Ɛnnɛ Mmofra—Wɔn Nsɛm Tebea Wɔ Wiase Nyinaa
MMOFRA a wonnii mfe aduonu ho adwene titiriw a ɛwɔ hɔ ne sɛ, wɔyɛ atuatewfo a wɔnom nnubɔne, nkwaseafo, ahopɛfo ne anihafo a nea ɛwɔ wɔn adwenem ara ne ntade, TV ne ɔbarima ne ɔbea nna. Nanso, nnipa pii fam no, ɛte sɛnea mmofra ho adwene a ɛnteɛ yi nyɛ nokware koraa.
Nhwehwɛmu bi a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Psychology Today mu no kyerɛ sɛ ‘bɛyɛ wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu nkyem anan mu abiɛsa wɔ ntetee pa. Ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa wɔ anigye, ahosodi, wodwen afoforo ho, wodwen nea ebetumi afi wɔn nneyɛe mu aba no ho.’ Wohui sɛ mmofra no mu pii ntwe wɔn ho mfi wɔn awofo ho koraa, mmom no “wɔwɔ wɔn mmusua ho adwempa.”
Nhwehwɛmu afoforo da no adi sɛ nnɛ mmofra no anidaso, botae ne dadwen no mu pii nso da nyansa ne ade a wodwen ho yiye adi. Wɔ 1985 mu no, Unesco Courier bisaa aman 41 mu mmofra sɛ: “Asɛnnennen bɛn na ɛhaw mmofra nyinaa nnɛ sen biara?” Wonyaa mmuae ahorow a efi nyansam te sɛ “akodi ne asomdwoe ho nsɛnnennen” (ɔha mu nkyem 50) , “adwuma a wonnya nyɛ” (ɔha mu nkyem 30) ne “daakye” (ɔha mu nkyem 10) .
Sɛ yɛka obi ankasa botae ahorow ho asɛm mpo a, bio no yehu sɛ mmofra wɔ ho adwene a ɛteɛ. Bere a wɔabisabisa “[U.S.] mmarimaa ne mmeawa a wɔadi fi mfe dunan kosi aduonu anan kuw bi a wɔde wɔn gyinaa [U.S.] ɔman no mu mmofra anan mu” nsɛm akyi no, Seventeen nsɛmma nhoma no ka kyerɛɛ mmofra a wɔyɛ n’akenkanfo no sɛ: “Aware ne abusua a mopɛ sɛ munya no hia mo sen biribiara. Ade a ɛto so abien a mohwehwɛ ne adwuma. Mode sika a mubenya ayɛ mo botae. Sika nso, ne nhomasua hia mo. Nanso mo mu bɛboro ɔha mu nkyem 60 nnye nni sɛ wiase yi mu nsɛnnennen no yɛ kɛse araa ma mo awo ntoatoaso no ntumi mma nneɛma nyɛ yiye.”
Mpɛn pii no, mmofra a wɔwɔ wiase no nyinaa pɛ nneɛma a wɔn mpanyimfo hwehwɛ no ara: anigye, ahotɔ, mmusua a biakoyɛ wom. Wiase a wɔte mu no ho nsɛm hia wɔn na wofi wɔn komam pɛ sɛ wosiesie no. Nanso, ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ adwempa yi.
Mmofra a Wonni Anigye na Wɔsɛe Wɔn Ho
Nhwehwɛmu a yɛaka ho asɛm no ka awerɛhosɛm a wohui yi ho asɛm sɛ: “Mmofra a wɔne wɔn kasae no mu nkyem anan kae sɛ wɔn ani ntaa nnye na wɔyɛ ankonam, na wɔyɛ basaa na asetram nsɛnnennen ma wɔn abaw mu bu. Wɔn mu bi mpo kae sɛ wonya adwene sɛ wonni wɔn ho dɔm.” Wɔ aman bi so no, mmofra yɛ nea ɛboro adwennwene ara kwa. Ɛkame ayɛ sɛ mmofra a wonnii mfe aduonu a wodii wɔn ho dɔm wɔ United States no dodow bɔɔ ho abien wɔ mfe 20 a atwam no mu!a
Ade foforo a ɛhaw adwene yiye nso ne mmofra a wonnii mfe aduonu a wɔnom nnubɔne te sɛ marijuana, heroin, kokaine ne krak, a ɛyɛ kokaine mu ahorow a wɔn dodow renya nkɔanim no. Abeawa bi a wadi mfe 14 a ɔwɔ United States ka marijuana a wɔnom ho asɛm sɛ: “Ɛnyɛ ade a ‘aba so’ ara kwa. Ɛkame ayɛ sɛ ɛyɛ obiara asetra fã.”
Aman a afei na wɔrenya nkɔanim mpo nnee wɔn ho wɔ asɛnnennen yi ho. Mmofra a wɔnom koka nsã ne nneɛma a ɛte saa no abu so wɔ aman a ɛte sɛɛ so. Enti Amanaman Nkabom no Ɔkyerɛwfo Panyin Javier Pérez de Cuéllar kae sɛ asɛnnennen a ɛne nnubɔne a wɔde di sum ase gua na wɔde di dwuma no “bɛsɛe awo ntoatoaso a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛbɛba nyinaa te sɛ ɔhaw ahorow a tete mmere mu ɛbaa wiase no mmeae pii no.”
Nnuru a mmara ma hokwan te sɛ nsã a ano yɛ den ne tawa a mmofra de di dwuma no nso haw—abenfo pii—ne awofo. UN Chronicle bɔ amanneɛ sɛ: “Sɛnea WHO [Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde] no kyerɛ no, bɛyɛ mfe 30 kosi 40 a atwam mu no, mmofra pii afi ase nom nsã a ano yɛ den; dodow a wɔnom ne mpɛn dodow a wɔnom no anya nkɔanim; na mfe a wodi ansa na wofi ase nom no so atew.”
Nokwarem no, mmofra kakraa bi na wɔn adwenem ayɛ wɔn basaa anaasɛ wɔde wɔn ho hyɛ su a ɛma wɔsɛe wɔn ho mu. Nanso, wiase nyinaa no, wɔn a wɔwɔ nsɛnnennen no dodow yɛ ɔpepem pii. Sɛnea yebehu akyiri no, nnɛ mmofra hyia bere a yɛte mu yi mu dadwen ne ahokyere ahorow.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛnea nhoma Helping Your Teenager Deal With Stress kyerɛ no, nnipa binom gye di sɛ “mmofra a wɔn ani afi taa de kar a wɔde nya akwanhyia no di dwuma de di wɔn ho dɔm.” Esiane sɛ wɔntaa mmu lɔre akwanhyia sɛ ɛyɛ obi ho dɔm a odi nti, ɛda adi sɛ wommu mmofra a wonnii mfe aduonu a wodi wɔn ho dɔm no ho akontaa yiye.