Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 3/8 kr. 19-21
  • Ɔpɛ a Yɛwɔ sɛ Yɛbɛtra Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔpɛ a Yɛwɔ sɛ Yɛbɛtra Ase
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘So Anka Metumi Asiw Ano?’
  • Awiei a Ɛyɛ Anigye
  • Ahodɔmdi—Ade a Ɛrekɔ So a Wɔnte Ho Asɛm
    Nyan!—2000
  • Nea Enti a Asetra Fono Ebinom
    Nyan!—2001
  • Ahodɔmdi—Ade a Ɛrehaw Mmofra
    Nyan!—1998
  • Ɔhaw Bi a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 3/8 kr. 19-21

Ɔpɛ a Yɛwɔ sɛ Yɛbɛtra Ase

MARY yaree adwenemhaw ne nyarewa foforo nso. Nanso, n’abusuafo ampo no, na saa ara nso na wamfa ne ho anhyɛ asabow anaa nnubɔnenom mu. Mary tebea no ma yehu pefee sɛ ɛnyɛ tebea a ɛyɛ yaw nyinaa mu na ɛsɛ sɛ obi di ne ho dɔm.

Bere bi de na ayɛ sɛnea Mary nso bɛba abɛka mpanyimfo a wodi wɔn ho dɔm esiane tebea horow a emu yɛ den nti no ho. Ɔtɔɔ mum nna kakra, a na ontumi nyɛ hwee, na wɔde no kɔtoo mpɔtam hɔ ayaresabea baabi a wɔhwɛ wɔn a wɔn yare mu yɛ den, na na ne home nso nye koraa. Na ne kunu, John, a n’adwene atu afra no ntumi mmɛn no koraa. Nnuruyɛfo no ka kyerɛɛ John ne abusua no sɛ ebetumi aba sɛ Mary bewu na sɛ wanwu mpo a obedi dɛm wɔ n’amemene mu.

Na Sally a ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako a ɔne Mary bɔ fipam no kɔsra no da biara. Sally ka sɛ: “Mehyɛɛ abusua no nkuran sɛ wɔmmpa abaw. Mfe kakra a atwam no, me maame a na ɔwɔ asikreyare no tɔɔ mum adapɛn dodow bi. Nnuruyɛfo no ka kyerɛɛ yɛn abusua no sɛ obewu, nanso wanwu. Na miso Mary nsa kasa kyerɛ no sɛnea meyɛɛ me maame no, nanso sɛnea mihui no na ontumi nkeka ne ho.” Edii nnansa no, Mary tumi kekaa ne ho, na ɛmfa ho sɛ na ontumi nkasa no, na otumi hu nkurɔfo kae wɔn.

‘So Anka Metumi Asiw Ano?’

Sally ka sɛ: “Na John bu ne ho fɔ ankasa. Na onim sɛ nea aba no nyinaa fi no.” Eyi na ɛma yɛn adɔfo di wɔn ho dɔm anaasɛ wonya adwene sɛ wɔbɛyɛ saa no. “Memaa no behuu sɛ adwennwene na ama Mary yare. Na ɔyare, na na ɛnyɛ nea obetumi aka sɛ ɔrennwene ne yare no ho, sɛnea John ankasa ntumi nsiw yare a ɔbɛyare ano no.”

Wɔn a wɔn adɔfo di wɔn ho dɔm no taa bisa sɛ, Dɛn na anka metumi ayɛ de asiw ano? Sɛ yɛma yɛn ani da hɔ wɔ nsɛnkyerɛnne ne nneɛma horow a ɛda adi sɛ obi pɛ sɛ odi ne ho dɔm no ho a, yebetumi asiw ano. Na sɛ amma no saa mpo a, kae sɛ obi ankasa ho dɔm a odi no ho asodi nna wo so. (Galatifo 6:5) Ɛsɛ sɛ yɛkae eyi titiriw bere a nea wadi ne ho dɔm no busuani bi boapa hwehwɛ sɛ obebu afoforo fɔ wɔ ho no. Oduruyɛfo Hendin a yɛfaa n’asɛm kae mfiase no ka sɛ: “Nea ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem ne sɛ, mpɛn pii no nnipa a wɔpɛ sɛ wɔde afoforo nkate di agoru ɛmfa ho mpo sɛ wonni hɔ a wobehu sɛ nea wɔyɛe no ye anaasɛ enye no na wɔtaa bɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn ho dɔm.”

Oduruyɛfo Hendin toa so ka sɛ: “Wɔ wɔn a wɔn mfe kɔ anim a wodi wɔn ho dɔm fam no, ɛyɛ a na wɔtaa wɔ mma ne nuanom a wɔanyinyin anaa aware mu ahokafo a ɔno ɔyarefo no pɛ sɛ ɔyɛ biribi de nya wɔn so nkɛntɛnso, di wɔn so, anaa ɔhyɛ wɔn ma wɔyɛ biribi de bɔ ne ho ban yiye. Mpɛn pii no ɛyɛ a na ɛyɛ den sɛ wobetumi adi nea obi a ɔpɛ sɛ odi ne ho dɔm hia no ho dwuma, ɔnte biribiara a wɔbɛka afa n’ahiade ho no ase, na nea ɛyɛ a ɔka di akyi ne sɛ obedi ne ho dɔm.”

Ebia abusuafo a wɔaba tebea a ɛte saa mu no bɛte nka sɛ wɔaba nhyɛso kɛse bi ase a wontumi nyɛ ho hwee. Nanso, mma wo werɛ mmfi sɛ Yehowa Nyankopɔn benyan awufo, na ebetumi aba sɛ obenyan yɛn adɔfo a esiane adwennwene, adwenemyare, anaa abasamtu nti wodii wɔn ho dɔm no nso.—Hwɛ “Bible no Adwene: Wɔn a Wodi Wɔn Ho Dɔm—So Wobenyan Wɔn?” wɔ Nyan! September 8, 1990, nkratafa 22-3.

Bere a ɛnyɛ papa sɛ obi bedi ne ho dɔm no, ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yɛbɛma atra yɛn adwenem sɛ yɛn adɔfo a wɔawuwu no daakye anidaso wɔ Onyankopɔn a onim yiye sɛ mmerɛwyɛ ne sintɔ ahorow betumi ama obi de ne ho ahyɛ anibere adeyɛ a ɛte saa mu no nsam. Bible no ka Yehowa ho asɛm sɛ: “Sɛ ɔsoro ware sen asase no, sɛ n’adɔe sõ, wɔn a wosuro no so ne no. Sɛ apuei ne atɔe ntam ware no, sɛ wama yɛn ne yɛn mmarato ntam aware ne no. Sɛ agya yam hyehye no mma ho no, sɛ [Yehowa, NW] yam yɛ no wɔn a wosuro no ho ne no. Na onim yɛn su, ɔkae sɛ yɛyɛ mfutuma.”—Dwom 103:11-14.

Awiei a Ɛyɛ Anigye

Mary gyinaa owu ne nkwa nkwanta nnanu, nanso wanwu. Awiei koraa no, n’adwenem daa hɔ, na John de no kɔɔ fie na ɔhwɛ de nnuru nyinaa siee baabi a eye de safe too mu. Seesei Mary de ne ho kɔkyerɛ adwene ne asetram nsɛm ho adwumayɛfo daa na ɔka sɛ ontumi nhu nea ɛkaa no ma ɛkaa dɛ na ɔhweree ne nkwa no.

Seesei Sally, a ɔne John ne Mary bɔ fipam no ne wɔn sua Bible dapɛn biara. Wɔabehu afi Bible mu sɛ ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn bedi ɔhaw horow a ɛte sɛ nea wontumi nyɛ ho hwee, titiriw nea wɔn a wɔn mfe akɔ anim hyia no ho dwuma. Sally kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nokwarem no, Bible adesua ankasa ntumi nyi ɔhaw nyinaa mfi hɔ. Ɛsɛ sɛ wugyina Kyerɛwnsɛm no so gye tom sɛ bɔhyɛ ahorow no yɛ paa, na afei wode nea woasua no di dwuma. Nanso misusuw sɛ John ne Mary renya daakye ho anidaso a edi mũ.”

Sɛ wo daakye hinhim na wopɛ sɛ wunya anidaso a edi mũ a, dɛn nti na wonhwehwɛ Yehowa Adansefo akyi kwan? Ma wɔmmoa wo sɛnea wɔboaa John ne Mary no, na hu sɛ ɔhaw biara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi nyi mfi hɔ wɔ daakye a abɛn no mu. Ɛmfa ho sɛnea nneɛma asɛe mprempren no, ano aduru wɔ hɔ. Yɛsrɛ sɛ wo ne yɛn nsusuw daakye ho nokware anidaso a akanyan ɔpɛ a nnipa pii wɔ sɛ wɔtra ase no ho.

[Adaka wɔ kratafa 20]

Nneɛma a Asiane Wom ne Nsɛnkyerɛnne a Ɛma Wuhu sɛ Obi Pɛ sɛ Odi Ne Ho Dɔm

The Journal of the American Medical Association ka sɛ: “Nneɛma a asiane wom a ɛma wɔn a wɔn mfe akɔ anim di wɔn ho dɔm no yɛ soronko wɔ mmerante ne mmabaa de ho.” Nneɛma a asiane wom yi bi ne “mmosa a wɔnom tra so a abu so ne adwenemhaw, ɔkwan a ɛyɛ hu paa a nnipa dodow no ara fa so di wɔn ho dɔm, ne ankonamyɛ. Nea ɛka ho no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim . . . wɔ nipaduam nyarewa pii ne nkate fam haw ahorow nso.” Suicide nhoma a Stephen Flanders kyerɛwee no bobɔ nneɛma a asiane wom a edidi so yi din, na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ emu biara yiye.

Adwenemhaw:

“Nhwehwɛmufo bɔ amanneɛ sɛ nnipa a wodi wɔn ho dɔm no mu fã anaa nea ɛboro saa na adanse kyerɛ sɛ na wɔwɔ adwenemhaw.”

Abasamtu:

Wɔ nhwehwɛmu bi mu mpo no, nnipa a wonni adwenemhaw mpo tumi di wɔn ho dɔm sɛ wonni daakye ho anidaso.

Sadweam ne nnubɔne a wɔde di dwuma:

“Wobu akontaa sɛ [asadweam] ɔha biara mu 7 kosi 21 na wodi wɔn ho dɔm, sɛ yɛde toto nnipa dodow a wodi wɔn ho dɔm a wonnu ɔha biara mu 1 ho a.”

Abusua mu nkɛntɛnso:

“Nhwehwɛmu da no adi sɛ asiane a ɛwɔ hɔ sɛ abusua a emuni bi adi ne ho dɔm no mufo betumi adi wɔn ho dɔm no yɛ kɛse.”

Ɔyare:

“Nipaduam mmerɛwyɛ a ebetumi ama wɔde obi akɔ mpanyin atrae ho suro nso betumi ama wɔn a wɔn mfe kɔ anim no adi wɔn ho dɔm.”

Adehwere:

“Nea obi hwere no betumi ayɛ biribi a ɛho hia, te sɛ obi hokafo anaa adamfo, adwuma, anaa nipaduam ahoɔden. Ebetumi nso ayɛ biribi a ɛho nhia. Eyinom bi ne anuonyam, dibea, anaa ahobammɔ a obi te nka sɛ onni.”

Nea ɛka nneɛma a asiane wom yi ho no, Flanders nhoma no ka sɛnkyerɛnne a edi hɔ yi ho asɛm sɛ ɛnsɛ sɛ yebu no adewa.

Mmɔden a obi abɔ pɛn sɛ obedi ne ho dɔm:

“Eyi yɛ adanse titiriw biako a ɛkyerɛ sɛ obi betumi adi ne ho dɔm.”

Ahodɔmdi ho nsɛm a wɔka:

“Nsɛm te sɛ ‘Mefiri hɔ ama m’abusuafo ho atɔ wɔn’ anaa ‘Sɛ minni hɔ a wɔn ho bɛtɔ wɔn’ a obi bɛka no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ onya ne ho dɔm a obedi.”

Nhyehyɛe a etwa to a obi yɛ:

“Nea ɛka adeyɛ a ɛte saa ho ne nsamansew a obi yɛ, agyapade a ɛsom bo a ofi ase de kyekyɛ, ne nyɛmmoa a ofi ase ne wɔn di agoru.”

Nipasu anaa abrabɔ a ɛsesa:

Sɛ wɔka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ “wɔnsom bo anaa wonni anidaso” a, ebetumi ayɛ “sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ onii no anya adwenemhaw a emu yɛ den a ebetumi akowie ahodɔmdi mu.”

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Mpɛn pii no wɔn a wɔn ahokafo adi wɔn ho dɔm no hia mmoa na ama wɔatumi agyina ano

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena