Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g91 6/8 kr. 7-9
  • Ɛnnɛ Mmofra—1990 Mfe No Nsɛnnennen A Wohyia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛnnɛ Mmofra—1990 Mfe No Nsɛnnennen A Wohyia
  • Nyan!—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmofra Mmoa a Ɛkyɛn so Fibea
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Mmofra
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Mmofra A Wɔbɛboa Wɔn Ama Adebɔne Apare Wɔn Honam
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Mmofra Ani Gye Nyamesom Ho Dɛn?
    Nyan!—1998
  • Ɛnnɛ Mmofra—Wɔn Nsɛm Tebea Wɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1991
g91 6/8 kr. 7-9

Ɛnnɛ Mmofra​—1990 Mfe No Nsɛnnennen A Wohyia

NOVEMBER 1985. Mpanyimfo a wofi aman 103 so hyiae wɔ Amanaman Nkabom no adwumayɛbea ti yɛɛ nhyehyɛe “a wɔde bedi wiase no mu mmofra nsɛnnennen ho dwuma.”​—UN Chronicle.

Mfe anum atwam, na mmofra nsɛnnennen no ayɛ kɛse asen daa. Amammui ho nyansapɛ ahorow a ɛne wɔn ho wɔn ho bɔ abira, ntoboa a ɛnnɔɔso ne ahiade atitiriw a ɛresakra ama mmɔden a nniso horow fi adwempa mu bɔ sɛ wɔbɛbom aboa mmofra no ayɛ ɔkwa.

Nyamesom nso antumi anyɛ nkɛntɛnso pa. Gallup nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ United States no ma ɛdaa adi sɛ, ɛwom sɛ mmofra pii (bɛyɛ sɛ ɔha mu nkyem 90) gye Onyankopɔn (anaasɛ honhom a ɔwɔ baabiara) di de, nanso wɔn mu kakraa bi na wobu nyamesom sɛ ade titiriw wɔ wɔn asetra mu. Afei, nyamesom ntumi nyɛɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ahohwibra no ho hwee.

Afei ebinom a wose wɔyɛ abenfo no nso wɔ hɔ​—adwene ne nneyɛe ho abenfo, asetram nsɛm ho adenimfo, afotufo ne wɔn a ɛkeka ho​—a wotu mmofra fo. Emu bi wɔ hɔ a eye na ɛboa. Nanso wɔn afotu fa ɔhonam fam nneɛma nkutoo ho: wɔn a wonnii mfe aduonu a wonyinsɛn no sikasɛm ho nsɛnnennen, AIDS a ɛsɛ sɛ wɔkwati, honam mu asiane a ɛwɔ nnubɔne nom mu. Wɔntaa nka abrabɔ ho nsɛm a ɛho hia kɛse a ɛwom no ho asɛm. “Abenfo” no taa di nea aba so foforo akyi te sɛ nsɛm anaa ɛfene a agye din, sɛ ebia “Ɔbarima ne ɔbea nna a asiane nni ho” anaasɛ “Wode Ka Sɛ Dabi!”

Na awofo nso ɛ? Asetra mu dwumadi na ɛwɔ wɔn mu pii adwenem. Esiane sɛ awofonom pii nhu akwankyerɛ a ɛsɛ sɛ wɔde ma anaasɛ wɔfɛre sɛ wɔbɛbɔ kokoam nsɛm ho nkɔmmɔ nti, sɛ nsɛm a emu yɛ den sɔre a, wɔnyɛ ho hwee. Ɛnde, na ɛnyɛ nwonwa sɛ mmofra pii hwehwɛ mmoa fi wɔn atipɛnfo a wonni osuahu no nkyɛn.

Mmofra Mmoa a Ɛkyɛn so Fibea

Ɛnde, ɔkwan bɛn so na mmofra benya nsemmisa a ɛhaw wɔn no ho mmuae ahorow a etu mpɔn. Nsemmisa te sɛ: ‘So menka nnubɔne ne nsa a ano yɛ den nhwɛ?’ ‘So memfa me ho nhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu ansa na maware?’ ‘Ɔkwan bɛn so na mehu sɛ ɛyɛ ɔdɔ ankasa?’ ‘Dɛn na ɛwɔ hɔ ma me daakye?’

Ebia ɛbɛyɛ nnipa binom nwonwa sɛ wɔbɛte sɛ afotu a eye kyɛn so ma mmofra no fibea ne Onyankopɔn Asɛm Bible. Bible? Yiw, ɛwɔ pii ka kyerɛ mmofra. (Hwɛ Mmebusɛm atiri 1-7; Efesofo 6:1-3.) Bio nso, efi yɛn Bɔfo a onim “mmerante bere mu akɔnnɔ a ano yɛ den” no yiye no home mu. (2 Timoteo 2:20-22, Phillips; 2 Ti 3:16) Sɛ anka wubegye adwene a ɛne sɛ tete nhoma yi betumi aka 1990 mfe yi mu asetram nsɛm ho akyinnye no, susuw eyi ho: So wugye di sɛ wɔbɛkenkan afotu a nnɛyi “abenfo” de ma no wɔ mfe 50 a ɛreba no mu na wɔakyerɛ obu wɔ ho? Nanso, wɔda so araa kyerɛ obu kɛse ma Bible no wɔ ne kyerɛw akyi mfe mpempem pii!

Ɛyɛ nokware sɛ efi Bible mmere so no, adesamma abusua no asakra pii de, nanso ɔdesani suban nsakrae ɛ. Mmerantebere mu akɔnnɔ te saa ara. Nanso Bible no ho da so araa hia. Na edi nnɛ mmofra nsɛnnennen ahorow no mu pii ho dwuma kosi ase pɛɛ. Bere koro no ara mu no, ɛma mmofra nya anidaso ma daakye.

Esiane sɛ Bible no fi yɛn Bɔfo no hɔ nti, yɛbɛhwɛ kwan sɛ emu afotu no bɛyɛ nea wobetumi de adi dwuma. Ɛnnɛ Kristofo mmofra ɔpepem pii a wodi Bible akwankyerɛ akyi no asetra mu osuahu da no adi sɛ ɛte saa! Ɔwɛn Aban Asafo no atintim nhoma bi a wɔato din Questions Young People Ask​—Answers That Work na aboa mmofra. Ɛka nsɛnnennen ahorow pii a ɛhaw mmofra no ho asɛm, na egyina Bible no so ankasa! Ɛnyɛ sɛ anigye a mmofra a wɔyɛ nhoma yi akenkanfo da no adi wɔ ho no kyerɛ sɛ Bible mu afotu no ye nko, na mmom nokwasɛm a ɛyɛ nso sɛ mmofra hwehwɛ na wodi Bible akwankyerɛ akyi. Asɛm a edi so no kyerɛ nsɛm a efi komam a mmofra a wofi wiase nyinaa kae.

Sɛ woyɛ abofra anaa ɔpanyin no, ɛsɛ sɛ wusua Bible no na wuhu mu nsɛm. Yehowa Adansefo nam ofie Bible adesua a wonnye hwee nhyehyɛe so aboa nnipa ɔpepem pii, na wɔde anigye kɛse bɛboa wo. Sɛ mmofra sua Bible no na wɔde mu afotu di dwuma a, ɛnyɛ sɛ wobetumi anya nnɛ nsɛnnennen no ano aduru nko na mmom wobenya Onyankopɔn a ɔto nsa frɛ mmofra sɛ wɔnsom no no anim dom nso.​—Ɔsɛnkafo 12:1.

[Kratafa 8 adaka]

Questions Young People Ask​—Answers That Work

Bible mu afotu a wɔde ma wɔ nsɛm a esisi nnɛ ho a ɛwɔ nhoma yi mu no bi ni.

AIDS Nsanyare No: “Munguan aguamammɔ! Bɔne biara a onipa yɛ no nni nipadua mu, na nea ɔbɔ aguaman no de, ɔyɛ n’ankasa nipadua bɔne.”​—1 Korintofo 6:18; fa toto Mmebusɛm 5:3-20 ho.

Asabow: “Mpa sadweamfo ne wɔn a wodi nam fuu no mu; na ɔsadweam ne ohohwini bedi hia, na nkotɔ de ntamagow fura onipa. [Nsa] akyiri ka sɛ ɔwɔ, na ɛbɔre sɛ ahurutoa.”​—Mmebusɛm 23:20, 21, 32.

Adwumayɛ: “Sɛ wuhu onipa a ɔyɛ n’adwuma ho nsi a, ahene anim na obegyina ɔrennyina mpapahwekwa anim.”​—Mmebusɛm 22:29.

“Na adwuma biara a moyɛ no, mumfi ɔkra mu nyɛ no sɛ moyɛ ma [Yehowa] na monyɛ mma nnipa.​—Kolosefo 3:23.

Nuklea Ɔsɛe ho Suro: “Na sɛ [Yehowa] a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no se ni,​—ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.”​—Yesaia 45:18; 55:10, 11; Ɔsɛnkafo 1:4.

Ohia: “Na wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, na wɔrennua mma obi nni. . . . Wɔrenyɛ adwumayɛhunu”​—Yesaia 65:21-23.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena