gyinapɛn ahorow a ɛteɛ ho nso. Sɛ wɔde Onyankopɔn mmara hyɛ abofra adwene ne ne koma mu ɔkwan a etu mpɔn so a, mmara horow yi betumi ayɛ te sɛ nkɛntɛnso bi a edi ne so, anaasɛ ɛkyerɛ no kwan. Nhoma yi mu nsɛm a abusua no bɛbɔ ho nkɔmmɔ no bɛhyɛ mmofra den ma adebɔne apare wɔn honam.

6 Bere a woyii Young People Ask nhoma no adi no, nhyiam ase ɔkasafo no dan n’adwene kɔɔ mmofra a wɔwɔ nhyiam no ase no so na osii bo a nhoma no som no so dua. Wɔhyɛɛ awofo nkuran sɛ wɔmmfa nni dwuma sɛ abusua nkɔmmɔbɔ nnyinaso. Wɔ eti biara awiei no, ɔfã bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no “Questions for Discussion” (“Nkɔmmɔbɔ Nsemmisa.”) Eyinom nyɛ nsemmisa a wɔde pɛɛpɛe asɛm no nkyekyem biara mu. Asemmisa biara fa asɛmti ketewaa biako anaa nea ɛboro saa ho. Ebia mmusua ti binom bɛpaw sɛ wobesusuw nsemmisa no ho bere a wɔakenkan eti no nyinaa awie no. Ebia afoforo nso bebisa bere a wogu so kenkan asɛm a nsɛmti nketewa no wom no.

EBI WƆ GHANA

7 Ɛyɛ sɛ saa nhoma yi bi wɔ Ghana baa dwumadibea ha. Asafo ahorow betumi akra bi. Esiane ntease pa nti, yɛrentumi mmfa nea mobɛkra no pii mmana prɛko. Wɔ nsɛm no bi mu no, yɛbɛyɛ nhyehyɛe ama moakogye nea mobɛkra no wɔ faako a mode mo sika kɔ no. Yɛwɔ anidaso sɛ asram kakraa bi mu no, yebetumi ama mo nsa aka nea mo ankasa hia nyinaa ne kakra a mode bɛma anigyefo a mugye wɔn di. Ne bo yɛ ¢265 ma akwampaefo ne ¢550 ma adawurubɔfo ne ɔmanfo.

8 Bible no da no adi sɛ mmofra hia sɛ wɔkyerɛ wɔn ahoɔden kwan kɔ botae horow a nyansa wom na ɛfata so. Ɛda adi yiye sɛ nhoma foforo yi bɛkyerɛ pii kwan akɔ nyansa a enni awiei fibea​—Bible no​—so. Adwinnade a ɛsom bo a wɔde kyerɛ mmofra kwan kɔ asetra a edi mũ mu mprempren ne daakye a dwoodwoo wom mu bɛn ara ni!​—Ɔsɛnk. 12:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena