Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 9/8 kr. 8-10
  • Bere a Wɔsan Nya Anidaso ne Ɔdɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere a Wɔsan Nya Anidaso ne Ɔdɔ
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnamfo ne Mpanyimfo Foforo Betumi Aboa
  • Sɛnea Wɔaboa Ebinom Ma Enti Wɔanni Wɔn Ho Dɔm
  • Mmofra Renwu Bio
  • Nea Enti a Asetra Fono Ebinom
    Nyan!—2001
  • Ahodɔmdi—Ade a Ɛrehaw Mmofra
    Nyan!—1998
  • Ɔpɛ a Yɛwɔ sɛ Yɛbɛtra Ase
    Nyan!—2000
  • Wobetumi Agyina Asetra Mu Nsɛm Ano—Dɛn Nti Na Ebinom Paw Sɛ Wobekum Wɔn Ho?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 9/8 kr. 8-10

Bere a Wɔsan Nya Anidaso ne Ɔdɔ

AWOFO, akyerɛkyerɛfo, ne afoforo a wɔne mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so di nsɛm no hu sɛ ɛnyɛ wɔn anaa mmofra anaa onipa foforo biara na obetumi asakra wiase no. Nkɛntɛnso bi a ɛte sɛ po asorɔkye redi dwuma a obiara ntumi nsiw ano. Nanso, pii wɔ hɔ a yɛn nyinaa betumi ayɛ de ama mmofra anya anigye, ne akwahosan pa, na wɔne afoforo anya abusuabɔ pa.

Esiane sɛ ahobammɔ ye sen ayaresa nti, ɛsɛ sɛ awofo susuw sɛnea wɔn asetra kwan ne ahiade ahorow betumi anya wɔn mma su ne wɔn nneyɛe so nkɛntɛnso ho. Ofie tebea a ɔdɔ ne tema wom bɛma wɔanya ahobammɔ a ebetumi asiw nneyɛe a ɛbɛma wɔakum wɔn ho ano. Ade biako a ehia mmofra sen biara ne sɛ wobenya obi a obetie wɔn. Sɛ awofo ntie wɔn a, ebia nnipa a wɔn bra asɛe betie wɔn.

Dɛn na ɛno kyerɛ ma awofo nnɛ? Nya bere ma wo mma bere a ɛfata—bere a wosusua no. Wɔ mmusua pii fam no, eyi nyɛ mmerɛw. Wodi apere ansa na wɔanya wɔn asetrade, na ɛma awofo baanu no nyinaa yɛ adwuma ɔkwan biara so. Ebinom a wɔwɔ ɔpɛ na wɔatumi ayɛ nsakrae sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii ama wɔn mma no taa nya akatua bere a wohu sɛ wɔn mmabarima ne mmabea di yiye wɔ asetra mu no. Nanso, sɛnea yedii kan hui no, ɛtɔ mmere bi a, sɛ awofo no bɔ mmɔden dɛn ara mpo a, wɔn mma betumi ahyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den.

Nnamfo ne Mpanyimfo Foforo Betumi Aboa

Akodi, mmonnaato, ne mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade no hwehwɛ sɛ awofo a wodwen wɔn mma ho nokwarem no bɔ mmɔden soronko de siw nkɛntɛnso a ɛsɛe ade biara ano. Ebia mmofra a ayayade a ɛte saa ho nsɛm haw wɔn no renyɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛboa wɔn no ho biribi pa mpo. Ebetumi agye wo bere ne mmɔdenbɔ pii. Nokwarem no, ɛnyɛ nea nyansa wom, na ɛnkyerɛ ɔdɔ sɛ wubebu wɔn animtiaa anaa wobɛpo wɔn. So yebetumi ayɛ yɛn ankasa nkate mu nhwehwɛmu akɔ akyiri kakra na yɛada ayamye ne ɔdɔ a ehia adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ asiane mu no?

Ɛnyɛ awofo nko, na mmom ɛsɛ sɛ nnamfo ne mmofra foforo titiriw de wɔn ani to fam hyɛ su horow a mmofra da no adi a ebetumi akyerɛ nkate fam tebea a ɛmfata no nsow. (Hwɛ adaka “Mmoa a Ɛfata Ho Hia,” kratafa 8.) Sɛ wuhu nsɛnkyerɛnne no bi a, yɛ ntɛm tie no. Sɛ wubetumi a fa nsɛmmisa a efi ayamye mu ma mmofra a wɔwɔ ɔhaw mu nka nea ɛhaw wɔn, na ma wonhu sɛ woyɛ wɔn adamfo pa. Nnamfo ne abusuafo a wɔwɔ wɔn mu ahotoso betumi aboa awofo ma wɔadi tebea horow a emu yɛ den ho dwuma; nanso, nokwarem no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na wɔannye awofo no asɛyɛde amfi wɔn nsam. Mpɛn pii no, ɔpɛ a mmofra nya sɛ wodi wɔn ho dɔm no yɛ nea wɔde hwehwɛ bere a wobenya ama wɔn denneennen—awofo bere.

Akyɛde biako a ɛsen biara a obiara betumi de ama mmofra ne sɛ wɔbɛma wɔanya daakye a ɛyɛ anigye ho anidaso, ade a ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ so atra ase. Mmofra pii abehu nokware a Bible bɔhyɛ a ɛfa wiase nhyehyɛe pa bi a ɛnkyɛ ɛbɛba ho yɛ no.

Sɛnea Wɔaboa Ebinom Ma Enti Wɔanni Wɔn Ho Dɔm

Wɔ Japan no, ababaa bi a osusuw ho mpɛn pii sɛ obedi ne ho dɔm no wɔ eyi ka: “Hwɛ mpɛn dodow ara a me kɔn dɔe sɛ mɛfa saa kwan no so. Bere a meyɛ abofra no, obi a na mewɔ ne mu ahotoso too me mmonnaa. . . . Bere a atwam no, mekyerɛw nsɛm pii a ɛka sɛ ‘Mepɛ sɛ miwu’ araa ma mintumi nkan. Efi saa bere no, mabɛyɛ Yehowa Ɔdansefo, na mesom sɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo mprempren, nanso saa nkate yi da so ba bere ne bere mu. . . . Nanso Yehowa ama makɔ so atra ase, na ɛte sɛ nea ɔka kyerɛ me brɛoo sɛ, ‘Kɔ so tra ase.’”

Abeawa bi a wadi mfe 15 a ofi Russia kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a midii mfe awotwe no, mifii ase tee nka sɛ me ho nhia obiara. Ná m’awofo nnya bere ne me nni nkɔmmɔ, na mebɔɔ mmɔden sɛ m’ankasa medi me haw ho dwuma. Metew me ho fii afoforo ho. Ná me ne m’abusua ham daa. Afei minyaa adwene sɛ medi me ho dɔm. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ mihyiaa Yehowa Adansefo!”

Na saa nkuranhyɛ nsɛm yi fi Cathy a seesei ɔwɔ ne mfe 30 mfiase mu a ɔwɔ Australia no hɔ a ɛkyerɛ sɛ abasamtu betumi adan anidaso ankasa: “Ná misusuw akwan ahorow a mɛfa so atwa me nkwa so ho daa, na awiei koraa no meyɛe sɛ medi me ho dɔm. Ná mepɛ sɛ mifi wiase a ɔhaw, abufuw, ne abasamtu ahyɛ mu ma yi mu. Adwenemhaw maa ɛyɛɛ den maa me sɛ mefi ‘ananse ntontan’ a na mete nka sɛ akyekyere me no mu. Enti, na ɛte sɛ nea ahodɔmdi ne ano aduru saa bere no.

“Bere a midii kan tee sɛ asase betumi adan paradise a obiara a ɔte so benya asomdwoe ne asetra a ɛyɛ anigye no, me kɔn dɔe ankasa. Nanso na ɛte sɛ daeso a ɛrentumi mma mu. Nanso, mifii ase tee adwene a Yehowa wɔ wɔ nkwa ho ne sɛnea yɛn mu biara som bo ma no no ase nkakrankakra. Mifii ase nyaa awerɛhyem sɛ daakye ho anidaso bi wɔ hɔ. Awiei koraa no, minyaa ɔkwan bi a mɛfa so apue afi saa ‘ananse ntontan’ no mu. Nanso, na emu a mefi no nna fam. Ɛtɔ mmere bi a, na adwenemhaw bunkam me so ma m’adwene tu fra koraa. Nanso, me ho a mede too Yehowa Nyankopɔn so kɛse no maa mebɛn no yiye, na minyaa ahobammɔ. Meda Yehowa ase wɔ nea wayɛ ama me nyinaa ho.”

Mmofra Renwu Bio

Abofra nam Bible sua so betumi ahu sɛ biribi pa bi wɔ hɔ a yebetumi ahwɛ kwan—nea Kristoni somafo Paulo frɛ no “nokware nkwa no.” Otuu aberantewaa Timoteo fo sɛ: ‘Kasa kyerɛ ahonyafo sɛ wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so, sɛ wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam, na wɔmfa nhyɛase pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu.’—1 Timoteo 6:17-19.

Enti, Paulo afotu no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛne nnipa foforo bɔ, na yɛboa wɔn ma wonya daakye ho anidaso pa. “Nokware nkwa” ne nea Yehowa ahyɛ ho bɔ wɔ ne wiase foforo a ɛne “ɔsoro foforo ne asase foforo” mu no.—2 Petro 3:13.

Mmofra pii a kan no na wɔwɔ asiane mu no abɛte ase sɛ nnubɔnenom ne ɔbrasɛe nyɛ hwee sɛ ɔkwan tenten a akyinkyim a ɛkɔ owu mu a ahodɔmdi ne ɔkwantiaa a wɔfa so yɛ saa. Wɔabehu sɛ wiase a ɔko, nitan, nneyɛe bɔne, ne akwan a ɔdɔ nnim ayɛ no ma yi, betwam nnansa yi ara. Wɔasua sɛ onipa biara ntumi nyɛ saa wiase nhyehyɛe yi yiye. Wɔagye adi sɛ Onyankopɔn Ahenni ne nokware anidaso koro pɛ, efisɛ ɛde wiase foforo bi bɛba a ɛnyɛ sɛ mmofra nko na wɔrenwu wom, na mmom adesamma asoɔmmerɛfo nyinaa nso—dabi, obiara rempɛ sɛ obewu.—Adiyisɛm 21:1-4.

[Kratafa 8 adaka]

Mmoa a Ɛfata Ho Hia

The American Medical Association Encyclopedia of Medicine ka sɛ “nkurɔfo a wodi wɔn ho dɔm no mu bɛboro ɔha biara mu 90 na efi adwenemyare.” Ɛka nyarewa a ɛtete saa ho asɛm te sɛ adwenemhaw a emu yɛ den (bɛyɛ ɔha biara mu 15), asetra a ɛfono obi (bɛyɛ ɔha biara mu 10), asadweam (bɛyɛ ɔha biara mu 7), tew a obi tew ne ho fi nnipa ho ho haw (bɛyɛ ɔha biara mu 5) ne nkate fam haw bi (nea ennu ɔha biara mu 5). Etu fo sɛ: “Ɛsɛ sɛ wobu mmɔden biara a obi bɔ sɛ obedi ne ho dɔm no aniberesɛm. Nnipa a wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn ho dɔm no mu ɔha biara mu 20 kosi 30 na wɔsan yɛ saa wɔ afe mu.” Oduruyɛfo Jan Fawcett kyerɛw sɛ: “Ahodɔmdi a esi [United States] no bɛboro ɔha biara mu 50 na wɔyɛ nkurɔfo a wonkohuu adwenemhaw ho nnuruyɛfo biara.” Na nhoma foforo ka sɛ: “Ayaresa ho ade titiriw a ɛsen biara ne sɛ onipa no behu adwenemhaw ho duruyɛfo ntɛm sɛnea obetumi na ɔboa ma wodi nneɛma a ɛde adwenemhaw ba no ho dwuma.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena